Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Asomafo 5:41 - New Revised Asante Twi Bible

41 Ɛnna wɔde anigyeɛ firii badwafoɔ no anim kɔeɛ sɛ wɔabu wɔn sɛ wɔsɛ sɛ ne din nti wɔbɔ wɔn ahohora.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

41 Ɛnna wɔde anigyeɛ firii badwafoɔ no anim kɔeɛ sɛ wɔabu wɔn sɛ wɔsɛ sɛ ne din nti wɔbɔ wɔn ahohora.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

41 Esiane sɛ asomafo no huu sɛ ɛyɛ Onyankopɔn pɛ sɛ ɛsɛ sɛ wohu amane wɔ Yesu din mu no nti, wɔde anigye na efii asennii hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

41 Esiane sɛ asomafoɔ no hunuu sɛ ɛyɛ Onyankopɔn pɛ sɛ ɛsɛ sɛ wɔhunu amane wɔ Yesu din mu no enti, wɔde anigyeɛ na wɔfirii asɛnniiɛ hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

41 Ɛnna wɔde anigye fii baguafo no anim hɔ kɔe sɛ wɔabu wɔn sɛ wɔsɛ sɛ ne din nti wɔbɔ wɔn ahohora.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Asomafo 5:41
18 Iomraidhean Croise  

Montie me, mo a monim tenenee, ɔman a me mmara wɔ wɔn akoma mu, monnsuro ɔdasani ahohorabɔ, na mommma wɔn ahiyie nnyɛ mo ahopopoɔ,


AWURADE mu na me ho sɛpɛ me, na me Nyankopɔn mu na me kra di ahurisie, ɛfiri sɛ ɔde nkwagyeɛ atadeɛ ahyɛ me, ɔde tenenee batakari asi me, sɛ ayeforɔkunu a ɔkeka ne ho bɔ n’abotire, ne ayeforɔ a ɔde ne nnwinneɛ hyehyɛ ne ho.


hwɛ, me nkoa de akoma pa bɛto ahurisie dwom, na mo deɛ, mode akoma mu yea bɛteam, na mode honhom a abubuo asu yɔɔ.


Montie AWURADE asɛm, mo a n’asɛm nti mo ho popoɔ: Mo nuanom a wɔtane mo a me din nti wɔtu mo no ka sɛ: AWURADE nnya animuonyam na yɛnhunu mo anigyeɛ; nanso wɔn na wɔn ani bɛwu.


Nhyira ne mo sɛ nnipa kyiri mo, na wɔyi mo firi wɔn mu na, wɔya mo, na wɔto mo din twene sɛ dimmɔne, Onipa Ba no nti.


Na yeinom nyinaa, me din nti na wɔde bɛyɛ mo, ɛfiri sɛ wɔnnim deɛ ɔsomaa me no.


Na Paulo buaa sɛ: Adɛn na moresu bubu m’akoma yi? Me deɛ, masiesie me ho sɛ Awurade Yesu din nti, ɛnyɛ ɛkyerɛ nko na wɔbɛkye me, na mpo mɛwu wɔ Yerusalem hɔ.


Na wɔteeɛ no, wɔkɔɔ asɔrefie ahemadakye kɔkyerɛkyerɛe. Na ɔsɔfo panin ne wɔn a wɔka ne ho no bae, na wɔfrɛɛ badwafoɔ ne Israel mma mpanimfoɔ nyinaa hyiae, na wɔsoma maa wɔkɔɔ afiase hɔ sɛ wɔnkɔfa wɔn mmra.


Na ɛnyɛ yei nko, na mmom yɛhoahoa yɛn ho ahohia mu nso, ɛfiri sɛ yɛnim sɛ ahohia de boasetɔ ba,


Kristo nti m’ani gye mmerɛyɛ mu, animtiabuo mu, ahokyere mu, ɔtaa mu, ahometeɛ mu; ɛfiri sɛ meyɛ mmerɛ a, ɛnna me ho yɛ den.


ɛfiri sɛ mo na wɔde adom mo sɛ Kristo nti, ɛnyɛ sɛ mogye no die nko, na mmom sɛ ne nti mohunu amaneɛ nso,


Na momaa nneduafoɔ amaneɛ kaa mo, mode anigyeɛ nso penee mo nnoɔma fom sɛ monim sɛ mowɔ ahodeɛ a ɛyɛ kyɛne soɔ ɔsoro a ɛtena hɔ.


nhwɛ gyidie mu kannifoɔ ne ne wiefoɔ Yesu a ɔhwɛɛ anigyeɛ a ɛda n’anim too ne bo ase hunuu asɛnnua amaneɛ, na wammu aniwuo, na wakɔtena Nyankopɔn ahennwa nifa.


Me nuanom, sɛ mohwe sɔhwɛ ahodoɔ bebree mu a, mommu no anigyeɛ koraa,


Na ne din nti na wɔnam, na wɔannye amanaman mufoɔ no hɔ biribiara.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan