Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Asomafo 5:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 Na Petro ka kyerɛɛ no sɛ: Adɛn na moayɛ nokorɔ sɛ morebɛsɔ Awurade Honhom ahwɛ yi? Hwɛ, wɔn a wɔkɔsiee wo kunu no nan tiatia aboboano, na wɔbɛsoa wo nso afiri adi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 Na Petro ka kyerɛɛ no sɛ: Adɛn na moayɛ nokorɔ sɛ morebɛsɔ Awurade Honhom ahwɛ yi? Hwɛ, wɔn a wɔkɔsiee wo kunu no nan tiatia aboboano, na wɔbɛsoa wo nso afiri adi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Petro ka kyerɛɛ no se, “Adɛn nti na wo ne wo kunu penee so sɛ mobɛsɔ Onyankopɔn Honhom ahwɛ? Hwɛ! Nnipa a wokosiee wo kunu no gyina ɔpon yi akyi, na saa ara na wo nso, wɔbɛsoa wo akosie wo.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Petro ka kyerɛɛ no sɛ, “Adɛn enti na wo ne wo kunu penee so sɛ mobɛsɔ Onyankopɔn Honhom ahwɛ? Hwɛ! Nnipa a wɔkɔsiee wo kunu no gyina ɛpono yi akyi, na saa ara na wo nso, wɔbɛsoa wo akɔsie wo.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 Na Petro ka kyerɛɛ no sɛ: Adɛn na moadi nokoro sɛ morebɛsɔ Awurade Honhom ahwɛ yi? Hwɛ, wɔn a wokosiee wo kunu no anan tiatia abobow ano, na wɔbɛsoa wo nso afi adi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Asomafo 5:9
24 Iomraidhean Croise  

Na Onyankopɔn maa mefirii m’agya fie mebɛkyiniiɛ no, mesee ɔbaa no sɛ: W’adɔeɛ a wobɛyɛ me ne sɛ, baabiara a yɛbɛduro no, ka no me ho sɛ: Ɔyɛ me nua.


Nanso na Elisa te ne fie, na mpanimfoɔ no tete ne nkyɛn. Na ɔhene somaa onipa dii n’anim. Na ɔbɔfoɔ no nnya nnuruu ne nkyɛn no, ɔno ara ka kyerɛɛ mpanimfoɔ no sɛ: Sɛ moahunu sɛ owudini ba yi asoma sɛ wɔmmɛtwa me tire? Monhwɛ, sɛ ɔbɔfoɔ no ba a, monto pono mu, na mompia no nkɔ pono ano. Ɛnyɛ ne wura nan ase pim pim na ɛdi n’akyire yi?


Sɛ wohunu owifoɔ a, wopɛ n’asɛm, na wo ne awaresɛefoɔ bɔ.


Nanso wɔsɔɔ ɔsorosoro Nyankopɔn hwɛe tee no atua, na n’adansesɛm no, wɔanni so.


Enti ɔman no ne Mose hamee, na wɔse: Ma yɛn nsuo nnom. Na Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Adɛn nti na mo ne me ham? Adɛn nti na mosɔ AWURADE hwɛ?


Na Israelfoɔ no ham ne sɔ a wɔsɔɔ AWURADE hwɛɛ sɛ “AWURADE wɔ yɛn mu anaasɛ ɔnni yɛn mu” no nti, ɔfrɛɛ hɔ Masa ne Meriba.


Ampa ara, ɔbɔnefoɔ renni bem. Na teneneefoɔ asefoɔ deɛ, wɔbɛgye wɔn.


Obiara a ɔyɛ akoma mu dwɛɛ yɛ AWURADE akyiwadeɛ, ampa ara, ne ho renyɛ tɔtorɔtɔɔ.


Wɔn nsa gu bɔne so sɛ ɛnyɛ yie; ɔsafohene bisa biribi, na ɔtemmufoɔ pɛ kɛtɛasehyɛ, na onipa kɛseɛ ka ne kra bɔnepɛ ho asɛm, sɛdeɛ wɔbom nwono amumuyɛ ne no.


mmarima no a wɔhunuu m’animuonyam ne me nsɛnkyerɛnneɛ a meyɛɛ no Misraim ne ɛserɛ soɔ no a wɔasɔ me ahwɛ mprɛdu nie na wɔantie me nne no nyinaa,


Yesu see no sɛ: Wɔatwerɛ bio sɛ: Nsɔ Awurade, wo Nyankopɔn, nhwɛ!


Na ɔfrɛɛ no see no sɛ: Ɛdeɛn na mete no wo ho yi? Bɛbu wo paninnie ho nkonta, na worenni panin bio.


Afei adɛn na mosɔ Onyankopɔn hwɛ, sɛ mode kɔnnua a yɛn agyanom ne yɛn antumi ansoa to asuafoɔ no kɔn soɔ?


Na mmeranteɛ no sɔre kyekyeree no, na wɔde no firii adi kɔsiee no.


Nanso sɛ wɔansoma wɔn a, ɛbɛyɛ dɛn na wɔbɛbɔ asɛm no ho dawuro? Sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ: Sɛdeɛ nnepa ho asɛmpakafoɔ no anan si yɛ fɛ fa!


Na yɛnim sɛ biribiara a mmara seɛ no, ɛka kyerɛ wɔn a wɔwɔ mmara no ase, na wɔamua obiara ano, na wiase nyinaa aba Nyankopɔn atemmuo mu.


Nso mommma yɛnnsɔ Kristo nnhwɛ, sɛdeɛ wɔn mu binom yɛeɛ, na awɔ kunkumm wɔn no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan