Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Asomafo 6:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 nanso wɔantumi annyina nyansa ne honhom a ɔde kasaeɛ no ano.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

10 nanso wɔantumi annyina nyansa ne honhom a ɔde kasaeɛ no ano.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Nanso Honhom no maa Stefano nyansa ma ɔde kasae a obiara antumi anka hwee.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Nanso, Honhom no maa Stefano nyansa maa ɔde kasaeɛ a obiara antumi anka hwee.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

10 nanso wɔantumi annyina nyansa ne honhom a ɔde kasae no ano.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Asomafo 6:10
18 Iomraidhean Croise  

Na nsɛm ahyɛ me ma, na honhom a ɛwɔ me mu no hyɛ me.


Ampa, honhom a ɛwɔ ɔdasani mu ne Otumfoɔ ahome na ɛma no nhunumu.


Na afei kɔ, na me ara mɛdi w’ano akyi na makyerɛ wo deɛ ka.


Akodeɛ biara a wɔbɔ tia woɔ renyɛ yie, na tɛkyerɛma biara a ɛbɛsɔre atia wo atemmuo mu no, wobɛbu no fɔ; ɛno ne AWURADE nkoa agyapadeɛ ne wɔn tenenee a ɛfiri me no, AWURADE asɛm nie.


Na mede wo bɛsi hɔ mama ɔman yi sɛ kɔbere mfrafraeɛ fasuo denden, na wɔne wo ko a, wɔrentumi wo, ɛfiri sɛ me na medi w’akyire na magye wo na mayi wo, AWURADE asɛm nie.


Na sɛ me ne wo rebɛkasa a, mɛbue w’ano na woaka akyerɛ wɔn sɛ: Sei na AWURADE Nyankopɔn seɛ. Ma ɔtefoɔ nte, na ogyaefoɔ nnyae; na wɔyɛ asowuiɛ fie.


Na me deɛ, AWURADE honhom mu tumi ne atemmuo ne mmaninyɛ ahyɛ me ma, sɛ menkyerɛ Yakob ne mmarato, ne Israel ne bɔne.


Na ɔde Elia honhom ne ahoɔden bɛdi n’anim akɔdane agyanom akoma aba wɔn mma so ne asoɔdenfoɔ akɔ teneneefoɔ adwene ho, na wasiesie ɔman a wɔaboaboa wɔn ho no de ama Awurade.


Na me na mɛma mo ano ne nyansa a mo atamfoɔ nyinaa rentumi ntua ano na wɔrennyina anim.


Asomfoɔ no buaa sɛ: Onipa biara nkasaa sɛ onipa yi da.


Na sɛ nso ɛfiri Onyankopɔn a, montumi nsɛe wɔn, na moammɛyɛ sɛ mo ne Onyankopɔn mpo na ɛreko.


Ɛnna wɔne nnipa bi hyehyɛ maa wɔkaa sɛ: Yɛate sɛ ɔkaa abususɛm tiaa Mose ne Onyankopɔn.


Na nnipa bi a wɔfiri hyiadan a wɔfrɛ no Fawohodiefoɔ Hyiadan ne Kirenefoɔ ne Aleksandriafoɔ ne wɔn a wɔfiri Kilikia ne Asia sɔreeɛ, na wɔne Stefano gyee akyinnyeɛ,


Mo a mo kɔn asene na moyɛ akoma ne aso mu momonoto, daa mo ne Honhom Kronkron di asie; sɛdeɛ mo agyanom yɛeɛ no, saa ara na moyɛ.


Na me kasa ne m’asɛnka amfa nnipa nyansa adɛfɛdɛfɛ kwan so, na mmom ɛnam honhom ne tumi yikyerɛ mu,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan