Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Asomafo 3:16 - New Revised Asante Twi Bible

16 Na ɛnam ne din mu gyidie so, na ne din ama oyi a mohu no, na monim no yi ho ayɛ no den. Aane, gyidie a ɛnam Yesu soɔ no na ɛmaa no akwahosan yi wɔ mo nyinaa anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

16 Na ɛnam ne din mu gyidie so, na ne din ama oyi a mohu no, na monim no yi ho ayɛ no den. Aane, gyidie a ɛnam Yesu soɔ no na ɛmaa no akwahosan yi wɔ mo nyinaa anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Tumi a ɛwɔ ne din mu no na ɛmaa saa obubuafo yi nyaa ahoɔden. Gyidi a yɛwɔ wɔ ne din mu no na ɛma yetumi yɛɛ saa anwonwade a muhu yi. Gyidi a yɛwɔ wɔ Yesu din mu no na ama ne ho atɔ no a ogyina mo anim mprempren yi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Tumi a ɛwɔ ne din mu no na ɛmaa saa obubuafoɔ yi nyaa ahoɔden. Gyidie a yɛwɔ wɔ ne din mu no na ɛmaa yɛtumi yɛɛ saa anwanwadeɛ a mohunu yi. Gyidie a yɛwɔ wɔ Yesu din mu no na ama ne ho atɔ no a ɔgyina mo anim seesei yi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

16 Na ɛnam ne din mu gyidi so ne ne din so na ama oyi a muhu no na munim no yi ho ayɛ no den. Yiw, Yesu mu gyidi na ɛmaa no akwahosan yi wɔ mo nyinaa anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Asomafo 3:16
21 Iomraidhean Croise  

Na ɔse: Bra! Na Petro firii kodoɔ no mu si faa nsuo no ani sɛ ɔrekɔ Yesu nkyɛn.


Na Yesu danee ne ho na ɔhunuu no no, ɔkaa sɛ: Ɔbabaa, ma wo bo ntɔ wo yam, wo gyidie agye wo. Na ɛfiri dɔn no ara mu no na ɔbaa no ho yɛɛ no den.


Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ: Deɛ ɔgye me die no, nnwuma a meyɛ no, ɔno nso bɛyɛ, na ɔbɛyɛ akɛseɛ asene yeinom, ɛfiri sɛ me deɛ, merekɔ Agya no nkyɛn.


Sɛ onipa nya twetiatwa homeda na wɔanto Mose mmara no a, adɛn nti na mo bo afu me sɛ mama onipa mu ho ayɛ no den homeda?


Oyi tee sɛ Paulo rekasa; na Paulo nso hwɛɛ no dinn hunuu sɛ ɔwɔ gyidie sɛ ɔbɛnya ayaresa,


Na ɔyɛɛ yei nna bebree. Na ɛyɛɛ Paulo ahomete, na ɔdanee ne ho ka kyerɛɛ honhom no sɛ: Mehyɛ wo Yesu Kristo din mu sɛ: Firi adi firi ne mu! Na dɔn no ara mu ɔfirii adi.


Na Petro kaa sɛ: Dwetɛ ne sika deɛ, menni bi, na deɛ mewɔ na mede merema woɔ yi: Nasareni Yesu Kristo din mu, nante!


Na ɔhuri gyinae, na ɔnantee, na ɔne wɔn kɔɔ asɔrefie hɔ a ɔnam, ɔrehurihuri na ɔreyi Onyankopɔn ayɛ.


mo nyinaa ne Israel man nyinaa nhunu sɛ, Nasareni Yesu Kristo a mobɔɔ no asɛnnua mu, a Onyankopɔn nyanee no firii awufoɔ mu no din mu, ɔno mu na oyi gyina mo anim a ne ho asane yi.


berɛ a wotene wo nsa sa yadeɛ, na wonam w’akoa kronkron Yesu din so yɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ yi.


Na wɔde wɔn bɛgyinaa mfimfini bisaa wɔn sɛ: Tumi bɛn mu anaa din bɛn mu na moyɛɛ yei?


Na ɛyɛ Nyankopɔn tenenee a ɛnam Yesu Kristo ho gyidie soɔ hyɛne wɔn a wɔgye die nyinaa mu no na ɛba wɔn nyinaa soɔ. Na nsonsonoeɛ biara nni mu,


Na sɛ mewɔ adiyie asɛnka, na menim ahuntasɛm nyinaa, ne nimdeɛ nyinaa, na mewɔ gyidie nyinaa ma metutu mmepɔ mpo, na menni dɔ a, mensɛ hwee.


Ɔbotan no, n’adeyɛ yɛ pɛ, na n’akwan nyinaa yɛ tenenee; ɔyɛ nokorɛ Nyankopɔn na nkontompo nni ne mu; ɔteneneeni ne teefoɔ ne no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan