Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Asomafo 5:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Na Petro kaa sɛ: Anania, adɛn nti na Satan ahyɛ w’akoma ma sɛ bɛdi atorɔ kyerɛ Honhom Kronkron, na woayi asase no tiri adeɛ bi asie?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Na Petro kaa sɛ: Anania, adɛn nti na Satan ahyɛ w’akoma ma sɛ bɛdi atorɔ kyerɛ Honhom Kronkron, na woayi asase no tiri adeɛ bi asie?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Petro bisaa no se, “Anania, adɛn nti na woama ɔbonsam ho kwan ama wabɛhyɛ wo mu na woadi atoro akyerɛ Honhom Kronkron no na wode sika a wunyaa no bi asie?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Petro bisaa no sɛ, “Anania, adɛn enti na woama ɔbonsam ho kwan ama wabɛhyɛ wo mu na woadi atorɔ akyerɛ Honhom Kronkron no na wode sika a wonyaeɛ no bi asie?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Na Petro kae sɛ: Anania, adɛn nti na Satan ahyɛ wo koma ma sɛ bedi atoro kyerɛ Honhom Kronkron, na woayi asase no ti ade bi asie?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Asomafo 5:3
25 Iomraidhean Croise  

Na woka sɛ: Ɛdeɛn na Onyankopɔn nim? Esum kabii akyiri nohoa na ɔbɛbu atɛn?


Ɛyɛ fidie ma onipa sɛ ɔbɛpɛ ntɛm aka sɛ: Ɛyɛ ade kronkron, na ɔbɛhyɛ bɔ ansa na wabisabisa mu.


Sɛ wohyɛ Onyankopɔn bɔ bi a, ntwentwɛn ne ma ase, ɛfiri sɛ ɔnni nkwaseafoɔ ho akoma pa bi: Deɛ woahyɛ bɔ no, ma!


Wɔnnue, wɔn a wɔde wɔn agyinatuo hunta AWURADE fee, na wɔn nneyɛɛ wɔ esum mu, na wɔka sɛ: Hwan na ɔhu yɛn, anaa hwan na ɔni yɛn?


Sɛ obi de ne ho hunta huntabea bi a, merenhu no anaa? AWURADE asɛm nie. Ɛnyɛ ɔsoro ne asase na mayɛ so ma anaa? AWURADE asɛm nie.


Efraim de atorɔ na Israel fie de nsisie atwa me ho ahyia, nanso Yuda deɛ ɔbɔ Onyankopɔn, Ɔkronkronni ne Nokwafoɔ no ho kɔntɔnkrɔn.


Sɛ obi hyɛ AWURADE bɔ anaasɛ ɔka ntam tua ne kra adeɛ bi a, ɔmmmu n’asɛm so; deɛ ɛfiri n’anomu nyinaa, ɔnyɛ.


Obiara a ɔte ahennie no ho asɛm, na ɔnte aseɛ no, ɔbɔnefoɔ no ba bɛhwim deɛ wɔagu no n’akoma mu no; oyi ne deɛ wɔguu no kwankyɛn no.


Na Satan kɔhyɛnee Yuda a wɔfrɛ no Iskariot a ɔyɛ dummienu no mu baako no mu.


Na wɔrebɛdidie no, na ɔbonsam anya de ahyɛ Yuda Iskariot, Simon ba, akoma mu sɛ ɔnkɔyi no mma.


Na ɔgyee paanoo sini no akyiri no, ɛno na Satan hyɛnee ne mu. Ɛnna Yesu see no sɛ: Deɛ woreyɛ no, yɛ no ntɛm!


na ɔyii tiri adeɛ no bi sieeɛ, a ne yere nso nim, na ɔde ɔfa bi brɛɛ asomafoɔ no.


Ɛwɔ hɔ no, na ɛnyɛ wo dea? Na wotɔneeɛ no nso, ɛnni wo ara wo nsam? Adɛn na wofaa saa adwene yi? Ɛnyɛ nnipa na woadi atorɔ akyerɛ wɔn, na ɛyɛ Onyankopɔn.


Na Petro ka kyerɛɛ no sɛ: Adɛn na moayɛ nokorɔ sɛ morebɛsɔ Awurade Honhom ahwɛ yi? Hwɛ, wɔn a wɔkɔsiee wo kunu no nan tiatia aboboano, na wɔbɛsoa wo nso afiri adi.


Sɛ wohyɛ AWURADE wo Nyankopɔn bɔ a, nyɛ nyaa sɛ wobɛtua, ɛfiri sɛ ɔbɛhwehwɛ no wo hɔ, na adane wo bɔne.


Enti momfa mo ho nhyɛ Nyankopɔn ase. Mommɔ mo ho mmɔden nsi ɔbonsam kwan, na ɔbɛdwane afiri mo nkyɛn.


Mo ani nna hɔ, monwɛn, ɛfiri sɛ mo tamfo bonsam no nam sɛ gyata a ɔbobom hwehwɛ deɛ ɔbɛnya no amene.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan