Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Asomafo 3:12 - New Revised Asante Twi Bible

12 Na Petro hunuiɛ no, ɔsee ɔman no sɛ: Israel mmarima, adɛn na oyi ho yɛ mo nwanwa, anaasɛ adɛn na mohwɛ yɛn haa sɛdeɛ yɛn ara yɛn tumi, anaa ɛsom pa na yɛde maa no nanteeɛ yi?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

12 Na Petro hunuiɛ no, ɔsee ɔman no sɛ: Israel mmarima, adɛn na oyi ho yɛ mo nwanwa, anaasɛ adɛn na mohwɛ yɛn haa sɛdeɛ yɛn ara yɛn tumi, anaa ɛsom pa na yɛde maa no nanteeɛ yi?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Bere a Petro huu nnipadɔm no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Israelfo, adɛn na eyi yɛ mo nwonwa? Adɛn nti na mohwɛ yɛn, susuw sɛ yɛnam yɛn tumi anaa yɛn som pa so na asa ɔbarima yi yare?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Ɛberɛ a Petro hunuu nnipadɔm no no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Israelfoɔ, adɛn na yei yɛ mo nwanwa? Adɛn enti na mohwɛ yɛn, susu sɛ yɛnam yɛn tumi anaa yɛn som pa so na asa ɔbarima yi yadeɛ?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

12 Na Petro hui no, osee ɔman no sɛ: Israel mmarima, adɛn na oyi ho yɛ mo nwonwa, anaasɛ dɛn na mohwɛ yɛn haa te sɛnea yɛn ankasa tumi anaa ɔsom pa na yɛde ma ɔnantewee yi?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Asomafo 3:12
15 Iomraidhean Croise  

Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Yɛasoso daeɛ, nso obiara nni hɔ a ɔbɛkyerɛ aseɛ. Na Yosef ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Nkyerɛaseɛ mfiri Onyankopɔn hɔ anaa? Monka nkyerɛ me ɛ!


Na Yosef buaa Farao sɛ: Ɛnni me fam, na mmom Onyankopɔn na ɔmfa mmuaeɛ pa mma Farao.


Deɛ ɔbɔ ɔno ara ne tirim kasa no, hwehwɛ ɔno ara animuonyam; na deɛ ɔhwehwɛ deɛ ɔsomaa no no animuonyam no, ɔno na ɔyɛ ɔnokwafoɔ a, deɛ ɛntene nni ne mu.


Anuanom, Abraham asefoɔ ne mo mu nnipa a mosuro Onyankopɔn no, yɛn na wɔasoma nkwagyeɛ asɛm yi abrɛ yɛn.


Israel mmarima, montie nsɛm yi! Yesu, Nasareni no, ɔbarima a Onyankopɔn de ahoɔdenneɛ ne anwanwadeɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ a ɔno Onyankopɔn no ara nam ne so yɛɛ no mo mu yii no kyerɛɛ mo, sɛdeɛ mo ara nso monim no,


Berɛ a na ɔtetare Petro ne Yohane ho no, ɔman no nyinaa de mmirika bɛhyiaa wɔn nkyɛn abrannaa a wɔfrɛ no Salomo deɛ no so, na wɔn ani so yɛɛ wɔn yaa.


Abraham ne Isak ne Yakob Nyankopɔn, yɛn agyanom Nyankopɔn, na wahyɛ n’akoa Yesu a moyii no maeɛ, na mopoo no wɔ Pilato a ɔbuu atɛn sɛ ɔbɛgyaa no no anim no animuonyam.


Na afei mese: Onyankopɔn ato ne man atwene anaa? Dabi da, na me nso meyɛ Israelni a mefiri Abraham asefoɔ mu, Benyamin abusuakuo mu.


na wɔyɛ Israelfoɔ a abayɛ ne animuonyam, ne apam ahodoɔ ne mmarahyɛ ne nyamesom ne bɔhyɛ ahodoɔ no yɛ wɔn dea;


Ɛnyɛ sɛ yɛn ara yɛfata sɛ yɛbɛsusu ahunu biribi sɛdeɛ ɛfiri yɛn ara yɛn mu, na mmom yɛn fata a yɛfata no firi Nyankopɔn mu.


Na mpanimfoɔ no mu baako bisaa me sɛ: Yeinom a wɔhyehyɛ ntadeɛ yuu fitaa yi yɛ hwannom, na wɔfiri he?


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan