Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Asomafo 3:18 - New Revised Asante Twi Bible

18 Na Onyankopɔn ama deɛ ɔnam n’adiyifoɔ nyinaa anomu ka too hɔ sɛ Kristo no bɛhunu amaneɛ no aba mu saa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

18 Na Onyankopɔn ama deɛ ɔnam n’adiyifoɔ nyinaa anomu ka too hɔ sɛ Kristo no bɛhunu amaneɛ no aba mu saa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

18 Tete no, Onyankopɔn nam nʼadiyifo so kae se Agyenkwa no behu amane. Na ɔnam saa kwan yi so ma ɛbaa mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

18 Tete no, Onyankopɔn nam nʼadiyifoɔ so kaa sɛ Agyenkwa no bɛhunu amane. Na ɔnam saa ɛkwan yi so maa ɛbaa mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

18 Na Onyankopɔn ama nea ɔnam n’adiyifo nyinaa anom ka too hɔ sɛ Kristo no behu amane no aba mu saa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Asomafo 3:18
19 Iomraidhean Croise  

Na mede ɔtan bɛto wo ne ɔbaa no ntam, ɛne w’asefoɔ ne n’asefoɔ ntam; ɔno na ɔbɛbɔ wo tire, na wo nso woaka ne nantin.


Medanee m’akyi memaa mmaakafoɔ, ne m’afono nso, memaa enwi tutufoɔ. Manyi m’ani mamfiri ahohoradeɛ ne ntasuo ho.


Saa berɛ no akyiri no, wɔbɛtwa deɛ wɔasra no no atwene a ɛrenka no hwee; na ɔberempɔn a ɔbɛba no man no bɛsɛe kuro ne kronkronbea no, na n’awieeɛ bɛyɛ nyirisramsoɔ mu, na akodie bɛduru awieeɛ, amamfoyɛ a wɔahyɛ pintinn no.


Na mɛhwie adom ne nkotosrɛ honhom agu Dawid fie ne Yerusalemfoɔ so, na wɔahwɛ deɛ wɔahwire me mu no, na wɔatue ne so su sɛ ɔbakorɔ so su, na wɔatwa ne so agyaadwo a ɛyɛ ya ara sɛ abakan so deɛ.


Afena, sɔre tia me dwanhwɛfoɔ ne ɔbarima a ɔyɛ me ho nipa no, asafo AWURADE asɛm nie; bɔ odwanhwɛfoɔ no, na nnwan no nhwete, na mɛdane me nsa aba nkumaa no so.


Na ɔsee wɔn sɛ: Yei ne me nsɛm a me ne mo wɔ hɔ no, meka mekyerɛɛ mo no, sɛ ɛtwa sɛ deɛ wɔatwerɛ Mose mmara ne Adiyifoɔ ne Nnwom mu, wɔ me ho no nyinaa ba mu.


Ɔno na adiyifoɔ nyinaa di ne ho adanseɛ sɛ: Obiara a ɔgye no die no nam ne din so bɛnya bɔne fakyɛ.


ɔno ara a wɔnam Nyankopɔn agyina a ɔtuiɛ, ne ne nim a ɔnim dada so yii no maeɛ no, na mofaa no, nam wɔn a wɔnni mmara nsa soɔ bɔɔ no asɛnnua mu kumm no.


Na wɔhyɛɛ no da no, nnipa bebree baa ne nkyɛn faako a ɔteɛ hɔ; na ɔkyerɛɛ wɔn aseɛ dii Nyankopɔn ahennie ho adanseɛ, na ɔde Mose mmara ne adiyifoɔ no kyerɛɛ wɔn Yesu ho nsɛm no firi anɔpa kɔsii anwummerɛ.


ɛfiri sɛ adiyisɛm bi amfa nnipa pɛ so mmaa pɛn, na mmom Nyankopɔn nnipa kronkron so, sɛdeɛ Honhom Kronkron de wɔn rekorɔ no, na wɔkasaeɛ.


Na mehwee ne nan ase mekotoo no. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Hwɛ, nyɛ saa, meyɛ w’awurakwaa ne wo nuanom a wɔkura Yesu adanseɛ no mu bi. Koto Onyankopɔn! Na Yesu adanseɛ ne adiyie honhom no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan