Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Asomafo 4:34 - New Revised Asante Twi Bible

34 Nanso na obiara nni wɔn mu a biribi hia no; na wɔn a wɔwɔ asase anaa adan tontɔnee, na wɔde deɛ wɔtɔneeɛ no tiri adeɛ bae

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

34 Nanso na obiara nni wɔn mu a biribi hia no; na wɔn a wɔwɔ asase anaa adan tontɔnee, na wɔde deɛ wɔtɔneeɛ no tiri adeɛ bae

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

34 Biribiara ho anhia obiara a ɔfra kuw no mu, efisɛ wɔn a na wɔwɔ nsase ne afi no tontɔnee, de sika a wonya fii mu no

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

34 Biribiara ho anhia obiara a ɔfra kuo no mu, ɛfiri sɛ, wɔn a na wɔwɔ nsase ne afie no tontɔneeɛ de sika a wɔnya firii mu no

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

34 Nanso na obiara nni wɔn mu a biribi hia no; na wɔn a wɔwɔ nsaase anaa adan tontɔnee, na wɔde nea wɔtɔnee no ti ade bae

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Asomafo 4:34
14 Iomraidhean Croise  

Yesu see no sɛ: Sɛ wopɛ sɛ woyɛ pɛ a, kɔ na kɔtɔn deɛ wowɔ, na fa ma ahiafoɔ, na wobɛnya agyapadeɛ wɔ soro, na bra bɛdi m’akyi!


Na Yesu hwɛɛ no dinn, na ɔdɔɔ no, na ɔsee no sɛ: Aka wo adeɛ baako: Kɔ na kɔtɔn deɛ wowɔ nyinaa, na fa ma ahiafoɔ, na wobɛnya agyapadeɛ ɔsoro; na bra bɛdi m’akyi.


Montɔn deɛ mowɔ mfa nyɛ adɔeɛ, monyɛ sika nkotokuo a ɛrenyɛ dada mfa, ɛne agyapadeɛ a ɛrensa da ɔsoro, deɛ owifoɔ mma ho, na nweweboaa nsɛe no.


Na me nso mese mo sɛ, momfa ahonyadeɛ a ɛntene no bi so nya nnamfoɔ, na sɛ ɛhia mo a, wɔagye mo akɔ daa afie no mu.


Na ɔsee wɔn sɛ: Mesomaa mo a na monkura sika kotokuo ne akwantuo bɔtɔ ne mpaboa no, biribi ho hiaa mo anaa? Na wɔse: Anhia yɛn hwee.


na wɔtɔn wɔn ahonyadeɛ ne wɔn nnoɔma, na wɔkyɛɛ mu maa wɔn nyinaa, sɛdeɛ ɛhia obiara.


wɔ asase bi, na ɔtɔnee de ne sika no ba bɛguu asomafoɔ no nan ase.


na mmom sɛ ɛnyɛ pɛpɛɛpɛ nti; na saa berɛ yi mu, mo mmorosoɔ akɔgu wɔn hia mu, na wɔn mmorosoɔ nso abɛgu mo hia mu, na ayɛ pɛpɛɛpɛ,


na AWURADE wo Nyankopɔn ahyira wo, wo nsa ano adwuma nyinaa mu, wahunu wo serɛ kɛseɛ yi so nanteɛ yi; mfirinhyia aduanan yi AWURADE wo Nyankopɔn adi w’akyi, biribiara nhiaa wo.


na moanante sɛdeɛ ɛfata, wɔn a wɔwɔ akyire no anim, na biribiara anhia mo.


na wɔmfa nhyehyɛ fapem pa nto hɔ mma wɔn ho nsie daakye, na wɔasɔ nokorɛ nkwa no mu.


Onyamesom a ɛho teɛ na ɛho nni fi wɔ Agya Nyankopɔn anim ne sɛ obi kɔhwɛ nnyanka ne akunafoɔ wɔ wɔn ahohiahia mu, na ɔyi ne ho firi wiase nkekaeɛ mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan