Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Asomafo 6:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Enti, anuanom, mompɛ mo mu mmarima baason a wɔwɔ din pa a Honhom ne nyansa ahyɛ wɔn ma, na yɛmfa wɔn nsi adwuma yi so;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Enti, anuanom, mompɛ mo mu mmarima baason a wɔwɔ din pa a Honhom ne nyansa ahyɛ wɔn ma, na yɛmfa wɔn nsi adwuma yi so;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Enti anuanom, munyi mo mu nnipa baason a Honhom Kronkron ahyɛ wɔn ma na wonim nyansa na wɔahwɛ aka saa asɛm no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Enti, anuanom, monyi mo mu nnipa baason a Honhom Kronkron ahyɛ wɔn ma na wɔnim nyansa na wɔahwɛ aka saa asɛm no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Enti, anuanom, mompɛ mo mu mmarima baasɔn a wɔwɔ din pa a Honhom ne nyansa ayɛ wɔn ma, na yɛmfa wɔn nsi adwuma yi so;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Asomafo 6:3
34 Iomraidhean Croise  

Na wo nso yiyi ɔman no nyinaa mu mmarima a wɔfata, wɔsuro Onyankopɔn, wɔyɛ anokwafoɔ na wɔnyɛ sikanibereɛ, na fa wɔn sisi wɔn so, apem apem so mpanin, ɔha ɔha so mpanin, aduonum aduonum so mpanin ne du du so mpanin.


Ɛfiri sɛ wɔakyerɛ no ne yɛbea a ɛyɛ, ne Nyankopɔn na ɔkyerɛkyerɛ no.


ne atemmuo honhom ama deɛ watena aseɛ rebu atɛn no, ne mmaninyɛ ahoɔden ama wɔn a wɔka dɔm ma wɔsane korɔ wɔ wɔn kuro pono ano no.


Na mo deɛ, wɔmmfrɛ mo Rabi; na ɔbaako ne mo kyerɛkyerɛfoɔ, na mo nyinaa yɛ anuanom.


Ɛnna asɛm yi trɛɛ anuanom no mu sɛ saa osuani no renwu; nanso Yesu anka ankyerɛ no sɛ ɔrenwu, na ɔse: Mepɛ sɛ ɔtena hɔ kɔsi sɛ mɛba a, ɛfa wo ho bɛn?


Na nna yi mu Petro sɔre gyinaa anuanom no mfimfini (na nkurɔfokuo a wɔahyia faako no bɛyɛ nnipa ɔha aduonu) na ɔkaa sɛ:


Enti ɛtwa sɛ mmarima a wɔne yɛn nanteeɛ berɛ a Awurade Yesu dii yɛn mu ahyemfire no nyinaa


Na wɔbuaa sɛ: Asraafoɔ ɔha so panin Kornelio, onipa tenenee a ɔsuro Onyankopɔn na ɔwɔ din pa Yudafoɔ man nyinaa mu, ɔno na ɔbɔfoɔ kronkron bi yi kyerɛɛ no sɛ ɔmmɛfrɛ wo mmra ne fie, na ɔntie w’anomu nsɛm.


na wɔtwerɛɛ nwoma hyɛɛ wɔn nsa sɛ: Asomafoɔ ne anuanom mpanimfoɔ no kyea anuanom a wɔfiri amanaman mu a wɔwɔ Antiokia ne Siria ne Kilikia no.


Na anuanom a wɔwɔ Listra ne Ikonium no bɔ no din pa.


Na Honhom Kronkron yɛɛ wɔn nyinaa mama, na wɔfirii aseɛ kasaa kasa foforɔ, sɛdeɛ Honhom no maa wɔn sɛ wɔnka.


Na ɔbarima bi a wɔfrɛ no Anania a ɔyɛ nyamesuroni, sɛdeɛ mmara no teɛ, a Yudafoɔ a wɔwɔ hɔ nyinaa bɔ no din pa


Ɛhɔ na yɛhunuu anuanom bie, na wɔsrɛɛ yɛn sɛ yɛntena wɔn nkyɛn nnanson. Na yɛfiri hɔ kɔduruu Roma.


Na dummienu no frɛɛ asuafokuo no bae, na wɔkaa sɛ: Ɛmfata sɛ yɛbɛgya Nyankopɔn asɛm akɔsom apono soɔ.


Na asɛm no sɔɔ nnipakuo no nyinaa ani. Na wɔyii Stefano, ɔbarima a gyidie ne Honhom Kronkron ahyɛ no ma, ne Filipo ne Prokoro ne Nikanor ne Timon ne Parmena ne Nikolao a ɔfiri Antiokia a wadane Yudani.


Yeinom na wɔde wɔn gyinaa asomafoɔ no anim, na wɔsɔree de wɔn nsa guu wɔn so.


Na anuanom no teɛɛ no, wɔde no siane kɔɔ Kaesarea, na wɔgyaa no kwan maa no kɔɔ Tarso.


Na wɔnam Honhom no so ma obi anyansasɛnka; obi nso wɔma no nimdeɛsɛnka, sɛdeɛ Honhom korɔ no ara pɛ.


Na menya me ba a, mɛma wɔn a mode nwoma bɛkyerɛ sɛ wɔfata no de mo ayɛyɛdeɛ no akɔ Yerusalem.


Na mommmoro nsa, ɛfiri sɛ ɛno na ɛde sakasaka ba, na mmom monyɛ ma wɔ Honhom mu.


Monyiyi mmarima anyansafoɔ ne animdefoɔ a wɔdɛnso mo mmusuakuo no mu, na memfa wɔn nsisi mo so atitire.


deɛ wɔdi no ne ne nnwuma pa ho adanseɛ: Sɛ wayɛne mma, sɛ wayɛ ahɔhoyɛ, sɛ wahohoro ahotefoɔ nan ho, sɛ waboa wɔn a wɔn ho ahia wɔn, sɛ wadi adwuma pa nyinaa akyi.


Akyɛdeɛ pa nyinaa ne akyɛdeɛ a ɛyɛ pɛ nyinaa firi soro, ɛfiri hann Agya no nkyɛn na ɛba. Ɔno na nsakyeraeɛ ne adaneadane sunsum nni ne mu.


Demetrio deɛ, wɔn nyinaa di ne ho adanseɛ wɔ nokorɛ mu, na yɛn nso yɛdi ne ho adanseɛ, na monim sɛ yɛn adanseɛ yɛ nokorɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan