Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Asomafo 3:15 - New Revised Asante Twi Bible

15 Na nkwa hene no deɛ, mokumm no. Ɔno na Onyankopɔn anyane no afiri awufoɔ mu; ɛho adansefoɔ ne yɛn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

15 Na nkwa hene no deɛ, mokumm no. Ɔno na Onyankopɔn anyane no afiri awufoɔ mu; ɛho adansefoɔ ne yɛn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

15 Enti mukum obi a ogye nnipa kɔ nkwa mu. Nanso Onyankopɔn nyan no fii awufo mu na yɛyɛ eyi ho nnansefo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

15 Enti, mokumm obi a ɔgye nnipa kɔ nkwa mu. Nanso, Onyankopɔn nyanee no firii awufoɔ mu na yɛyɛ yei ho adansefoɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

15 Na nkwa hene no de, mukum no. Ɔno na Onyankopɔn anyan no afi awufo mu; ɛho adansefo ne yɛn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Asomafo 3:15
29 Iomraidhean Croise  

Na mone yeinom ho adansefoɔ.


Ne mu na nkwa wɔ, na nkwa no ne nnipa hann;


na mema wɔn daa nkwa, na wɔrenyera, na obi renhwim wɔn mfiri me nsam da.


Yesu see no sɛ: Mene kwan no, nokorɛ no ne nkwa no; obi mma Agya no nkyɛn, gye sɛ ɔnam me so.


sɛdeɛ womaa no honam nyinaa so tumi, sɛ adeɛ biara a wɔde ama no no, ɔmma wɔn daa nkwa.


Yesu bua see no sɛ: Sɛ wonim Nyankopɔn akyɛdeɛ, ne deɛ ɔse wo sɛ: Ma me bi mennom yi a, anka wobɛbisa no, na wama wo nkwa nsuo.


Na deɛ ɔbɛnom nsuo a mɛma no bie no deɛ, osukɔm renne no da; na nsuo a mɛma no no bɛyɛ nsuo abura a ɛfifiri kɔ daa nkwa mu wɔ ne mu.


Na sɛdeɛ Agya no wɔ nkwa ɔno ara mu no, saa ara na ɔde ama Ɔba no nso sɛ ɔnnya nkwa ɔno ara mu;


firi Yohane asubɔ so de bɛsi da a wɔfaa no yɛn nkyɛn kɔɔ soro no mu baako ne yɛn yɛ ne sɔreɛ ho adansefoɔ.


Ɔno na Onyankopɔn anyane no, na wasane owuya homa, ɛfiri sɛ antumi amma sɛ ɛka no hyɛ.


Yesu yi ara na Onyankopɔn anyane no; ɛho adansefoɔ na yɛn nyinaa yɛ.


Na ɛyɛɛ wɔn ahi sɛ wɔrekyerɛkyerɛ ɔman no, na wɔreka awufoɔ mu sɔreɛ wɔ Yesu din mu,


ɔno na Onyankopɔn maa no so kɔɔ ne nifa sɛ Ɔsafohene ne Agyenkwa, sɛ ɔmma Israel adwensakyera ne bɔne fakyɛ.


Saa ara nso na wɔatwerɛ sɛ: Adam, onipa a ɔdi kan no, bɛyɛɛ ɔkra teasefoɔ. Adam a ɔdi akyire no bɛyɛɛ honhom a ɔma nkwa.


a ɔde yɛɛ adeɛ Kristo mu, nyanee no firii awufoɔ mu no teɛ. Ɔde no tenaa ne nifa ɔsoro,


nhwɛ gyidie mu kannifoɔ ne ne wiefoɔ Yesu a ɔhwɛɛ anigyeɛ a ɛda n’anim too ne bo ase hunuu asɛnnua amaneɛ, na wammu aniwuo, na wakɔtena Nyankopɔn ahennwa nifa.


Na ɛfataa deɛ ne nti nnoɔma nyinaa wɔ hɔ na ɛnam ne so na nnoɔma nyinaa wɔ hɔ, deɛ ɔde mma bebree baa animuonyam mu no, sɛ ɔde wɔn nkwagyeɛ safohene nam amanehunu mu bɛkɔ pɛyɛ mu.


na ɔnya dii mu no, ɔyɛɛ wɔn a wɔyɛ setie ma no no nyinaa daa nkwagyeɛ farebae,


Na yɛnim sɛ Nyankopɔn Ba no aba, na wabɛma yɛn nteaseɛ a yɛde hunu ɔnokwafoɔ no. Na yɛwɔ ɔnokwafoɔ no mu, ne ba Yesu Kristo no mu. Oyi ne nokorɛ Nyankopɔn ne daa nkwa no.


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Wɔawie! Mene Alfa ne Omega, mfitiaseɛ ne awieeɛ no. Me na mede nkwa asutire mu nsuo bɛkyɛ obiara a sukɔm de no kwa.


Na ɔkyerɛɛ me nkwa nsuo asubɔnten a ani teɛ sɛ ahwehwɛ a ɛfiri Nyankopɔn ne Adwammaa no ahennwa no mu


Na honhom no ne ayeforɔ no se: Bra! Na deɛ ɔtie no nka sɛ: Bra! Na deɛ sukɔm de no mmra, na deɛ ɔpɛ no mmɛgye nkwa nsuo no kwa.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan