Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Asomafo 8:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 Na ɔbarima bi a ɔde Simon wɔ kuro no mu a akane no na ɔyi nkonyaa, na ɔyɛ ne ho sɛ obi a ɔyɛ kɛseɛ maa Samariafoɔ no ho dwirii wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 Na ɔbarima bi a ɔde Simon wɔ kuro no mu a akane no na ɔyi nkonyaa, na ɔyɛ ne ho sɛ obi a ɔyɛ kɛseɛ maa Samariafoɔ no ho dwirii wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Na ɔbarima bi te saa kurow yi mu a wɔfrɛ no Simon a ɔyɛ nkonyaayifo a esiane ne nkonyaayi no nti Samariafo pii gye no di. Na ɔyɛ obi a ɔhoahoa ne ho sɛ odi mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Na ɔbarima bi te saa kuro yi mu a wɔfrɛ no Simon a ɔyɛ nkonyaayifoɔ a ɛsiane ne nkonyaayie no enti, na Samariafoɔ pii gye no di. Na ɔyɛ obi a ɔhoahoa ne ho sɛ ɔdi mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 Na ɔbarima bi a ɔde Simon wɔ kurow no mu a kan no oyi nkonyaa, na ɔyɛ ne ho sɛ obi a ɔyɛ kɛse ma Samaria man no ho dwiriw wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Asomafo 8:9
20 Iomraidhean Croise  

Na Farao nso frɛfrɛɛ anyansafoɔ ne ntafowayifoɔ bae. Na Misraim akɔmfoɔ no nso de wɔn asumansɛm yɛɛ saa ara.


Na Misraim akɔmfoɔ de wɔn asumansɛm yɛɛ saa ara. Na Farao akoma pirimii ara, na wantie wɔn, sɛdeɛ AWURADE kaeɛ no.


Na mpɔmpɔ no nti akɔmfoɔ no antumi annyina Mose anim, ɛfiri sɛ na mpɔmpɔ no asisi akɔmfoɔ ne Misraimfoɔ nyinaa.


Na obiara a ɔdane ne ho kɔ adebisafoɔ anaa adunsinfoɔ nkyɛn kɔdi wɔn akyi adwamammɔ kwan soɔ no, mɛma m’ani asa saa onipa no, na mɛtwa no afiri ne man mu atwene.


Deɛ ɔbɔ ɔno ara ne tirim kasa no, hwehwɛ ɔno ara animuonyam; na deɛ ɔhwehwɛ deɛ ɔsomaa no no animuonyam no, ɔno na ɔyɛ ɔnokwafoɔ a, deɛ ɛntene nni ne mu.


Na wɔtwaa mu supɔ no so kɔduruu Pafo no, wɔhunuu osumanni odiyifoɔ torofoɔ bi a ɔyɛ Yudani a ne din de Bar-Yesu.


Na osumanni Elima no (nso sɛdeɛ ne din nkyerɛaseɛ teɛ ara ne no) sii wɔn kwan, na ɔhwehwɛɛ sɛ ɔdane amrado no firi gyidie no ho.


Na ɛnkyɛree na Teuda a ɔyɛɛ ne ho sɛ obi sɔreeɛ, na mmarima a wɔn ano bɛyɛ sɛ ahanan de wɔn ho bɔɔ ne ho; ɔno na wɔkumm no, na wɔn a wɔtiee no nyinaa hwetee, na wɔyɛɛ ɔkwa.


Wɔtiee no, ɛfiri sɛ na ɔde nkonyaayie no ama wɔn ho adwiri wɔn akyɛ.


Deɛ ɔsɔre na ɔma ne ho so tia deɛ wɔfrɛ no Onyankopɔn anaa wɔsom nyinaa, ma ɔno ara kɔtena Nyankopɔn asɔredan mu de ne ho kyerɛ sɛ ɔno ne Onyankopɔn.


Ɛfiri sɛ nnipa bɛyɛ ahopɛfoɔ, sikapɛfoɔ, ahohoahoafoɔ, ahantanfoɔ, abususɛnkafoɔ, awofoɔ asɛm ho asoɔdenfoɔ, bonniayɛfoɔ, wɔn a biribiara ho nte mma wɔn,


wɔkekare wɔn anim kyerɛ onyamesom pa, nanso wɔpa emu ahoɔden. Saa nnipa yi, dane wo ho firi wɔn ho!


Na wɔkeka akonkosɛm a hwee nni mu, nam honam akɔnnɔ mu de ahohwisɛm daadaa wɔn a wɔdwane firii wɔn a wɔbɔ nnaadaa bra no mu ɛnkyɛreeɛ.


Na kuro no akyiri na akraman ne adutofoɔ ne nnwamammɔfoɔ ne awudifoɔ ne abosonsomfoɔ ne wɔn a wɔpɛ atorɔ na wɔdie nyinaa wɔ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan