Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Asomafo 4:19 - New Revised Asante Twi Bible

19 Na Petro ne Yohane bua see wɔn sɛ: Sɛ ɛtene Nyankopɔn anim sɛ yɛtie mo sene Onyankopɔn a, mommu atɛn!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

19 Na Petro ne Yohane bua see wɔn sɛ: Sɛ ɛtene Nyankopɔn anim sɛ yɛtie mo sene Onyankopɔn a, mommu atɛn!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

19 Petro ne Yohane buaa wɔn se, “Sɛ yebetie Onyankopɔn anaa yebetie mo no, emu nea ɛwɔ he na eye? Mo ara mummua mfa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

19 Petro ne Yohane buaa wɔn sɛ, “Sɛ yɛbɛtie Onyankopɔn anaa yɛbɛtie mo no, emu deɛ ɛwɔ he na ɛyɛ? Mo ara mommua mfa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

19 Na Petro ne Yohane bua see wɔn sɛ: So ɛteɛ Onyankopɔn anim sɛ yetie mo sen Nyankopɔn a, mummu ntɛn!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Asomafo 4:19
30 Iomraidhean Croise  

Na asɛm yi danee bɔne, na ɔman no fa kɔɔ baako yi anim wɔ Dan, na baako no nso kɔɔ Betel.


Ɛnna ɔne no saneeɛ, na ɔkɔdidii ne fie, na ɔnom nsuo.


Na Yeroboam bɔne a ɔyɛeɛ na ɔde maa Israel yɛɛ bɔne no nti, ɔbɛgyae Israel mu ama.


Ɛnna ne kuro no mufoɔ mpanimfoɔ ne adehyeɛ a wɔte ne kurom no yɛɛ sɛdeɛ Isebel kraa wɔn no, sɛdeɛ ɔtwerɛɛ nwoma a wɔde kɔmaa wɔn no mu no:


Na Mikaia kaa sɛ: Sɛ AWURADE te aseɛ yi, deɛ AWURADE bɛka akyerɛ me no, ɛno na mɛka.


Na Ɔhene Ahas hyɛɛ Ɔsɔfoɔ Uria sɛ: Afɔrebukyia kɛseɛ no so na hye anɔpa hyeɛ afɔdeɛ ne anwummerɛ aduane afɔdeɛ ne ɔhene hyeɛ afɔdeɛ ne n’aduane afɔdeɛ ne asase yi sofoɔ nyinaa hyeɛ afɔdeɛ ne wɔn aduane afɔdeɛ ne wɔn ahwiesa, na fa ɔhyeɛ afɔdeɛ mogya nyinaa ne okum afɔdeɛ nyinaa mogya pete so; na kɔbere mfrafraeɛ afɔrebukyia no nsi me hɔ na makɔ so abisa.


Na Ɔsɔfoɔ Uria yɛɛ sɛdeɛ Ɔhene Ahas hyɛɛ no no nyinaa.


Mo atumfoɔ, ampa ara, moka asɛntenenee anaa? O, nnipa mma, mobu atɛntenenee anaa?


Na awogyefoɔ no suro Onyankopɔn, enti wɔanyɛ sɛdeɛ Misraimhene ka kyerɛɛ wɔn no, na mmom wɔgyee mmabanin no nkwa.


Ɛnna Yeremia ka kyerɛɛ mmapɔmma no nyinaa ne ɔman no nyinaa sɛ: AWURADE na asoma me sɛ memmɛhyɛ efie yi ne kuro yi ho nkɔm menka nsɛm a moteeɛ no nyinaa.


Na sɛ amma saa mpo a, ɔhene, hunu sɛ yɛrensom w’anyame, na yɛrensɔre sika honi a wode asi hɔ no.


Na Daniel tee sɛ wɔakurukyire atwerɛ no, ɔkɔɔ ne fie, nso na n’abansoro dan mu mpomma a ɛkyerɛ Yerusalem abuebue, na ɔkɔɔ ne nkotodwe anim da koro mprɛnsa, na ɔbɔɔ mpaeɛ daa ase, ne Nyankopɔn anim sɛdeɛ na ɔyɛ no kane no ara.


Wɔhyɛ Efraim so, wɔapɛkyɛ no atemmuo mu, ɛfiri sɛ waboapa adi n’ahuhudeɛ akyi.


Na afei tie AWURADE asɛm: Wo deɛ, woka sɛ: Nhyɛ nkɔm ntia Israel, na nsosɔ ngu Isak fie so.


Ɛfiri sɛ wodi Omri ahyɛdeɛ ne Ahab fie nneyɛɛ nyinaa so, na wonenam wɔn agyinatuo mu, deɛ ɛbɛyɛ na mayɛ wo ahodwirie ne emufoɔ no nso hwerɛmabɔ, na woasoa me man ahohora.


Wɔse: Kaesare dea. Ɛnna ɔsee wɔn sɛ: Ɛnneɛ momfa Kaesare deɛ mma Kaesare ne Nyankopɔn deɛ mma Onyankopɔn!


Na Yesu somaa Petro ne Yohane sɛ: Monkɔ nkɔsiesie Twam no mma yɛn, na yɛmmɛdi.


Mommmu atɛn sɛdeɛ mohunu kwa, na mommu atɛn a ɛtene!


Na wɔhunuu Petro ne Yohane akokoɔduro, na wɔtee sɛ wɔyɛ nnipa a wɔnsuaa nwoma da, na mmom wɔyɛ mpapahwekwaa no, ɛyɛɛ wɔn nwanwa, na wɔhunuu wɔn sɛ wɔne Yesu nanteeɛ.


sɛ: Yɛammara mo ketee sɛ monnkyerɛkyerɛ din yi mu anaa? Na hwɛ, mode mo nkyerɛkyerɛ yi ahyɛ Yerusalem ma, na mopɛ sɛ mode onipa yi mogya ba yɛn soɔ.


Na Petro ne asomafoɔ no buaa sɛ: Ɛsɛ sɛ yɛtie Onyankopɔn mmom sene nnipa.


Mene mo kasa sɛ animdefoɔ. Mommu deɛ mereka yi ho atɛn.


na mmom yɛapo aniwudeɛ a ɛhunta no, na yɛnnante anifire mu, anaasɛ yɛmfra Nyankopɔn asɛm no mu, na mmom yɛda nokorɛ no adi, de yi yɛn ho kyerɛ nnipa nyinaa, Nyankopɔn anim.


Mma, montie mo awofoɔ asɛm Awurade mu; na yei na ɛtene.


Na yei yɛ, na ɛsɔ yɛn Agyenkwa Nyankopɔn


Gyidie na wɔwoo Mose no, n’awofoɔ de koraa no abosome mmiɛnsa, ɛfiri sɛ wɔhunuu sɛ abɔfra no ho yɛ fɛ, na wɔansuro ɔhene mmara no.


ɛno ɛnyɛ paeɛ na mopaepae mo mu, na moayɛ adwemmɔne atemmufoɔ?


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan