Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Asomafo 27:7 - New Revised Asante Twi Bible

7 Na nnafua bebree na yɛnam brɛɛ, na yɛbrɛe ansa na yɛrebɛn Knido, na mframa amma yɛn ho kwan nti, yɛfaa Kreta aseɛ aseɛ sianee Salmone ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

7 Na nnafua bebree na yɛnam brɛɛ, na yɛbrɛe ansa na yɛrebɛn Knido, na mframa amma yɛn ho kwan nti, yɛfaa Kreta aseɛ aseɛ sianee Salmone ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Hyɛn no kɔɔ brɛoo enti yedii nna wɔ po no so. Yɛbrɛɛ ansa na yɛredu Knido. Esiane sɛ na mframa bɔ hyia yɛn no nti, yɛfaa Salmoni hyɛngyinabea ka kɔɔ Kreta nifa fam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Ɛhyɛn no kɔɔ brɛoo maa yɛdii nna wɔ ɛpo no so. Yɛbrɛeɛ ansa na yɛreduru Knido. Esiane sɛ na mframa bɔ hyia yɛn no enti, yɛfaa Salmoni hyɛngyinabea ka kɔɔ Kreta nifa fam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 Na nnafua bebree na yɛnam brɛoo, na yɛbrɛe ansa na yɛrebɛn Knido, na mframa amma yɛn ho kwan nti, yɛfaa Krete ase ase twaa Salmone ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Asomafo 27:7
6 Iomraidhean Croise  

Kretafoɔ ne Arabfoɔ, yɛte sɛ wɔde yɛn kasa ka Nyankopɔn nnwuma akɛseɛ.


Na nna bebree twaa mu a wɔnnidie no, Paulo sɔre gyinaa wɔn mfimfini kaa sɛ: Mmarima, ɛsɛ sɛ anka motie me, na yɛamfiri Kreta ammɛhunu amane ne adesɛeɛ yi.


Na yɛtu firii hɔnom no, yɛfaa Kipro aseɛ aseɛ, ɛfiri sɛ mframa hyiaa yɛn.


Wɔn mu bi a ɔyɛ wɔn ara wɔn diyifoɔ kaa sɛ: Kretafoɔ yɛ atorofoɔ daa, mmoa bɔne, akwadwofoɔ adidifoɔ.


Yei nti na megyaa wo Kreta, na woasiesie nnoɔma a aka no pɛpɛɛpɛ, na woasisi kuro biara so mpanimfoɔ, sɛdeɛ mehyɛɛ woɔ no:


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan