Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Asomafo 4:13 - New Revised Asante Twi Bible

13 Na wɔhunuu Petro ne Yohane akokoɔduro, na wɔtee sɛ wɔyɛ nnipa a wɔnsuaa nwoma da, na mmom wɔyɛ mpapahwekwaa no, ɛyɛɛ wɔn nwanwa, na wɔhunuu wɔn sɛ wɔne Yesu nanteeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

13 Na wɔhunuu Petro ne Yohane akokoɔduro, na wɔtee sɛ wɔyɛ nnipa a wɔnsuaa nwoma da, na mmom wɔyɛ mpapahwekwaa no, ɛyɛɛ wɔn nwanwa, na wɔhunuu wɔn sɛ wɔne Yesu nanteeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 Ɛyɛɛ agyinatufo no ahodwiriw sɛ Petro ne Yohane a wonsuaa nhoma da na wɔyɛ nnipa teta no tumi kasaa akokoduru so saa. Wohuu sɛ saa asomafo yi ne Yesu nantewee.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 Ɛyɛɛ agyinatufoɔ no ahodwirie sɛ Petro ne Yohane a wɔnsuaa nwoma da na wɔyɛ nnipa teta no tumi kasa akokoɔduru so saa. Wɔhunuu sɛ saa asomafoɔ yi ne Yesu nanteeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

13 Na wohuu Petro ne Yohane akokoduru, na wɔtee sɛ wɔyɛ nnipa a wonsuaa nhoma da, na mmom wɔyɛ mpapahwekwa no, ɛyɛɛ wɔn nwonwa, na wohuu wɔn sɛ wɔne Yesu na ɛnantewee.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Asomafo 4:13
22 Iomraidhean Croise  

Saa berɛ no ara mu Yesu kaa sɛ: Agya, ɔsoro ne asase wura, meyi wo ayɛ sɛ wode nnoɔma yi ahunta anyansafoɔ ne animdefoɔ, na woayi akyerɛ nkɔkoaa.


Na ɔfiri adi kɔɔ ntwonoo mu no, abaawa foforɔ bi nso hunuu no, na ɔka kyerɛɛ wɔn a wɔwɔ hɔ no sɛ: Na oyi nso ne Yesu Nasareni no na ɛnam!


Na ɛyɛɛ kakra no, wɔn a wɔgyina hɔ no ba bɛka kyerɛɛ Petro sɛ: Ampa ara, wo nso woka wɔn ho; wo kasa yi wo adi!


Na Yesu somaa Petro ne Yohane sɛ: Monkɔ nkɔsiesie Twam no mma yɛn, na yɛmmɛdi.


Na Yesu hunuu ne na ne osuani a ɔdɔ no no sɛ ɔgyina hɔ no, ɔsee ne na sɛ: Ɔbaa, hwɛ, wo ba ni!


Na ɛyɛɛ Yudafoɔ no nwanwa, na wɔse: Ɛyɛɛ dɛn na oyi nsuaa nwoma pɛn, na ɔnim yi?


Na nkurɔfokuo yi a wɔnnim mmara no, wɔadome wɔn!


Na wɔhwɛɛ onipa a wɔasa no yadeɛ a ɔne wɔn gyina hɔ no, wɔannya hwee anka antia wɔn.


Na Petro ne Yohane bua see wɔn sɛ: Sɛ ɛtene Nyankopɔn anim sɛ yɛtie mo sene Onyankopɔn a, mommu atɛn!


Na afei deɛ, Awurade, hwɛ wɔn ateatea, na ma wo nkoa mfa akokoɔduro nyinaa nka w’asɛm,


Na wɔwiee mpaebɔ no, faako a wɔhyiaeɛ hɔ wosoee, na Honhom Kronkron hyɛɛ wɔn nyinaa ma, na wɔde akokoɔduro kaa Nyankopɔn asɛm.


Na Barnaba faa no ne no kɔɔ asomafoɔ no nkyɛn, na ɔdaa no adi kyerɛɛ wɔn sɛdeɛ ɔhunuu Awurade ɔkwan mu ne sɛ ɔkasa kyerɛɛ no, ne sɛdeɛ ɔde akokoɔduro kaa Yesu ho asɛm wɔ Damasko.


Na ɔne wɔn dii ahyemfire wɔ Yerusalem, na ɔde nnam kaa Awurade din ho asɛm.


na mmom wiase nkwaseadeɛ na Onyankopɔn ayi sɛ ɔde bɛhyɛ anyansafoɔ aniwuo. Na wiase adeɛ a ɛyɛ mmerɛ na Onyankopɔn ayi sɛ ɔde bɛhyɛ deɛ ɛyɛ den no aniwuo.


na n’akoma mu ahuntasɛm ada adi, na ɔde saa akoto, de n’anim abutu fam, asɔre Onyankopɔn, aka sɛ Onyankopɔn wɔ mo mu ampa.


Na sɛ yɛwɔ saa anidasoɔ yi nti, yɛde akokoɔduro kasa,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan