Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Asomafo 7:44 - New Revised Asante Twi Bible

44 Yɛn agyanom nyaa adanseɛ ntomadan no wɔ ɛserɛ so, sɛdeɛ deɛ ɔkasa kyerɛɛ Mose no hyɛɛ no sɛ ɔnyɛ no sɛdeɛ adeɛ a ɔhunuiɛ no teɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

44 Yɛn agyanom nyaa adanseɛ ntomadan no wɔ ɛserɛ so, sɛdeɛ deɛ ɔkasa kyerɛɛ Mose no hyɛɛ no sɛ ɔnyɛ no sɛdeɛ adeɛ a ɔhunuiɛ no teɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

44 “Saa bere no na ntamadan a edi adanse sɛ Onyankopɔn ka ne manfo ho no ka yɛn agyanom ho wɔ sare so hɔ. Mose sii ntamadan yi sɛnea Onyankopɔn kyerɛɛ no sɛ onsi no no ara pɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

44 “Saa ɛberɛ no na ntomadan a ɛdi adanseɛ sɛ Onyankopɔn ka ne manfoɔ ho no ka yɛn agyanom ho wɔ ɛserɛ so hɔ. Mose sii ntomadan yi sɛdeɛ Onyankopɔn kyerɛɛ no sɛ ɔnsi no no ara pɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

44 Yɛn agyanom nyaa adanse ntamadan no wɔ sare so, sɛnea nea ɔkasa kyerɛɛ Mose no hyɛɛ no sɛ ɔnyɛ sɛnea ade a ohui no te no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Asomafo 7:44
17 Iomraidhean Croise  

Na Dawid maa ne ba Salomo asɔredan no ntwonoowa ne ɛho adan ne n’adekora mpia ne abansoro mpia ne emu fam mpia ne mpata adwa dan no nsususoɔ


Ne nyinaa wɔ atwerɛeɛ a ɛfiri AWURADE nsam baa me soɔ no mu na ɔkyerɛɛ me nsususoɔ nnwuma no nyinaa.


Ɛnna ɔhene no frɛɛ Ɔpanin Yehoiada, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Adɛn nti na womma Lewifoɔ no nnye Yuda ne Yerusalem toɔ a AWURADE akoa Mose ne Israel badwa no hyɛ maa adanseɛ ntomadan no?


Na hwɛ na yɛ no sɛdeɛ ne nsususoɔ a wɔde akyerɛ wo bepɔ no soɔ no teɛ no.


Na si tenabea no sɛdeɛ ne nsususoɔ a wɔayi akyerɛ wo bepɔ no soɔ no teɛ no.


Fa ntaaboɔ yɛ, na emu nna kwan. Sɛdeɛ wɔakyerɛ wo bepɔ no soɔ no, saa ara na wɔnyɛ no.


Yei ne tenabea no, adanseɛ tenabea no ho nnoɔma anobuo, sɛdeɛ wɔnam Mose anomu asɛm so maa Ɔsɔfoɔ Aaron ba Itamar buu ano maa Lewifoɔ som no.


Na afe a ɛtɔ so mmienu no bosome a ɛtɔ so mmienu no da a ɛtɔ so aduonu no, mununkum no maa ne ho so firii adanseɛ tenabea no so.


Na wo nuanom nso, Lewi abusuakuo, w’agya abusuakuo no, fa wɔn ka wo ho bra, na wɔmmoa wɔ ɔsom mu; nanso wo ne wo mma a wɔka wo ho no na monsom, adanseɛ ntomadan no anim,


Na ɛda a wɔmaa tenabea no so sii hɔ no, mununkum no bɛkataa adanseɛ ntomadan no tenabea no so, na anwummerɛ, wɔhwɛ a, na ɛredɛre sɛ ogya wɔ tenabea no so de kɔsi anɔpa.


sɛ kronkronbea ne nokorɛ ntomadan a Awurade no ara, na ɛnyɛ onipa, pameeɛ no mu sɔfoɔ.


Wɔn na wɔsom ɔsoro nnoɔma nhwɛsoɔ ne mfonini, te sɛdeɛ asɛm a berɛ a Mose rebɛsiesie ntomadan no, ɛbaa ne nkyɛn a ɛse: Hwɛ, yɛ adeɛ nyinaa sɛdeɛ nsususoɔ a wɔkyerɛɛ wo bepɔ no soɔ no teɛ.


Na Israelfoɔ asafo no nyinaa bɛhyiaa Silo, na wɔsii ahyiaeɛ ntomadan no wɔ hɔ, na wɔbrɛɛ asase no ase wɔn anim.


Na ɔman no tu firii wɔn ntomadan mu sɛ wɔrekɔtwa Yordan, na asɔfoɔ a wɔso apam adaka no dii ɔman no anim,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan