Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Asomafo 3:13 - New Revised Asante Twi Bible

13 Abraham ne Isak ne Yakob Nyankopɔn, yɛn agyanom Nyankopɔn, na wahyɛ n’akoa Yesu a moyii no maeɛ, na mopoo no wɔ Pilato a ɔbuu atɛn sɛ ɔbɛgyaa no no anim no animuonyam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

13 Abraham ne Isak ne Yakob Nyankopɔn, yɛn agyanom Nyankopɔn, na wahyɛ n’akoa Yesu a moyii no maeɛ, na mopoo no wɔ Pilato a ɔbuu atɛn sɛ ɔbɛgyaa no no anim no animuonyam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 Abraham, Isak ne Yakob Nyankopɔn ne yɛn nenanom Nyankopɔn ama ne somfo Yesu ɔsoro anuonyam. Mode no maa atumfo; na bere a Pilato yɛɛ sɛ obegyaa no no mpo, mopoo no wɔ nʼanim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 Abraham, Isak ne Yakob Onyankopɔn ne yɛn nananom Onyankopɔn ama ne ɔsomfoɔ Yesu ɔsoro animuonyam. Mode no maa atumfoɔ; na ɛberɛ a Pilato yɛɛ sɛ ɔbɛgyaa no no mpo, mopoo no wɔ nʼanim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

13 Abraham ne Isak ne Yakob Nyankopɔn, yɛn agyanom Nyankopɔn, na wahyɛ n’abofra Yesu anuonyam. Ɔno na muyii no mae na mopaa no wɔ Pilato a obuu ntɛn sɛ obegyaa no anim no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Asomafo 3:13
46 Iomraidhean Croise  

Na Mose bisaa Onyankopɔn sɛ: Na sɛ meduru Israelfoɔ nkyɛn, na meka kyerɛ wɔn sɛ: Mo nananom Nyankopɔn asoma me mo nkyɛn, na wɔbisa me sɛ: Ne din de sɛn a, sɛn na mense wɔn?


Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Mose bio sɛ: Sɛdeɛ ka kyerɛ Israelfoɔ no nie: AWURADE, mo nananom Nyankopɔn, Abraham Nyankopɔn, Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn na wasoma me mo nkyɛn. Na yei ne me din de kɔsi daa, na yei na wɔmfa nkae me, awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.


Na ɔkaa sɛ: Mene w’agya Nyankopɔn no, Abraham Nyankopɔn, Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn no. Ɛnna Mose kataa n’anim, ɛfiri sɛ na ɔsuro sɛ ɔbɛhwɛ Onyankopɔn.


M’agya de nnoɔma nyinaa ahyɛ me nsa; na obiara nnim Ɔba no, gye Agya no, na obiara nnim Agya no, gye Ɔba no ne deɛ Ɔba no pɛ sɛ ɔyi no adi kyerɛ no.


na wɔde no ahyɛ amanaman mufoɔ nsa sɛ wɔngoro ne ho, na wɔnka no mpire na wɔmmɔ no asɛnnua mu, na da a ɛtɔ so nnansa no ɔbɛnyane bio.


sɛ: Mene Abraham Nyankopɔn ne Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn? Onyankopɔn nyɛ awufoɔ Nyankopɔn na mmom ateasefoɔ Nyankopɔn.


Na wɔkyekyeree no de no kɔ kɔhyɛɛ Amrado Pilato nsa.


Na Yesu ba bɛkasa kyerɛɛ wɔn sɛ: Wɔde ɔsoro ne asase so tumi nyinaa ama me.


Na asɔfoɔ mpanimfoɔ no hwanyann nkurɔfokuo no mu sɛ wɔmma ɔnnyaa Baraba mmom mma wɔn.


Na ɔsanee sɛ: Ɔbaa, menni no.


Na Pilato ka kyerɛɛ asɔfoɔ mpanimfoɔ ne nkurɔfoɔ akuakuo no sɛ: Menhunu afobusɛm biara onipa yi mu.


Nanso mommmu atɛn, na wɔammu mo atɛn; mommmu fɔ, na wɔammu mo fɔ; momfa nkyɛ, na wɔde akyɛ mo.


Nso n’asuafoɔ no anhunu yeinom kane no; na Onyankopɔn hyɛɛ Yesu animuonyam akyiri no, ɛno na wɔkaee sɛ wɔatwerɛ yeinom ne ho, na wɔayɛ ama no.


Ɛnna wɔn nyinaa teaa mu bio sɛ: Ɛnyɛ oyi, na mmom Baraba! Nso Baraba yɛ odwotwafoɔ.


Yesu buaa sɛ: Sɛ wɔamfa amma wo amfiri soro a, anka wonni me so tumi biara; yei nti deɛ ɔyii me maa woɔ no na ne bɔne so.


Ɛfiri hɔ no, Pilato hwehwɛɛ sɛ ɔgyaa no; na Yudafoɔ no teaa mu sɛ: Sɛ wogyaa oyi a, wonyɛ Kaesare adamfo; obiara a ɔyɛ ne ho hene no tia Kaesare.


Na wɔteaa mu sɛ: Fa no kɔ! Fa no kɔ! Bɔ no asɛnnua mu! Pilato see wɔn sɛ: Memmɔ mo hene asɛnnua mu anaa? Asɔfoɔ mpanimfoɔ no buaa sɛ: Yɛnni ɔhene bi sɛ Kaesare.


Na yei deɛ, ɔkaa wɔ Honhom a wɔn a wɔgye no die rebɛnya no ho; na Honhom no nnya mmae, ɛfiri sɛ wɔnnya nhyɛɛ Yesu animuonyam.


Na ɔkaa sɛ: Yɛn agyanom Nyankopɔn ayi wo ato hɔ sɛ hunu ne pɛ a ɔpɛ, na hunu Ɔteneneeni no, na te nankasa ne nne.


Na yei deɛ, mepae mu meka mekyerɛ wo sɛ Ɔkwan a wɔfrɛ no sɛ Fekuo no mu na mesɔre m’agyanom Nyankopɔn, na megye nnoɔma a wɔatwerɛ no mmara ne adiyifoɔ mu nyinaa medi.


Na Petro hunuiɛ no, ɔsee ɔman no sɛ: Israel mmarima, adɛn na oyi ho yɛ mo nwanwa, anaasɛ adɛn na mohwɛ yɛn haa sɛdeɛ yɛn ara yɛn tumi, anaa ɛsom pa na yɛde maa no nanteeɛ yi?


Mo na Onyankopɔn nyanee n’akoa no, ɔsomaa no wɔ mo nkyɛn kane sɛ ɔmmɛhyira mo, sɛ ɔbɛdane mo nyinaa afiri mo bɔne ho.


Na wɔhyiae ampa tiaa w’abɔfra kronkron Yesu a woasra no no, wɔne Herode ne Pontio Pilato, ne amanaman ne Israel aman,


berɛ a wotene wo nsa sa yadeɛ, na wonam w’akoa kronkron Yesu din so yɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ yi.


Mene w’agyanom Nyankopɔn, Abraham ne Isak ne Yakob Nyankopɔn. Na Mose ho popoeɛ, na wansi ne bo ankɔhwɛ.


na agyanom no nso wɔ wɔn, na honam fam no, Kristo a ɔyɛ ade nyinaa so Nyankopɔn a wɔhyira no daa daa no firi wɔn mu bae. Amen.


Na mmom, yɛhunu Yesu, deɛ berɛ tiawa bi mu, wɔbrɛɛ no ase senee abɔfoɔ no, sɛdeɛ ɔbɛfa Onyankopɔn adom so bɛka owuo ahwɛ ama nnipa nyinaa. Seesei ɛsiane owuo amanehunu nti, wɔde animuonyam ne anidie abɔ no abotire.


ne deɛ ɔte aseɛ no. Na mewui, na hwɛ, mete ase daa daa, na mekura Owuo ne asamando nsafoa.


ne Yesu Kristo a ɔyɛ ɔdansefoɔ nokwafoɔ ne awufoɔ mu abakan ne asase so ahene sodifoɔ no nkyɛn nka mo. Deɛ ɔdɔ yɛn, na ɔde ne mogya adware yɛn afiri yɛn bɔne mu,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan