Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Asomafo 4:32 - New Revised Asante Twi Bible

32 Na wɔn mu bebree a wɔgye diiɛ no akoma ne wɔn kra yɛ baako, na wɔn mu biara nka sɛ ne nnoɔma a ɔwɔ yɛ ɔno ara dea, na ne nyinaa yɛ wɔn kwasafodeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

32 Na wɔn mu bebree a wɔgye diiɛ no akoma ne wɔn kra yɛ baako, na wɔn mu biara nka sɛ ne nnoɔma a ɔwɔ yɛ ɔno ara dea, na ne nyinaa yɛ wɔn kwasafodeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

32 Agyidifo no nyinaa tenaa ase sɛ nnipa koro. Wɔn mu bi anka se nʼankasa ahode bi yɛ ɔno nko ara de; biribiara a wɔwɔ no, wɔn nyinaa kyekyɛɛ mu pɛ fae.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

32 Agyidifoɔ no nyinaa tenaa ase sɛ nnipa korɔ. Wɔn mu bi anka sɛ nʼankasa ahodeɛ bi yɛ ɔno nko ara dea; biribiara a wɔwɔ no, wɔn nyinaa kyekyɛɛ mu pɛ faeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

32 Na wɔn mu bebree a wogye dii no koma ne wɔn kra yɛ biako, na wɔn mu biara nka sɛ ne nneɛma a ɔwɔ yɛ n’ankasa dea, na ne nyinaa yɛ wɔn kwasafode.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Asomafo 4:32
21 Iomraidhean Croise  

Na Nyankopɔn nsa baa Yuda nso so, sɛ ɔrema wɔn akoma korɔ sɛ wonni ɔhene ne asafohene no adeɛ a wɔde AWURADE asɛm hyɛeɛ no so.


Na mɛma wɔn akoma korɔ ne ɔkwan korɔ, na wɔasuro me daa nyinaa, na asi wɔn ne wɔn mma a wɔbɛdi wɔn akyire no yie.


Na afei menni wiase bio, — na yeinom na ɛwɔ wiase, na me deɛ, mereba wo nkyɛn. Agya Kronkron, wɔn a wode wɔn ama me no, fa wɔn sie wo din mu, na wɔayɛ baako sɛ yɛn.


Na yeinom nyinaa de akoma korɔ kura mpaebɔ mu ara, wɔne mmaa no ne Maria, Yesu ne na ne ne nuanom.


Na Pentekoste da no duruiɛ no, na wɔn nyinaa ahyia faako.


Na wɔnam asomafoɔ no nsa so yɛɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ pii ɔman no mu. Na wɔn nyinaa de akoma korɔ wɔ Salomo abrannaa so.


saa ara nso na yɛn a yɛyɛ bebree no yɛ nipadua koro, Kristo mu, na yɛn nyinaa yeyɛ yɛn ho akwaa mmaako mmaako.


Na anuanom, menam yɛn Awurade Yesu Kristo din so metu mo fo sɛ, mo nyinaa nyɛ anokorɔ, na mpaepaemu amma mo mu, na mmom moabɔ mu awie pɛyɛ adwene korɔ ne nsusuiɛ korɔ mu.


Afei awieeɛ, anuanom, makra mo. Monyɛ pɛ, momma mo werɛ nkyekye, monnya adwene korɔ, montena asomdwoeɛ mu, na ɔdɔ ne asomdwoeɛ Nyankopɔn bɛdi mo akyi.


Ɛnneɛ na momma mo abrabɔ mfata Kristo asɛmpa no nko ara, na sɛ meba na mebɛhu mo oo, sɛ menni hɔ oo, mate mo ho asɛm sɛ mogyina pintinn honhom korɔ mu, na mode adwene korɔ bɔ mu di apereɛ gyidie a ɛfiri asɛmpa no mu,


N’awieeɛ ne sɛ mo nyinaa nnya adwenkorɔ, monhunu mmema mo ho, monnodɔ mo ho sɛ anuanom, mo yam nhyehye mo mmema mo ho, monnwene ahobrɛaseɛ adwene.


Sɛ obi ka asɛm a, ma no nka no sɛ Nyankopɔn nsɛm. Sɛ obi som a, ma no nsom sɛ ɛfiri ahoɔden a Onyankopɔn de ma mu, na wɔnam Yesu Kristo so ahyɛ Onyankopɔn animuonyam, ade nyinaa mu. Ɔno na animuonyam ne tumi wɔ no daa daa. Amen.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan