Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Asomafo 4:7 - New Revised Asante Twi Bible

7 Na wɔde wɔn bɛgyinaa mfimfini bisaa wɔn sɛ: Tumi bɛn mu anaa din bɛn mu na moyɛɛ yei?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

7 Na wɔde wɔn bɛgyinaa mfimfini bisaa wɔn sɛ: Tumi bɛn mu anaa din bɛn mu na moyɛɛ yei?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Wɔma wɔde asomafo baanu yi baa wɔn anim bisaa wɔn se, “Tumi bɛn anaa hena din na mode yɛɛ eyi?”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Wɔmaa wɔde asomafoɔ baanu yi baa wɔn anim bisaa wɔn sɛ, “Tumi bɛn anaa hwan din na mode yɛɛ yei?”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 Na wɔde wɔn begyinaa mfinimfini bisae sɛ: Tumi bɛn mu anaa din bɛn mu na moyɛɛ eyi?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Asomafo 4:7
12 Iomraidhean Croise  

Na ɔbuaa sɛ: Hwan na ɔde wo sii yɛn so otitire ne osennifoɔ? Wopɛ sɛ woku me sɛdeɛ wokum Misraimni no anaa? Na Mose suroe, na ɔse: Ampa ara, asɛm no apue!


Na ɔduruu asɔrefie na ɔrekyerɛkyerɛ no, asɔfoɔ mpanimfoɔ ne ɔman no mu mpanimfoɔ baa ne nkyɛn bɛkaa sɛ: Tumi bɛn na wode yɛ nnoɔma yi, na hwan na ɔmaa wo saa tumi yi?


na wɔbisaa no sɛ: Tumi bɛn na wode yɛ nnoɔma yi? Anaasɛ hwan na ɔmaa wo tumi sɛ yɛ yeinom?


Ɛnna Yudafoɔ no bua see no sɛ: Nsɛnkyerɛnneɛ bɛn na wode kyerɛ yɛn a enti woyɛ yeinom?


Na Atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ no de ɔbaa bi a wɔakye no adwamammɔ mu bae; na wɔde no bɛgyinaa mfimfini no,


Na wɔn deɛ, wɔteeɛ, na wɔn ahonim buu wɔn atɛn no, wɔfirii adi mmaako mmaako firi mpanimfoɔ so bɛsii wɔn a wɔdi akyire so; na ɛkaa Yesu nko ne ɔbaa a ɔgyina mfimfini no.


mo nyinaa ne Israel man nyinaa nhunu sɛ, Nasareni Yesu Kristo a mobɔɔ no asɛnnua mu, a Onyankopɔn nyanee no firii awufoɔ mu no din mu, ɔno mu na oyi gyina mo anim a ne ho asane yi.


na Ɔsɔfopanin Hana ne Kaiafa ne Yohane ne Aleksandro ne dodoɔ a wɔfiri ɔsɔfo panin abusua mu no ka ho.


Ɛnna Petro a Honhom Kronkron ahyɛ no ma no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɔman atitire ne mpanimfoɔ!


Na wɔtiee no, na wɔfrɛɛ asomafoɔ no bae, na wɔhwee wɔn hyɛɛ wɔn sɛ wɔnnkasa Yesu din mu, na wɔgyaa wɔn.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan