Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Asomafo 8:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 Ɔno na wɔn nyinaa, ɛfiri nketewa soɔ kɔsi akɛseɛ soɔ tie no ka sɛ: Oyi ne Nyankopɔn tumi a wɔfrɛ no Kɛseɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

10 Ɔno na wɔn nyinaa, ɛfiri nketewa soɔ kɔsi akɛseɛ soɔ tie no ka sɛ: Oyi ne Nyankopɔn tumi a wɔfrɛ no Kɛseɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Eyi maa nnipa a wɔwɔ kurow no mu no nyinaa gyee no too mu kae se, “Saa onipa yi ne Onyankopɔn tumi a wɔfrɛ no Ɔkɛse no.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Yei maa nnipa a wɔwɔ kuro no mu no nyinaa gyee no too mu kaa sɛ, “Saa onipa yi ne Onyankopɔn tumi a wɔfrɛ no Ɔkɛseɛ no.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

10 Ɔno na wɔn nyinaa, efi nketewa so kosi akɛse so, tie no ka sɛ: Oyi ne Onyankopɔn tumi a wɔfrɛ no Kɛse no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Asomafo 8:10
12 Iomraidhean Croise  

Na obiara renkyere ne yɔnko na obiara nso renkyerɛ ne nua bio sɛ: Hunu AWURADE, na wɔn nyinaa bɛhu me afiri wɔn mu akumaa so akɔsi wɔn mu ɔkɛseɛ so, AWURADE asɛm nie; na mede wɔn amumuyɛ bɛkyɛ, na wɔn bɔne nso, merenkae bio.


Na dɔm asafohene no nyinaa ne Karea ba Yohanan ne Hosaia ba Yesania ne ɔmanfoɔ no nyinaa, ɛfiri akumaa so kɔsi ɔkɛseɛ soɔ, twe pinii


Na ɛfiri wɔn mu akumaa so kɔsi wɔn mu ɔkɛseɛ soɔ, wɔn nyinaa yɛ adifudepɛfoɔ, na ɛfiri odiyifoɔ so kɔsi ɔsɔfoɔ soɔ, wɔn nyinaa yɛ nkontompofoɔ.


Ɛno nti mede wɔn yerenom bɛma afoforɔ, na mama ahɔhoɔ afa wɔn mfuo atena so, ɛfiri sɛ ɛfiri akumaa so kɔsi ɔkɛseɛ soɔ wɔn nyinaa yɛ adifudepɛfoɔ, ɛfiri odiyifoɔ so kɔsi ɔsɔfoɔ soɔ, wɔn nyinaa yɛ nkontompofoɔ.


Ɛnna Ninewefoɔ no gyee Onyankopɔn diiɛ, na wɔpaee mmuadadie, na wɔfirafiraa ayitoma firi wɔn mu nnipa akɛseɛ so kɔsii wɔn mu akumaa so.


Na nkurɔfoɔ akuakuo no hunuu deɛ Paulo ayɛ no, wɔmaa wɔn nne so kaa no Likaonia kasa mu sɛ: Anyame ayeyɛ wɔn ho sɛ nnipa asianesiane aba yɛn nkyɛn!


Na wɔn deɛ, na wɔn ani da so sɛ Paulo rebɛhonhono anaasɛ ɔrebɛhwe ase awu mpofirim; nanso wɔhwɛe hwɛeɛ na wɔhunuu sɛ biribiara anyɛ no no, wɔsesaa wɔn adwene kaa sɛ gyama ɔyɛ onyame bi.


Na wɔn a wɔafrɛ wɔn no deɛ, Yudafoɔ oo, Helafoɔ oo, saa Kristo yi yɛ Nyankopɔn tumi ne Nyankopɔn nyansa.


Na mode anigyeɛ nya tema ma nkwaseafoɔ, ɛfiri sɛ moyɛ mmadwemma.


na yɛanna so anyɛ mmotafowa a nkyerɛkyerɛ mframa biara woso wɔn biribiri twe wɔn di akɔneaba nnipa bradɛtoɔ mu, anifire a ɛnam nnaadaa nnɛɛdɛeɛ mu,


Na bebree bɛdi wɔn ahohwisɛm no akyi, na wɔn nti, wɔbɛka nokorɛ kwan no ho nsɛmmɔne.


Na mehunuu sɛ ne tire no mu baako te sɛdeɛ wɔabɔ no bɔtorɔ, na wɔasa ne pira no, na aboa no ho yɛɛ wiasefoɔ nyinaa nwanwa maa wɔdii n’akyi.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan