Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Asomafo 5:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Ɛwɔ hɔ no, na ɛnyɛ wo dea? Na wotɔneeɛ no nso, ɛnni wo ara wo nsam? Adɛn na wofaa saa adwene yi? Ɛnyɛ nnipa na woadi atorɔ akyerɛ wɔn, na ɛyɛ Onyankopɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Ɛwɔ hɔ no, na ɛnyɛ wo dea? Na wotɔneeɛ no nso, ɛnni wo ara wo nsam? Adɛn na wofaa saa adwene yi? Ɛnyɛ nnipa na woadi atorɔ akyerɛ wɔn, na ɛyɛ Onyankopɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Ansa na worebɛtɔn agyapade no na ɛnyɛ wʼankasa wo de; wotɔn wiee no nso sika a wunyae no, na ɛnyɛ wo de; na adɛn nti na woyɛɛ wʼadwene sɛ wobɛyɛ nea woayɛ yi? Ɛnyɛ nnipa na woadi atoro akyerɛ wɔn, na mmom woadi atoro akyerɛ Onyankopɔn.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Ansa na worebɛtɔn agyapadeɛ no na ɛyɛ wʼankasa wo dea; wotɔn wieeɛ no nso, sika a wonyaeɛ no, na ɛyɛ wo dea; na adɛn enti na woyɛɛ wʼadwene sɛ wobɛyɛ deɛ woayɛ yi? Ɛnyɛ nnipa na woadi atorɔ akyerɛ wɔn, na mmom, woadi atorɔ akyerɛ Onyankopɔn.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Ɛwɔ hɔ no, ɛnyɛ wo dea? Na wotɔnee no nso, enni wo ankasa wo nsam? Adɛn na wofaa saa adwene yi? Ɛnyɛ nnipa na woadi atoro akyerɛ wɔn, na ɛyɛ Onyankopɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Asomafo 5:4
26 Iomraidhean Croise  

Na menim, me Nyankopɔn, sɛ wo deɛ, wosɔ akoma hwɛ, na teeyɛ na ɛsɔ w’ani. Me deɛ, m’akomam teeyɛ mu na mayi me yam ama yeinom nyinaa, na afei wo man a wɔhu wɔn ɛha yi nso, mede anigyeɛ mahunu sɛ wɔn nso ayi wɔn yam ama wo adeɛ.


Nanso me Nyankopɔn fie ho anisɔ nti, me sika ne dwetɛ akoradeɛ a ɛwɔ me hɔ no, mede mama me Nyankopɔn fie no apae deɛ masiesie asie kronkronbea fie no nyinaa so.


na wɔmfa sika no nyeyɛ sika nnoɔma, na wɔmfa dwetɛ no nyeyɛ dwetɛ nnoɔma, na wɔmfa nyɛ adwumfoɔ nsa ano adwuma no nyinaa. Na afei, hwan na ɔyi ne yam ama, na wadwira ne ho ama AWURADE nnɛ?


Na ɔman no ani gyee deɛ wɔyii wɔn yam de maeɛ no ho, ɛfiri sɛ akoma mu nyinaa na wɔde yii wɔn yam de maa AWURADE, na Ɔhene Dawid nso ani gyee anigyeɛ kɛse.


Wɔnyinsɛn ɔhaw, na wɔwo mmusuo, na wɔn yafunu siesie nnaadaa.


Na asɛm biara nni me tɛkyerɛma so gye deɛ wo, AWURADE, wonim ne nyinaa no.


Hwɛ, ɔmumuyɛfoɔ nyinsɛn amumuyɛ, na ɔnyem ɛhaw, na ɔwo atorɔ.


Na Mose se: AWURADE bɛma mo nam adi anwummerɛ, ne aduane adi amee anɔpa, ɛfiri sɛ AWURADE ate mo anwiinwii a monwiinwii tia no no; na yɛn ne hwannom koraa? Ɛnyɛ yɛn na monwiinwii tia, na mmom AWURADE.


Na Israelfoɔ mu mmarima ne mmaa nyinaa a wɔn akoma pɛ wɔn sɛ wɔmfa nnwuma a AWURADE nam Mose so hyɛɛ sɛ wɔnyɛ no ho biribi mmra no de ayamyi ayɛyɛdeɛ brɛɛ AWURADE.


Fanyinam sɛ woanhyɛ bɔ sene sɛ woahyɛ bɔ na womma.


Obiara nsaman asɛntenenee so, na obiara nsaman wɔ nokorɛ asɛm ho. Wɔde wɔn ho to nsɛnhunu so, na wɔka nsɛnhuhuo; wɔnyinsɛn bɔne, na wɔwo mmusuo.


Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Na ɛda no, nsɛm bi bɛsɔre w’akomam na woadwene adwemmɔne,


Enti AWURADE na wo ne w’asafo nyinaa ahyia atia no; na Aaron deɛ, hwan ne no na monwiinwii tia no?


Deɛ ɔtie mo no, watie me; na deɛ ɔpa mo no, wapa me. Na deɛ ɔpa me no, wapa deɛ ɔsomaa me no.


Na Petro kaa sɛ: Anania, adɛn nti na Satan ahyɛ w’akoma ma sɛ bɛdi atorɔ kyerɛ Honhom Kronkron, na woayi asase no tiri adeɛ bi asie?


Na Petro ka kyerɛɛ no sɛ: Adɛn na moayɛ nokorɔ sɛ morebɛsɔ Awurade Honhom ahwɛ yi? Hwɛ, wɔn a wɔkɔsiee wo kunu no nan tiatia aboboano, na wɔbɛsoa wo nso afiri adi.


Na aduane nkamfo yɛn mma Nyankopɔn; na ɛnyɛ sɛ yɛdi a, yɛbɛyɛ ma, anaa sɛ yɛanni a, yɛbɛtɔ sini.


Enti deɛ ɔte atua no nte onipa bi so atua, na mmom Onyankopɔn a ɔde ne Honhom Kronkron ahyɛ mo mu no.


nanso mampɛ sɛ mefiri w’akyiri meyɛ biribiara, na wo yieyɛ anyɛ sɛ ɛfiri ɔhyɛ mu, na mmom afiri ɔpɛ mu.


na akɔnnɔ no nyinsɛn a, ɛwo bɔne, na bɔne no wie nyini a, ɛwo owuo.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Tie deɛ ɔman no seɛ ne deɛ wɔka kyerɛ woɔ no nyinaa, ɛfiri sɛ ɛnyɛ wo na wɔapo woɔ, na me na wɔapo me, sɛ mennni wɔn so hene.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan