Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Asomafo 27:41 - New Revised Asante Twi Bible

41 Na wɔkɔpemm nsuo mu anweatam bi no, wɔde suhyɛn no kɔtaee, na etire kɔtimii, na ɛkaa hɔ pintinn, na ɛtoɔ deɛ, asorɔkyeɛ a na ɛrebɔ denden no bubui.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

41 Na wɔkɔpemm nsuo mu anweatam bi no, wɔde suhyɛn no kɔtaee, na etire kɔtimii, na ɛkaa hɔ pintinn, na ɛtoɔ deɛ, asorɔkyeɛ a na ɛrebɔ denden no bubui.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

41 Nanso ɛhyɛn no kɔpem nweatam bi ma ɛkae. Hyɛn no anim kaa denneennen na asorɔkye a na ɛrebɔ no maa akyi no nso bubui.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

41 Nanso, ɛhyɛn no kɔpem anweatam bi ma ɛtimiiɛ. Ɛhyɛn no anim timii dendeenden ɛnna nʼakyi no nso, asorɔkye a na ɛrebɔ no no ma ɛbubuiɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

41 Na wɔkɔhwee baabi a ɛpo abu kɔntɔn no, wɔde suhyɛn no kɔtaae, na eti kotimii, na ɛkaa hɔ pintinn, na ɛto de, asorɔkye a ɛbɔ dennen no bubuu no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Asomafo 27:41
11 Iomraidhean Croise  

Yehosafat yɛɛ Tarsis ahyɛn sɛ ɛnkɔ Ofir na ɛnkɔpɛ sika kɔkɔɔ, nanso ankɔ, ɛfiri sɛ ahyɛn no bobɔe wɔ Esion-geber.


Na Dodafahu ba Eliesa a ɔfiri Maresa hyɛɛ Yehosafat ho nkɔm sɛ: Sɛ wo ne Ahasia apam nti, AWURADE asɛe wo nnwuma. Na ahyɛn no bobɔe, na wɔantumi ankɔ Tarsis.


W’aharefoɔ no de wo kɔ nsuo bebree so, apueeɛ mframa bobɔ wo wɔ ɛpo ahodoɔ no mfimfini.


Afei a wɔabobɔ wo afiri ɛpo ani de wo ahyɛ nsu donkodonko mu yi, w’adwadeɛ ne w’asafo a ɛwɔ wo mu no nyinaa atotɔ.


Na wɔmaa soɔ no, wɔboa maa wɔkyekyeree hyɛn no; na wɔsuro sɛ ebia wɔbɛkɔ akɔhwe Anweatam no so nti, wɔhwann hyɛndua no, na ɛtwee wɔn saa.


Na ɛsiane sɛ na suhyɛn mu adwumayɛfoɔ no rehwehwɛ adwane afiri suhyɛn no mu nti, wɔgyaa kodoɔ no mu too po mu, yɛɛ sɛdeɛ wɔrekɔto sɛkyɛ afiri hyɛn no tiri nso no,


Na wɔtwaa asɛkyɛ no ahoma mu gyaa mu guu po mu, na wɔsanee akyerɛkyerɛkwan no ahoma, na wɔsii hyɛn no anim abrannaa maa mframa a ɛbɔeɛ no pia kɔɔ mpoano.


Na asraafoɔ no tuu agyina sɛ wɔbɛkum nneduafoɔ no, na obi annware annwane.


Enti, me nuanom, adɔfo, montintim, monnhinhim, monkɔ so Awurade adwuma mu daa, ɛfiri sɛ monim sɛ mo brɛ nyɛ kwa, Awurade mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan