Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Asomafo 7:42 - New Revised Asante Twi Bible

42 Na Onyankopɔn yii n’ani, na ɔde wɔn maa sɛ wɔnsom ɔsoro asafo, sɛdeɛ wɔatwerɛ adiyifoɔ nwoma no mu sɛ: Israel fiefoɔ, mode mmoa ne nnuane bɔɔ afɔdeɛ maa me mfirinhyia aduanan ɛserɛ so anaa?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

42 Na Onyankopɔn yii n’ani, na ɔde wɔn maa sɛ wɔnsom ɔsoro asafo, sɛdeɛ wɔatwerɛ adiyifoɔ nwoma no mu sɛ: Israel fiefoɔ, mode mmoa ne nnuane bɔɔ afɔdeɛ maa me mfirinhyia aduanan ɛserɛ so anaa?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

42 Onyankopɔn twee ne ho fii wɔn ho ma wɔsom ɔsoro nsoromma sɛnea wɔakyerɛw wɔ adiyifo nhoma mu se, “ ‘Israelfo, ɛnyɛ me na mode afɔrebɔde ne ayɛyɛde brɛɛ me mfe aduanan wɔ sare so ana?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

42 Onyankopɔn twee ne ho firii wɔn ho ma wɔsomm ɔsoro nsoromma sɛdeɛ wɔatwerɛ wɔ adiyifoɔ nwoma mu sɛ, “ ‘Israelfoɔ, ɛnyɛ me na mode afɔrebɔdeɛ ne ayɛyɛdeɛ brɛɛ me mfeɛ aduanan wɔ ɛserɛ so anaa?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

42 Na Onyankopɔn yii n’ani, na ɔde wɔn mae sɛ wɔnsom ɔsoro asafo, sɛnea wɔakyerɛw adiyifo nhoma no mu sɛ: Israel fifo, so mode mmoa ne nnuan bɔɔ afɔre maa me mfirihyia aduanan sare so anaa?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Asomafo 7:42
26 Iomraidhean Croise  

Na wɔgyaa AWURADE wɔn Nyankopɔn mmara nyinaa, na wɔyɛɛ ahoni a wɔaguo, nantwie mma mmienu fae, na wɔyɛɛ Asera nnua, na wɔsɔree ɔsoro asafo nyinaa, na wɔsom Baal.


Na ɔsane sisii sorɔnsorɔmmea a n’agya Hesekia sɛesɛee no na ɔsisii afɔrebukyia maa Baal, na ɔyɛɛ Asera nnua sɛdeɛ Israelhene Ahab yɛeɛ no, na ɔsɔree ɔsoro asafo nyinaa na ɔsom wɔn.


Mfeɛ aduanan na awoɔ ntoatoasoɔ no ho yɛɛ me ahi, na mekaa sɛ: Ɔman a wɔfom akoma mu ne wɔn. Na wɔn deɛ, wɔanhunu m’akwan.


Woammrɛ me wo hyeɛ afɔdeɛ nnwan, na woamfa w’afɔdeɛ anhyɛ me animuonyam; mamma woamfa aduane afɔdeɛ ansom me, na mamma woammrɛ ohwamfufuo ho;


Na wɔn deɛ, wɔtee atua na wɔhyɛɛ ne Honhom kronkron no yea, enti ɔdanee wɔn ɔtamfoɔ, na ɔno ara ne wɔn dii ako.


me nso mɛyi amaneɛ bi mama wɔn, na mede deɛ wɔsuro aba wɔn so, ɛfiri sɛ mefrɛe, na obiara annye so, mekasae, na wɔantie, na wɔyɛɛ m’ani so bɔne, na deɛ mempɛ no na wɔyiiɛ.


Na Yerusalem afie ne Yuda ahemfo afie no ho bɛgu fi sɛ Tofet hɔ, adan a wɔahyehye atifi aduhwam ama ɔsoro asafo no nyinaa, na wɔahwie ahwiesa ama anyame foforɔ no nyinaa bɛyɛ sɛ Tofet.


na wɔahata wɔn owia ne ɔsrane ne ɔsoro asafo nyinaa a wɔdɔɔ wɔn, na wɔsomm wɔn, na wɔdii akyire na wɔpɛɛ akyiri kwan na wɔsɔree wɔn no anim. Wɔremmoa ano, na wɔrenkora, ɛbɛyɛ sumina wɔ asase ani.


Na me nso memaa wɔn ahyɛdeɛ a ɛnyɛ ne atemmudeɛ a wɔnnya mu nkwa ho kwan,


Na mo, Israel fie, sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Monkɔ nkɔsom mo abosonhuhuo ɛ, seesei ne daakye, sɛ moantie me a, ɛnneɛ na mommfa mo ayɛyɛdeɛ ne mo abosonhuhuo no ngu me din kronkron no ho fi bio.


Ɛnna ɔde me baa AWURADE fie mu fam abannwa soɔ, na hwɛ, AWURADE asɔredan ano, ntwonoo ne afɔrebukyia no ntam no, mmarima aduonu nnum a wɔn akyiri kyerɛ AWURADE asɔredan na wɔn anim kyerɛ apueeɛ resɔre owia nie.


Efraim akɔdɔm abosom adum; gyaa no.


Wɔatwerɛ no adiyifoɔ no mu sɛ: Wɔn nyinaa bɛyɛ nnipa a Onyankopɔn akyerɛkyerɛ wɔn. Obiara a wate afiri Agya no nkyɛn na wasua no na ɔba me nkyɛn.


Enti monhwɛ yie, na asɛm a wɔaka no adiyifoɔ mu no amma mo so sɛ:


Ɔno ara na ɔde wɔn firii adi yɛɛ anwanwadeɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ Misraim asase so, ne Mmɛwa Po mu ne ɛserɛ so mfirinhyia aduanan.


na ɔkɔ kɔsom anyame foforɔ bi te sɛ owia anaa ɔsrane anaa ɔsoro asafo a mabara no mu biara,


Na woamma w’ani so ankyerɛ soro anhwɛ owia ne ɔsrane ne nsoromma, ɔsoro asafo nyinaa, na antwe wo ankɔsɔre wɔn ansom wɔn, nnoɔma a AWURADE wo Nyankopɔn akyekyɛ ama wiase amanaman nyinaa no.


deɛ mo agyanom gyegyee me hɔ no de sɔɔ me hwɛeɛ, na wɔhunuu me nnwuma mfirinhyia aduanan.


Sɛ mogya AWURADE hɔ na mokɔsom ananafoɔ anyame a, ɔbɛdane ayɛ mo bɔne na wama moahye, sɛ ɔyɛɛ mo yie kane no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan