Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Asomafo 5:34 - New Revised Asante Twi Bible

34 Na badwafoɔ no mu baako a ɔyɛ Farisini, a ne din de Gamaliel, a ɔyɛ mmarakyerɛni, a ɔman no nyinaa bu no sɔre hyɛɛ sɛ wɔmfa nnipa no mfiri adi kakra.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

34 Na badwafoɔ no mu baako a ɔyɛ Farisini, a ne din de Gamaliel, a ɔyɛ mmarakyerɛni, a ɔman no nyinaa bu no sɔre hyɛɛ sɛ wɔmfa nnipa no mfiri adi kakra.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

34 Nanso wɔn mu baako a wɔfrɛ no Gamaliel a ɔyɛ Farisini na ɔsan yɛ Kyerɛwsɛm no kyerɛkyerɛfo a na nnipa bu no no sɔre gyina hyɛɛ sɛ wɔmfa asomafo no mfi adi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

34 Nanso, wɔn mu baako a wɔfrɛ no Gamaliel a ɔyɛ Farisini na ɔsane yɛ Atwerɛsɛm no ɔkyerɛkyerɛfoɔ a na nnipa bu no no, sɔre gyina hyɛɛ sɛ wɔmfa asomafoɔ no mfiri adi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

34 Na baguafo no mu biako a ɔyɛ Farisini a ne din de Gamaliel a ɔyɛ mmarakyerɛfo a ɔman no nyinaa bu no, sɔre hyɛe sɛ wɔmfa nnipa no mfi adi kakra.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Asomafo 5:34
14 Iomraidhean Croise  

Na nnipa abufuhyeɛ dane wo ayeyie, wode abufuhyeɛ a ɛboro soɔ bɔ abɔsoɔ.


Ɛnna mmapɔmma ne ɔman no nyinaa ka kyerɛɛ asɔfoɔ ne adiyifoɔ no sɛ: Ɔbarima yi nsɛ wuo, ɛfiri sɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn din mu na ɔkasa kyerɛɛ yɛn.


Na mmarima bi firi asase no so mpanimfoɔ mu sɔree, na wɔka kyerɛɛ ɔman badwafoɔ no nyinaa sɛ:


Nanso Elnatan ne Delaia ne Gemaria paa ɔhene kyɛw sɛ ɔnnhye mmobɔeɛ no, nanso wantie wɔn.


Na ɛbaa sɛ ne nnansa soɔ no, wɔkɔhunuu no wɔ asɔrefie sɛ ɔte akyerɛkyerɛfoɔ ntam retie wɔn na ɔrebisabisa wɔn nsɛm.


Na ɛbaa sɛ da bi a ɔrekyerɛkyerɛ no, na Farisifoɔ ne mmara akyerɛkyerɛfoɔ a wɔfiri Galilea ne Yudea nkuraa nyinaa ase ne Yerusalem aba tete hɔ; na Awurade ahoɔden wɔ ne so a ɔde sa yadeɛ.


Yesu bua see no sɛ: Woyɛ Israel kyerɛkyerɛfoɔ na wonnim yeinom?


Meyɛ Yudani a wɔwoo me Tarso wɔ Kilikia, na wɔtetee me kuro yi mu wɔ Gamaliel nan ase, na wɔkyerɛkyerɛɛ me agyanom mmara no mu pɛ, na mebɔɔ Nyankopɔn som ho mmɔden, sɛdeɛ mo nyinaa moyɛ nnɛ yi.


Na wɔhyɛɛ wɔn sɛ wɔmfiri dwa mu hɔ mfiri adi no, wɔtuu wɔn mu agyina


Na wɔteeɛ no, wɔkɔɔ asɔrefie ahemadakye kɔkyerɛkyerɛe. Na ɔsɔfo panin ne wɔn a wɔka ne ho no bae, na wɔfrɛɛ badwafoɔ ne Israel mma mpanimfoɔ nyinaa hyiae, na wɔsoma maa wɔkɔɔ afiase hɔ sɛ wɔnkɔfa wɔn mmra.


Na wɔde wɔn ba bɛgyinaa wɔn dwa no mu, na ɔsɔfo panin no bisaa wɔn


Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Israel mmarima, monhwɛ mo ho yie nnipa yi ho wɔ deɛ mo ne wɔn rebɛdie yi ho.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan