Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Asomafo 26:13 - New Revised Asante Twi Bible

13 Na awigyina, ɔhene, ɛkwan so no, mehunuu hann bi a ɛkyɛne owia hran sɛ ɛfiri soro abɛtwa me ne wɔn a wɔne me nam no ho ahyia.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

13 Na awigyina, ɔhene, ɛkwan so no, mehunuu hann bi a ɛkyɛne owia hran sɛ ɛfiri soro abɛtwa me ne wɔn a wɔne me nam no ho ahyia.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 Daasebrɛ, da bi owigyinae a merekɔ Damasko no hann bi a ɛkyɛn owia hyerɛn fii ɔsoro betwaa me ne wɔn a yɛnam no ho hyiae.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 Daasebrɛ, da bi owigyinaeɛ a merekɔ Damasko no, hann bi a ɛkyɛn owia hyerɛn firii ɔsoro bɛtwaa me ne wɔn a yɛnam no ho hyiaeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

13 Na owigyinae, ɔhene, ɔkwan so no, mihuu hann bi a ɛkyɛn owia haran sɛ efi soro betwaa me ne wɔn a wɔne me nam no ho hyiae.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Asomafo 26:13
10 Iomraidhean Croise  

Na ɔsrane ani bɛwu, na owia anim bɛgu ase, ɛfiri sɛ asafo AWURADE bɛdi hene wɔ Sion bepɔ so ne Yerusalem, na wayi n’animuonyam wɔ ne mpanimfoɔ anim.


Na ɔsrane hann bɛyɛ sɛ owia hann, na owia hann bɛyɛ mmɔho nson, sɛ nnanson hann, ɛda a AWURADE bɛkyekyere ne man bubuo na wasa ne hweɛ ano kuro no.


Na ɔsakyeraa wɔ wɔn anim, na n’anim hyerɛnee sɛ owia, na ne ntadeɛ yɛɛ fitaa sɛ hann.


Na ɛbaa sɛ menam kwan so na mebɛnee Damasko no, ɛbɛyɛ awigyina no, mpofirim, hann kɛseɛ bi firi soro hyerɛn bɛtwaa me ho hyiae.


Na wɔn a wɔne me nam no hunuu hann no deɛ, nanso wɔante deɛ na ɔne me rekasa no nne.


Ɛno mu na menam sɛ merekɔ Damasko, na asɔfoɔ mpanimfoɔ ama me tumi ne ɛho kwan.


Na yɛn nyinaa hwehwee aseɛ no, metee nne bi a ɛkasa kyerɛɛ me Hebri kasa mu sɛ: Saulo, Saulo, adɛn nti na wotaa me? Ɛyɛ den ma wo sɛ wobɛto ɔkafoɔ poma ano dadeɛ kotie.


Na ɔnam nam no, ɛbaa sɛ ɔbɛnee Damasko, na mpofirim, hann a ɛfiri soro bɛhyerɛn twaa ne ho hyiae.


na ɔkura nsoromma nson wɔ ne nifa mu, na afena anofanu nnamnnam firi n’anomu, na n’anim te sɛ owia rehyerɛn n’ahoɔden mu.


Na ɛnhia sɛ owia anaa ɔsrane bɛpae wɔ kuro no mu, ɛfiri sɛ Nyankopɔn animuonyam hyerɛn wɔ mu, na ne kanea ne Adwammaa no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan