Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Asomafo 3:22 - New Revised Asante Twi Bible

22 Na Mose nso kaa sɛ: Odiyifoɔ a ɔte sɛ me na Awurade mo Nyankopɔn bɛma no soɔ ama mo wɔ mo nuanom mu; ɔno na montie no, sɛdeɛ ɔbɛka akyerɛ mo nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

22 Na Mose nso kaa sɛ: Odiyifoɔ a ɔte sɛ me na Awurade mo Nyankopɔn bɛma no soɔ ama mo wɔ mo nuanom mu; ɔno na montie no, sɛdeɛ ɔbɛka akyerɛ mo nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

22 Na Mose kae se, ‘Awurade, mo Nyankopɔn bɛsoma odiyifo aba mo nkyɛn sɛnea ɔsomaa me a mifi mo mu no. Ɛsɛ sɛ mutie asɛm biara a ɔbɛka akyerɛ mo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

22 Na Mose kaa sɛ, ‘Awurade, mo Onyankopɔn bɛsoma odiyifoɔ aba mo nkyɛn sɛdeɛ ɔsomaa me a mefiri mo mu no. Ɛsɛ sɛ motie asɛm biara a ɔbɛka akyerɛ mo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

22 Na Mose nso kae sɛ: Odiyifo a ɔte sɛ me na Awurade mo Nyankopɔn bɛma no so ama mo wɔ mo nuanom mu; ɔno na muntie nea ɔbɛka akyerɛ mo nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Asomafo 3:22
22 Iomraidhean Croise  

Na nkurɔfoɔ akuakuo no se: Oyi ne Yesu, odiyifoɔ a ɔfiri Nasaret a ɛwɔ Galilea no.


Nanso ɛsɛ sɛ menante nnɛ ne ɔkyena ne n’adekyeeɛ; na ɛnni ho kwan sɛ odiyifoɔ bi bɛtɔ baabi, gye Yerusalem.


Na ɔbisaa wɔn sɛ: Nsɛm bɛn? Na wɔsee no sɛ: Deɛ ɛfa Nasareni Yesu a ɔyɛ odiyifoɔ a ɔwɔ tumi, nneyɛɛ ne ɔkasa mu, Onyankopɔn ne ɔman nyinaa anim no ho,


Na mmara no deɛ, wɔnam Mose so na ɛmaeɛ; na adom ne nokorɛ no deɛ, ɛnam Yesu Kristo so na ɛbaeɛ.


Maba wiase sɛ hann, na obiara a ɔgye me die no antena sum mu.


Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ: Deɛ ɔte m’asɛm, na ɔgye deɛ ɔsomaa me no die no wɔ daa nkwa, na ɔremma atemmuo mu, na watwa mu afiri owuo mu kɔ nkwa mu.


Ɛnna Yesu kasa kyerɛɛ wɔn bio sɛ: Mene wiase hann; deɛ ɔdi m’akyire no rennante sum mu da, na ɔbɛnya nkwa hann.


Oyi ne Mose a ɔka kyerɛɛ Israel mma sɛ: Odiyifoɔ a ɔte sɛ me na Onyankopɔn bɛma no so mo nuanom mu ama mo.


Na deɛ mmara no antumi anyɛ, ɛnam sɛ honam maa no yɛɛ mmerɛ nti, Onyankopɔn somaa ɔno ara ne Ba, bɔne honam suban mu, ɛne bɔne nti, na ɔde buu bɔne no fɔ honam no mu


na agyanom no nso wɔ wɔn, na honam fam no, Kristo a ɔyɛ ade nyinaa so Nyankopɔn a wɔhyira no daa daa no firi wɔn mu bae. Amen.


na ɛberɛ no wiee duro no, Onyankopɔn somaa ne ba a ɔbaa woo no maa wɔwoo no mmara ase,


Yei nti ɛsɛ sɛ yɛsɔ nnoɔma a yɛateɛ no mu den ma no boro soɔ, na yɛamfiri ho da bi.


na ɔnya dii mu no, ɔyɛɛ wɔn a wɔyɛ setie ma no no nyinaa daa nkwagyeɛ farebae,


Yesu Kristo adiyie a Onyankopɔn de maa no sɛ ɔnkyerɛ ne nkoa deɛ ɛtwa sɛ ɛba ntɛm, na ɔnam ne bɔfoɔ so de bɛkyerɛɛ n’akoa Yohane


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan