Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Asomafo 28:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Na nnipa a wɔwɔ hɔ no yɛɛ yɛn adɔeɛ kɛseɛ; na osuo a ɛretɔ ne awɔ no nti, wɔsɔɔ ogya maa yɛn gyee yɛn nyinaa fɛ so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Na nnipa a wɔwɔ hɔ no yɛɛ yɛn adɔeɛ kɛseɛ; na osuo a ɛretɔ ne awɔ no nti, wɔsɔɔ ogya maa yɛn gyee yɛn nyinaa fɛ so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Supɔw no sofo no gyee yɛn fɛw so. Esiane sɛ na osu atɔ ama awɔw aba nti, wɔsɔɔ ogya ma yɛtoe.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Supɔ no sofoɔ no gyee yɛn fɛ so. Esiane sɛ na osuo atɔ ama awɔ aba enti, wɔsɔɔ ogya ma yɛtoeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Na ɛhɔfo pɔtɔfo no yɛɛ yɛn adɔe pii a ɛmma ɔka; na osu a ɛretɔ ne awɔw no nti, wɔsɔɔ ogya gyee yɛn nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Asomafo 28:2
19 Iomraidhean Croise  

Ɛnna Yuda ne Benyamin mmarima nyinaa boaboaa wɔn ano bɛhyiaa Yerusalem nnansa mu, ɛyɛ bosome a ɛtɔ so nkron no da a ɛtɔ so aduonu. Na ɔman no nyinaa tenatenaa Nyankopɔn fie no anim mpraeɛ no so, na asɛm no ne osu kɛseɛ bi nti wɔn ho popoe.


Ntɔ were na nnya wo nkurɔfoɔ mu biara ho menasepɔ, na dɔ wo yɔnko sɛ wo ho: Mene AWURADE.


Ɔhɔhoɔ a wabɛtena mo mu nyɛ mo sɛ mo kuromani bi, na dɔ no sɛ wo ho, ɛfiri sɛ moyɛɛ Misraim asase so ahɔhoɔ: Mene AWURADE mo Nyankopɔn.


Na obiara a ɔbɛma nketewa yi mu baako nsuonwunu kuruwa ma osuani din mu no, nokorɛ mese mo sɛ, n’akatua remmɔ no.


Nso na nkoa ne asomfoɔ no gyinagyina hɔ asɔ gya, ɛfiri sɛ awɔ aba, na wɔretoɔ; na Petro nso ne wɔn gyina hɔ na ɔreto bie.


Na adeɛ kyeeɛ no, yɛkɔgyinaa Sidon. Na Yulio yɛɛ Paulo adɔeɛ maa no kwan sɛ ɔnkɔ ne nnamfonom nkyɛn mma wɔnhwɛ no.


Na Paulo boaboaa mmabowa ano de guu ogya no soɔ no, ɔhyeɛ no nti, ahuritia bi firii mu bɛbankyeree ne nsa ho.


Na nnipa a wɔwɔ hɔ no hunuu aboa no sɛ ɔsɛne ne nsa ho no, wɔsesee wɔn ho wɔn ho sɛ: Ampa ara, onipa yi yɛ owudini a wanya nkwa afiri ɛpo mu deɛ, nanso aweretɔ nti, ɛremma no nnya nkwa.


Mede Helafoɔ ne Pɔtɔfoɔ anyansafoɔ ne wɔn a wɔyɛ adwenem harefoɔ no ka;


Deɛ ɔyɛ mmerɛ gyidie mu no, monnye no, na mmom mo ne no nham wɔ deɛ n’adwene kyerɛ no ho.


Deɛ ɔdie no mmmu deɛ ɔnnie animtia, na deɛ ɔnnie no mmmu deɛ ɔdie atɛn, na Onyankopɔn agye no.


Na deɛ wɔawo no momonoto a ɔdi mmara no soɔ no bɛbu wo a wonim atwerɛ no, na woyɛ twetiani nanso woto mmara no atɛn!


na sɛ mente kasa no ase a, mebu deɛ ɔkasa no sɛ ɔpɔtɔni, na deɛ ɔkasa no nso abu me sɛ ɔpɔtɔni.


adwuma ne ɔbrɛ mu, apɛsire mu, ɛkɔm ne sukɔm mu, abuada pii mu, awɔ ne adagya mu.


faako a Helani ne Yudani, twetiatwa ne momonotoyɛ, ɔpɔtɔni, Skiteni, akoa anaa ɔdehyeɛ bi nni hɔ bio, na mmom Kristo ne ade nyinaa wɔ wɔn nyinaa mu no.


Ahɔhoyɛ nso, mommma mo ani mmpa so; ɛfiri sɛ yei so na ebinom nam yɛɛ abɔfoɔ hɔhoɔ a wɔn ani nni soɔ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan