Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Asomafo 7:25 - New Revised Asante Twi Bible

25 Na ɔsusuu sɛ anuanom no bɛhunu sɛ Onyankopɔn nam ne nsa so rebɛgye wɔn; nanso wɔanhunu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

25 Na ɔsusuu sɛ anuanom no bɛhunu sɛ Onyankopɔn nam ne nsa so rebɛgye wɔn; nanso wɔanhunu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

25 Mose susuw sɛ nʼankasa nkurɔfo behu sɛ Onyankopɔn nam ne so bɛma wɔade wɔn ho nanso wɔante ase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

25 Mose susuu sɛ nʼankasa nkurɔfoɔ bɛhunuu sɛ Onyankopɔn nam ne so bɛma wɔade wɔn ho, nanso wɔante aseɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

25 Na osusuwii sɛ anuanom no behu sɛ Onyankopɔn nam ne nsa so rebegye wɔn; nanso wɔanhu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Asomafo 7:25
20 Iomraidhean Croise  

Na Siriahene sahene Naaman yɛ onipa titire wɔ ne wura anim, na ɔwɔ animuonyam, ɛfiri sɛ ɔno so na AWURADE nam gyee Siria; na onipa no yɛ dɔmmarima a ɔtumi ne ho, nso na ɔyare kwata.


Yɛn agyanom anhunu w’anwanwadeɛ Misraim, wɔankae w’adɔeɛ dodoɔ no, na wɔtee atua ɛpo ho, Mmɛwa Po ho.


Na ɔhwɛɛ ha ne ha, na ɔhunuu sɛ obiara nni hɔ no, ɔbɔɔ Misraimni no kumm no, na ɔde no siee anwea mu.


Na wɔante asɛm no ase, na wɔsuroo sɛ wɔbɛbisa no.


Na wɔn deɛ, wɔante yeinom biara ase, na asɛm yi ahunta wɔn, na wɔanhunu deɛ ɔkaeɛ no.


Na wɔante asɛm yi ase, ɛfiri sɛ na wɔde ahunta wɔn na wɔanhunu. Na wɔsuroo sɛ wɔbɛbisa no asɛm yi.


Na wɔbaeɛ na wɔfrɛɛ asafo no boaa ano no, wɔkaa deɛ Onyankopɔn de wɔn akɔyɛ nyinaa ne sɛdeɛ wabue gyidie pono ama amanaman mufoɔ no.


Na wɔduruu Yerusalem no, asafo no ne asomafoɔ ne mpanimfoɔ no gyee wɔn, na wɔkaa deɛ Onyankopɔn de wɔn ayɛ nyinaa kyerɛɛ wɔn.


Na wɔgyee ho akyinnyeɛ pii no, Petro sɔre ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Anuanom, mo ara monim sɛ mfitiaseɛ no ara na Onyankopɔn yii me wɔ yɛn mu sɛ me na amanaman no mfa m’anomu asɛm so nte asɛmpa no na wɔnnye nni.


Na ɔkyeaa wɔn no, ɔkaa deɛ Onyankopɔn nam ne som so ayɛ amanaman no mu no mmaako mmaako kyerɛɛ wɔn.


Na ɔhunuu obi a wɔreyɛ no bɔne no, ɔgyee ne ti, na ɔtɔɔ deɛ wɔrehyɛ no soɔ no were kumm Misraimni no.


Na adeɛ kyeeɛ no, ɔbɛtoo wɔn sɛ wɔreko. Ɛnna ɔpataa wɔn kaa sɛ: Mmarima, moyɛ anuanom; adɛn nti na moreyɛ mo ho bɔne?


Na merensi me bo sɛ mɛbɔ biribiara din gye deɛ Kristo nam me so ayɛ ama amanaman mufoɔ setie wɔ asɛm ne adwuma mu,


nanso Nyankopɔn adom nti na mete sɛdeɛ meteɛ yi; na n’adom a ɔde dom me no anyɛ kwa, na mmom meyɛɛ adwuma bebree mesene wɔn nyinaa, nanso ɛnyɛ me a, na mmom Nyankopɔn adom a ɛka me ho no a.


Na yɛyɛ Nyankopɔn adwumayɛfoɔ, a yɛne no bom yɛ adwuma; moyɛ Nyankopɔn afuo, Nyankopɔn dan.


Na yɛn a yɛne no bom yɛ adwuma no tu mo fo nso sɛ monnnye Nyankopɔn adom no kwa.


Ɛno ho nso na meyɛ adwuma mebrɛ, na medi aperepereɛ, sɛdeɛ n’ahoɔden adwuma a ɔyɛ no me mu tumi soɔ no teɛ.


Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Yɛreba abɛkyekyere wo na yɛde wo akɔhyɛ Filistifoɔ no nsa. Na Samson ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monka ntam nkyerɛ me sɛ mo ara deɛ, morenyɛ me hwee.


Na ɛdɔm no ka kyerɛɛ Saulo sɛ: Yonatan a wayɛ Israel mu ɔgyeɛ adwuma kɛseɛ yi nwu anaa? Ɛmpare no! Sɛ AWURADE te aseɛ yi, ne tirinwi baako mpo rentɔ fam, ɛfiri sɛ ɔne Onyankopɔn na ayɛ adeɛ nnɛ da yi. Na ɔman no gyee Yonatan na wanwu.


Na ɔde ne kra too ne nsam kɔkumm Filistini no, na AWURADE dii nkonim kɛse maa Israel nyinaa. Wohunui na w’ani gyeeɛ; na adɛn nti na worebɛyɛ mogya a ɛdi bem ho bɔne na woakum Dawid kwa?


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan