Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Asomafo 8:22 - New Revised Asante Twi Bible

22 Enti sakyera w’adwene firi wo bɔne yi ho, na srɛ Onyankopɔn sɛ ebia wɔde w’akoma mu adwene no bɛkyɛ wo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

22 Enti sakyera w’adwene firi wo bɔne yi ho, na srɛ Onyankopɔn sɛ ebia wɔde w’akoma mu adwene no bɛkyɛ wo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

22 Sakra wʼadwene fi wo bɔne yi ho na bɔ mpae srɛ Onyankopɔn sɛ ɔmfa wo bɔne nkyɛ wo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

22 Nu wo ho firi wo bɔne yi ho na bɔ mpaeɛ srɛ Onyankopɔn sɛ ɔmfa wo bɔne nkyɛ wo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

22 Enti sakra w’adwene fi wo bɔne yi ho, na srɛ Onyankopɔn sɛ ebia wɔde wo komam adwene no bɛkyɛ wo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Asomafo 8:22
23 Iomraidhean Croise  

Agyimisɛm tirimbɔ yɛ bɔne, na nnipa akyiwadeɛ ne ɔfɛdifoɔ.


Enti, ɔhene, ma m’afotuo nyɛ wo fɛ, na fa tenenee ka wo bɔne gu, na fa ahiafoɔ ayɛyɛ sesa w’amumuyɛ, sɛ ebia ɛbɛma wo yiedie akyɛ.


Montane bɔne na monnɔ papa, na momma atɛmpa ntim kuro apono mu; ebia AWURADE, asafo Nyankopɔn bɛhunu Yosef nkaeɛ no mmɔbɔ.


Monhwehwɛ AWURADE akyiri kwan na monnya nkwa, na wampue sɛ ogya Yosef fie, na wanhye a obi a ɔbɛdum nni hɔ mma Betel;


Ɛnna ɛhyɛn mu panin no kɔɔ Yona nkyɛn, na ɔbisaa no sɛ: Worepɛ akyerɛ sɛn nti a wada hatee saa yi? Sɔre su frɛ wo nyame, sɛ ebia ɔbɛdwene yɛn ho na yɛantotɔ wɔ ha.


Obi nnim sɛ ebia Onyankopɔn bɛsesa n’adwene wɔ adeɛ wɔrebɛyɛ no ho, na wadane afiri n’abufuhyeɛ no ho, na wansɛe yɛn.


Ne saa nti Onyankopɔn abu n’ani agu mmerɛ ahodoɔ a wɔnnim no so, na afei deɛ, ɔhyɛ nnipa a ɛwɔ mmaa nyinaa sɛ wɔnsakyera wɔn adwene,


Na Petro see wɔn sɛ: Monsakyera mo adwene, na mo nyinaa mma wɔmmɔ mo asu Yesu Kristo din mu, mma mo bɔne fakyɛ, na mobɛnya Honhom Kronkron akyɛdeɛ no.


Enti monsakyera mo adwene, na monnane mo ho, na wɔapepa mo bɔne,


Na Petro ka kyerɛɛ no sɛ: Wo ne wo sika nyinaa nyera, ɛfiri sɛ woasusu sɛ wɔde sika na ɛnya Nyankopɔn akyɛdeɛ.


Na Awurade ka kyerɛɛ no sɛ: Sɔre kɔ borɔno a wɔfrɛ no Turodoo no so, na kɔbisa obi a wɔfrɛ no Saulo a ɔfiri Tarso no akyiri kwan wɔ Yuda fie; na hwɛ, ɔrebɔ mpaeɛ,


Anaasɛ wote n’ayamyɛ ne ne boasetɔ ne n’abodwokyɛre mapa no ho atua a, wonim sɛ Nyankopɔn ayamyɛ de wo rekɔ adwensakyera mu?


Na Nyankopɔn asɛm wɔ nkwa, na ahoɔden wɔ mu, na ano yɛ nnam sene nkrantɛ anofanu biara, na ɛhwire mu kɔduru sɛ ɛpaepae ɔkra ne honhom, akwaa ne ekyim mu, na ɛyɛ akoma nsusuiɛ ne adwene temmufoɔ.


Na mama no berɛ sɛ ɔmfa nsakyera n’adwene mfiri n’adwamammɔ mu, na wansakyera.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan