Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Asomafo 3:14 - New Revised Asante Twi Bible

14 Na mopoo Ɔkronkronni ne Ɔteneneeni no, na mosrɛɛ sɛ wɔmfa owudifoɔ nkyɛ mo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

14 Na mopoo Ɔkronkronni ne Ɔteneneeni no, na mosrɛɛ sɛ wɔmfa owudifoɔ nkyɛ mo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

14 Na ɔyɛ Kronkron, ɔteɛ; nanso mopoo no na mosrɛɛ Pilato sɛ ɔmfa odwotwafo mma mo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

14 Na ɔyɛ Kronkron, ɔtene; nanso mopoo no na mosrɛɛ Pilato sɛ ɔmfa odwotwafoɔ mma mo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

14 Na mopaa Ɔkronkronni ne Ɔtreneeni no, na mosrɛe sɛ wɔmfa owudifo nkyɛ mo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Asomafo 3:14
22 Iomraidhean Croise  

Na worennya me kra Asamando, woremma wo hoteni nhunu Amena mu porɔeɛ.


Di ahurisie pii, Sion babaa, huro, Yerusalem babaa! Hwɛ, wo hene reba wo nkyɛn, ɔtene, na ɔwɔ nkwagyeɛ; ɔdwo, na ɔte afunumu so, afunumuburuwa a ɔyɛ afunumubereɛ ba so.


Na asɔfoɔ mpanimfoɔ ne mpanimfoɔ no tuu nkurɔfoɔ akuakuo no aso sɛ wɔnsrɛ Baraba, na wɔnkum Yesu.


Ɛdeɛn na yɛne wo Yesu Nasareni wɔ yɛ? Wobaa sɛ worebɛsɛe yɛn anaa? Menim wo nipa ban, Onyankopɔn Hoteeni no.


Na asɔfoɔ mpanimfoɔ no hwanyann nkurɔfokuo no mu sɛ wɔmma ɔnnyaa Baraba mmom mma wɔn.


Na obi wɔ hɔ a wɔfrɛ no Baraba a wɔagu no ne wɔn a wɔasɔre atia Aban, a wɔadi awu basabasa no mu no mpokyerɛ.


Na ɔbɔfoɔ no bua see no sɛ: Honhom Kronkron no bɛba wo so, na Deɛ Ɔwɔ Sorosoro no ahoɔden abɛkata wo so; enti na ade kronkron a wobɛwoɔ no, wɔbɛfrɛ no Nyankopɔn ba.


Na ɔgyaee deɛ sakasaka ne awudie nti wɔde no kɔtoo afiase a wɔsrɛɛ no no maa wɔn, na Yesu deɛ, ɔyii no mae sɛdeɛ wɔpɛ.


ne tenenee ho, ɛfiri sɛ merekɔ Agya no nkyɛn, na monhu me bio;


Ɛnna wɔn nyinaa teaa mu bio sɛ: Ɛnyɛ oyi, na mmom Baraba! Nso Baraba yɛ odwotwafoɔ.


Na wɔanhunu adeɛ biara a ɛfata owuo wɔ ne mu, nanso wɔsrɛɛ Pilato sɛ wɔnku no.


ɛfiri sɛ worennya me kra Asamando, na woremma wo Kronkronni no nhunu porɔeɛ.


Na ɔkaa sɛ: Yɛn agyanom Nyankopɔn ayi wo ato hɔ sɛ hunu ne pɛ a ɔpɛ, na hunu Ɔteneneeni no, na te nankasa ne nne.


Na wɔhyiae ampa tiaa w’abɔfra kronkron Yesu a woasra no no, wɔne Herode ne Pontio Pilato, ne amanaman ne Israel aman,


sɛ: Yɛammara mo ketee sɛ monnkyerɛkyerɛ din yi mu anaa? Na hwɛ, mode mo nkyerɛkyerɛ yi ahyɛ Yerusalem ma, na mopɛ sɛ mode onipa yi mogya ba yɛn soɔ.


Adiyifoɔ no mu hwan na mo agyanom antaa no? Na wɔkumm wɔn a wɔkaa Ɔteneneeni no ba no ho asɛm kane no; ɔno na afei moayi no ama wɔaku no,


Ɛfiri sɛ, deɛ ɔnnim bɔne no, ɔde no yɛɛ bɔne maa yɛn, na yɛayɛ Nyankopɔn tenenee wɔ ne mu.


Moabu deɛ ɔtene no fɔ akum no; ɔnsi mo kwan.


Ɛfiri sɛ Kristo nso hunuu bɔne ho amane prɛko, deɛ ɔtene hunu maa wɔn a wɔntene, sɛ ɔde yɛn bɛkɔ Nyankopɔn nkyɛn. Wɔkumm no honam mu, na wɔmaa no tenaa ase honhom mu.


Me mma nkumaa, meretwerɛ yeinom mabrɛ mo, na moanyɛ bɔne. Na sɛ obi yɛ bɔne a, yɛwɔ ɔkamafoɔ bi, Agya no nkyɛn, ɔno ne Ɔteneneeni Yesu Kristo.


Na Filadelfia asafo mu bɔfoɔ no, twerɛ kɔma no sɛ: Sɛɛ na ɔkronkronni, ɔnokwafoɔ no, deɛ ɔkura Dawid safoa, na ɔhini a obi nto mu, na ɔto mu, a obi nhini no, seɛ:


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan