Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Asomafo 27:11 - New Revised Asante Twi Bible

11 Nanso asraafoɔ ɔha so panin no gyee suhyɛn kwankyerɛfoɔ ne suhyɛn wura no diiɛ kyɛnee deɛ Paulo kaeɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

11 Nanso asraafoɔ ɔha so panin no gyee suhyɛn kwankyerɛfoɔ ne suhyɛn wura no diiɛ kyɛnee deɛ Paulo kaeɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Nanso asraafo panyin no antie fo a Paulo tuu wɔn no, na mmom otiee nsɛm a hyɛnkafo no ne hyɛn no wura kae no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Nanso, asraafoɔ panin no antie fo a Paulo tuu wɔn no, na mmom ɔtiee nsɛm a hyɛnkafoɔ no ne ɛhyɛn no wura kaeɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

11 Nanso asraafo ha so panyin no gyee hyɛn kwankyerɛfo ne hyɛn wura no dii kyɛn nea Paulo kae no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Asomafo 27:11
9 Iomraidhean Croise  

Na Israel hene soma maa wɔkɔɔ faako a Nyankopɔn nipa no ka kyerɛɛ no na ɔtuu no ɛho foɔ no hɔ, na ɔsraa hɔ, ɛnyɛ prɛko na ɛnyɛ mprenu nso.


Onitefoɔ hunu bɔne a ɛbɛba, na ɔde ne ho hunta, nanso adwenemharefoɔ de ne ho hyɛ mu, na wɔnya asotwe.


na ɔtefoɔ te totorobɛnto no hyɛn, na wantie kɔkɔbɔ no, na nkrantɛ no ba bɛfa no kɔ a, ne mogya bɛbua n’atifi.


Na nna bebree twaa mu a wɔnnidie no, Paulo sɔre gyinaa wɔn mfimfini kaa sɛ: Mmarima, ɛsɛ sɛ anka motie me, na yɛamfiri Kreta ammɛhunu amane ne adesɛeɛ yi.


Gyidie na deɛ wɔnnya nhunuu ɛho nsɛm baa Noa nkyɛn no, ɔde daa ne ho so siesiee adaka maa ne fie nkwagyeɛ, ɛno so na ɔnam buu wiase fɔ, na ɔyɛɛ gyidie ho tenenee ɔdedifoɔ.


Hwɛ, ɛhyɛn nso a ɛsoso sɛɛ, na mframa a emu yɛ den pia no, wɔde dua akyerɛkyerɛkwan ketewa bi na ɛdanedane no kɔ baabiara a hyɛn kwankyerɛfoɔ no pɛ.


Ɛfiri sɛ dɔnhwereɛ baako pɛ mu na saa ahonya no ayɛ pasaa yi. Na hyɛn akwankyerɛfoɔ nyinaa ne wɔn a wɔnam hyɛn mu kɔ baabi nyinaa, ne hyɛn mufoɔ ne dodoɔ a wɔyɛ ɛpo so adwuma gyinagyina akyiri,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan