Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Asomafo 26:22 - New Revised Asante Twi Bible

22 Na ɛnam sɛ Onyankopɔn di m’akyire nti, na megyina hɔ de abɛduru nnɛ yi, na medi nnipa nketewa ne akɛseɛ adanseɛ, na menka biribiara sɛ deɛ adiyifoɔ ne Mose kaa sɛ ɛbɛba no:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

22 Na ɛnam sɛ Onyankopɔn di m’akyire nti, na megyina hɔ de abɛduru nnɛ yi, na medi nnipa nketewa ne akɛseɛ adanseɛ, na menka biribiara sɛ deɛ adiyifoɔ ne Mose kaa sɛ ɛbɛba no:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

22 Nanso besi nnɛ yi Onyankopɔn abɔ me ho ban nti na migyina ha redi adanse akyerɛ obiara yi. Asɛm koro a Mose ne adiyifo no kae se

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

22 Nanso, ɛbɛsi ɛnnɛ, Onyankopɔn abɔ me ho ban enti na megyina ha redi adanseɛ akyerɛ obiara yi. Asɛm korɔ a Mose ne adiyifoɔ no kaa sɛ,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

22 Na esiane sɛ Onyankopɔn di m’akyi nti na migyina hɔ de abedu nnɛ yi, na midi nnipa nketewa ne akɛse adanse, na menka biribiara sɛ nea adiyifo ne Mose kae sɛ ɛbɛba no:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Asomafo 26:22
42 Iomraidhean Croise  

Na bosome a ɛdi kan no da a ɛtɔ so dummienu no mu yɛtu firii Ahawa asuo no ano sɛ yɛrekɔ Yerusalem. Na yɛn Nyankopɔn nsa wɔ yɛn so, na ɔyii yɛn firii atamfoɔ ne wɔn a wɔtɛ ɔkwan mu no nsam.


Yɛn mmoa wɔ AWURADE a ɔyɛɛ ɔsoro ne asase no din mu.


Onyankopɔn a ɔtɔɔ were maa me, na ɔde aman hyɛɛ m’aseɛ;


Woama ɔdasani anante yɛn tiri so, yɛafa ogya ne nsuo mu, nanso woayi yɛn aba deɛ nnepa abu soɔ hɔ.


Onipa ba no rekɔ sɛdeɛ wɔatwerɛ ne ho deɛ, nanso onipa a ɔbɛyi Onipa Ba no ama no nnue! Sɛ wɔanwo saa onipa no a, anka ɛyɛ ma no.


na mewɔ nuammarimanom baanum, na ɔnkɔdi wɔn adanseɛ, na wɔn nso amma aninyanneɛ mu ha yi bi.


Na ɔfiri Mose ne adiyifoɔ nyinaa so kyerɛɛ wɔn atwerɛ nyinaa mu nsɛm a ɛfa ne ho ase.


Na ɔsee wɔn sɛ: Yei ne me nsɛm a me ne mo wɔ hɔ no, meka mekyerɛɛ mo no, sɛ ɛtwa sɛ deɛ wɔatwerɛ Mose mmara ne Adiyifoɔ ne Nnwom mu, wɔ me ho no nyinaa ba mu.


Na ɔsee wɔn sɛ: Wɔatwerɛ sɛ: Kristo no bɛhunu amane, na da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, wasɔre afiri awufoɔ mu,


Na mmara no deɛ, wɔnam Mose so na ɛmaeɛ; na adom ne nokorɛ no deɛ, ɛnam Yesu Kristo so na ɛbaeɛ.


Filipo hunuu Natanael, na ɔsee no sɛ: Deɛ Mose, wɔ mmara no mu ne adiyifoɔ no twerɛɛ ne ho asɛm no, yɛahu no, Yesu, Yosef ba a ɔfiri Nasaret no.


Mohwehwɛ atwerɛsɛm no mu, ɛfiri sɛ mosusu sɛ mowɔ daa nkwa wɔ mu; na ɛno ne deɛ ɛdi me ho adanseɛ,


Na sɛ mogye Mose di a, anka mobɛgye me adi; na me ho nsɛm no, ɔno na ɔtwerɛeɛ.


Ɔno na adiyifoɔ nyinaa di ne ho adanseɛ sɛ: Obiara a ɔgye no die no nam ne din so bɛnya bɔne fakyɛ.


Na wɔwiee deɛ wɔatwerɛ ne ho nyinaa no, wɔyii no firii dua no ho de no kɔtoo ɛda mu.


Na yei deɛ, mepae mu meka mekyerɛ wo sɛ Ɔkwan a wɔfrɛ no sɛ Fekuo no mu na mesɔre m’agyanom Nyankopɔn, na megye nnoɔma a wɔatwerɛ no mmara ne adiyifoɔ mu nyinaa medi.


Na mɛgye wo mafiri ɔman no ne amanaman a meresoma wo wɔn nkyɛn no nsam.


Na afei megyina ha, na wɔrebu me atɛn Nyankopɔn bɔ a ɔhyɛɛ yɛn agyanom no ho anidasoɔ nti.


Na wɔhyɛɛ no da no, nnipa bebree baa ne nkyɛn faako a ɔteɛ hɔ; na ɔkyerɛɛ wɔn aseɛ dii Nyankopɔn ahennie ho adanseɛ, na ɔde Mose mmara ne adiyifoɔ no kyerɛɛ wɔn Yesu ho nsɛm no firi anɔpa kɔsii anwummerɛ.


Na afei wɔakwati mmara ayi Nyankopɔn tenenee adi; ɛho adanseɛ na mmara ne adiyifoɔ die.


Na nsɛm a adi kan a me nso menyaeɛ a mede mehyɛɛ mo nsa ne sɛ: Yɛn bɔne nti Kristo wui, sɛdeɛ twerɛ nsɛm no ka no.


Na wɔsiee no, na ne nnansa soɔ no wɔnyanee no, sɛdeɛ twerɛ nsɛm no ka no.


me taa a wɔanya me ntaaeɛ, m’amanehunu a ɛbaa me so Antiokia, Ikonium ne Listra no akyi. Saa ɔtaa yi na megyinaa mu, na Awurade gyee me firii ne nyinaa mu.


Na amanaman no bo afu, na w’abufuo ne awufoɔ berɛ no aduru sɛ wobɛbu atɛn, na woama wo nkoa, adiyifoɔ ne ahotefoɔ ne wɔn a wɔsuro wo din, nketewa ne akɛseɛ no akatua, na woasɛe wɔn a wɔasɛe asase no.


Na wɔto Nyankopɔn akoa Mose dwom ne Adwammaa no dwom sɛ: Awurade Nyankopɔn, adeɛ nyinaa so tumfoɔ, wo nnwuma yɛ akɛseɛ na ɛyɛ nwanwa. Amanaman hene, w’akwan tene na ɛyɛ nokorɛ.


Na mehunuu awufoɔ, nketewa ne akɛseɛ, sɛ wɔgyinagyina ahennwa no anim; na wɔbuebuee nwoma mu. Na wɔbuee nwoma foforɔ bi a ɛyɛ nkwa nwoma no mu; na wɔnam nsɛm a wɔatwerɛ no nwoma no mu no so bubuu awufoɔ atɛn sɛdeɛ wɔn nnwuma teɛ.


Ɛnna Samuel faa ɔboɔ baako de sii Mispa ne Sen ntam, na ɔtoo no din Eben-eser kaa sɛ: Ɛha na AWURADE aboa yɛn abɛsie.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan