Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Asomafo 6:6 - New Revised Asante Twi Bible

6 Yeinom na wɔde wɔn gyinaa asomafoɔ no anim, na wɔsɔree de wɔn nsa guu wɔn so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

6 Yeinom na wɔde wɔn gyinaa asomafoɔ no anim, na wɔsɔree de wɔn nsa guu wɔn so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Wɔde saa nnipa yi kyerɛɛ asuafo no ma wɔbɔɔ mpae de wɔn nsa guu wɔn so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Wɔde saa nnipa yi kyerɛɛ asuafoɔ no maa wɔbɔɔ mpaeɛ de wɔn nsa guu wɔn so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

6 Eyinom na wɔde wɔn gyinaa asomafo no anim, na wɔsɔree de wɔn nsa guu wɔn so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Asomafo 6:6
14 Iomraidhean Croise  

Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Fa Nun ba Yosua, ɔbarima a honhom wɔ ne mu no, na fa wo nsa gu ne so.


na fa Lewifoɔ no bra AWURADE anim, na Israelfoɔ no mfa wɔn nsa ngu Lewifoɔ no so;


na ɔsrɛɛ no pii sɛ: Me babaa rewu, na bra na fa wo nsa bɛgu ne so, na ne ho nyɛ no den, na ɔnnya nkwa.


Na wɔbɔɔ mpaeɛ sɛ: Wo, Awurade a wonim nnipa nyinaa akoma mu, kyerɛ baanu yi mu baako a woayi no


Ɛnna wɔdii mmuada na wɔbɔɔ mpaeɛ na wɔde wɔn nsa guu wɔn soɔ no, wɔgyaa wɔn kwan.


Na Paulo de ne nsa guu wɔn soɔ no, Honhom Kronkron baa wɔn so, na wɔkaa kasa ahodoɔ pii, na wɔhyɛɛ nkɔm.


Ɛnna wɔde wɔn nsa guu wɔn soɔ, na wɔnyaa Honhom Kronkron.


na wahunu ɔbarima bi a ɔde Anania anisoadehunu mu sɛ ɔreba ne nkyɛn, na ɔde ne nsa ato ne so sɛ ɔnhunu adeɛ.


Na Anania kɔ kɔhyɛnee ɔdan no mu, na ɔde ne nsa kɔguu ne so kaa sɛ: Onua Saulo, Awurade Yesu a ɔyii ne ho kyerɛɛ wo kwan a wonam so reba ha no, wasoma me sɛ hunu adeɛ, na Honhom Kronkron nhyɛ wo ma.


Na nyansa honhom yɛɛ Nun ba Yosua ma, ɛfiri sɛ Mose de ne nsa guu ne so; na Israelfoɔ tiee no, na wɔyɛɛ sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no.


Mma wo mu adom akyɛdeɛ a wɔnam nkɔmhyɛ ne mpanimfoɔ nsa a wɔde guu wo soɔ no so de maa woɔ no nnna hɔ kwa.


Mfa wo nsa ngu obi so ntɛm, nanso mfa wo ho mfra ebinom bɔne mu. Sie wo ho kronn.


Ɛno nti merekae wo sɛ: Nyane Nyankopɔn adom akyɛdeɛ a ɛnam me nsa a mede meguu wo soɔ no a ɛwɔ wo mu no so ka sɔ ano bio;


ne asubɔ ahodoɔ ho nkyerɛkyerɛ ne nsagusoɔ ne awufoɔ sɔreɛ ne daa atemmuo anto fapem bio.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan