Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Asomafo 8:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Nso nnipa nyamesurofoɔ bi siee Stefano, na wɔsuu no pii.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Nso nnipa nyamesurofoɔ bi siee Stefano, na wɔsuu no pii.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Onyamesurofo bi kɔfaa Stefano kosiee no. Wosuu no yiye.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Nyamesurofoɔ bi kɔfaa Stefano kɔsiee no. Wɔsuu no yie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Nso nnipa nyamesurofo bi siee Stefano, na wosuu no pii.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Asomafo 8:2
19 Iomraidhean Croise  

Na Sara wuu wɔ Kiriat-arba, (ɛne Hebron) a ɛwɔ Kanaan asase soɔ no. Na Abraham ba bɛsuu Sara abia; ɔsuu no.


Na nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefoɔ ne no kɔe; na ɛyɛ dɔm kɛseɛ.


Na Dawid ka kyerɛɛ Yoab ne nnipa a wɔka ne ho no nyinaa sɛ: Monsunsuane mo ntadeɛ mu na momfira ayitoma na montwa adwo ma Abner. Na Ɔhene Dawid dii funnaka no akyi.


Na Hesekia tii n’agyanom wɔ asamando, na wɔsiee no Dawid mma asieeɛ deɛ ɛkorɔn, na Yuda ne Yerusalemfoɔ nyinaa dii no ni wɔ ne wuo mu. Na ne ba Manase bɛdii n’adeɛ.


Na Yeremia twaa Yosia ho kwadwom, na nnwontofoɔ mmarima ne mmaa nyinaa bɔɔ Yosia din wɔn Kwadwom mu de bɛsi nnɛ, na wɔde yɛɛ ahyɛdeɛ Israel mu, na hwɛ, wɔatwerɛ no Kwadwom no mu.


Monnsu owufoɔ na monnnyam no. Esu mmom na monsu deɛ ɔrekorɔ no, na ɔrensane mma bio mmɛhunu n’awoɔ asase.


Ɛno nti sɛ AWURADE ka no Yudahene Yehoiakim a ɔyɛ Yosia ba no ho nie: Wɔrennyam no nka sɛ: Due, me nuabarima, anaa: Due, onuabaa! Wɔrennyam no nka sɛ: Due, owura! anaa: Due, n’animuonyam!


Na asafo no nyinaa hunuu sɛ Aaron awuo no, Israel fie nyinaa suu no adaduasa.


Na n’asuafoɔ no teeɛ no, wɔba bɛfaa n’amu no, na wɔde kɔtoo ɔboda bi mu.


Na hwɛ, ɔbarima bi wɔ Yerusalem a wɔfrɛ no Simeon; saa onipa yi tene, ɔsuro Nyame, na ɔretwɛn Israel awerɛkyekyerɛ no, na Honhom Kronkron wɔ ne so.


Ɔyɛ onyamesuroni a ɔne ne fiefoɔ nyinaa suro Onyankopɔn, na ɔyɛ mmɔborɔhunu adeɛ bebree ma nkurɔfoɔ no, na ɔbɔ Onyankopɔn mpaeɛ daa.


Na Yudafoɔ bi a wɔyɛ nnipa nyamesurofoɔ a wɔfiri wiase aman nyinaa mu te Yerusalem.


Na Saulo nso, penee ne kum no so. Na da no ara ɔtaa kɛseɛ baa asafo a ɛwɔ Yerusalem no so, na wɔn nyinaa hwete kɔɔ Yudea ne Samaria nsase so, gye asomafoɔ no nko.


Na Saulo deɛ, ɔhaa asafo no, hyɛnehyɛnee afie mu, kɔtwee mmarima ne mmaa, na ɔde wɔn kɔguu afiase.


Na Israelfoɔ suu Mose, Moab mpaperɛ mu adaduasa, na wɔdii Mose su ne ne gyam nna no wiee.


Saa berɛ yi na Samuel awu ama Israel nyinaa asu no asie no Rama, ɔno ara ne kuro mu. Na Saulo atu asamanfrɛfoɔ ne asumanfoɔ nyinaa afiri asase no so.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan