Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Asomafo 26:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 ɛno nso na meyɛɛ no Yerusalem, na menyaa asɔfoɔ mpanimfoɔ nkyɛn tumi no, mede ahotefoɔ bebree meguu afiase. Na wɔrekum wɔn a, mede m’ano meto mu bi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

10 ɛno nso na meyɛɛ no Yerusalem, na menyaa asɔfoɔ mpanimfoɔ nkyɛn tumi no, mede ahotefoɔ bebree meguu afiase. Na wɔrekum wɔn a, mede m’ano meto mu bi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Saa ara na meyɛɛ wɔ Yerusalem. Migyee tumi nhoma fii asɔfo mpanyin nkyɛn gyinaa so kyekyeree Onyankopɔn akyidifo guu afiase; na sɛ wobu wɔn kumfɔ a, midi mu akoten.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Saa ara na meyɛɛ wɔ Yerusalem. Megyee tumi nwoma firii asɔfoɔ mpanin nkyɛn gyinaa so kyekyeree Onyankopɔn akyidifoɔ guu afiase; na sɛ wɔbu wɔn kumfɔ a, medi mu akotene.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

10 ɛno nso na meyɛe Yerusalem, na minyaa asɔfo mpanyin nkyɛn tumi no, mede ahotefo bebree miguu afiase. Na wokum wɔn a, mede m’ano meto mu bi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Asomafo 26:10
17 Iomraidhean Croise  

Na akronkronfoɔ a wɔwɔ asase soɔ no, wɔne animuonyamfoɔ a wɔsɔ m’ani koraa.


na wɔsunsumm no firii kuro no mu kɔsii no aboɔ. Na adansefoɔ no de wɔn ntoma guguu aberanteɛ bi a wɔfrɛ no Saulo nan ase.


Na Saulo nso, penee ne kum no so. Na da no ara ɔtaa kɛseɛ baa asafo a ɛwɔ Yerusalem no so, na wɔn nyinaa hwete kɔɔ Yudea ne Samaria nsase so, gye asomafoɔ no nko.


Na Saulo deɛ, ɔhaa asafo no, hyɛnehyɛnee afie mu, kɔtwee mmarima ne mmaa, na ɔde wɔn kɔguu afiase.


Na wɔn a wɔteeɛ nyinaa ho dwirii wɔn, na wɔse: Ɛnyɛ oyi ne deɛ na ɔsɛe wɔn a wɔbɔ din yi wɔ Yerusalem, na yei nti ɔbaa ha sɛ ɔrebɛfa wɔn homa mu akɔma asɔfoɔ mpanimfoɔ no anaa?


Na ɔduruu Yerusalem no, ɔpɛɛ sɛ ɔde ne ho kɔbɔ asuafoɔ no ho; nanso na wɔn nyinaa suro no, ɛfiri sɛ wɔannye anni sɛ ɔyɛ osuani.


Na ɛbaa sɛ Petro kyinkyinii wɔn nyinaa soɔ no, ɔbaa ahotefoɔ a wɔte Lida no nso nkyɛn.


Na ɔtenee ne nsa de maa no so; na ɔfrɛɛ ahotefoɔ ne akunafoɔ no de no anikan kyerɛɛ wɔn.


Na mene asomafoɔ no mu akumaa a mensɛ sɛ wɔfrɛ me ɔsomafoɔ mpo, ɛfiri sɛ metaa Nyankopɔn asafo no;


Na moate abrabɔ a akane no na mebɔ no wɔ Yudafoɔ som mu, sɛdeɛ metaataa Nyankopɔn asafo maa no boroo soɔ, na mesɛee wɔn,


Paulo a ɔnam Nyankopɔn pɛ so bɛyɛɛ Kristo Yesu somafoɔ, de kɔma ahotefoɔ a wɔwɔ Efeso a wɔyɛ Kristo Yesu mu gyidifoɔ:


Na mehunuu sɛ ahotefoɔ mogya ne Yesu adansefoɔ mogya aboro ɔbaa no, na mehunuu no no, ɛyɛɛ me nwanwa kɛse.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan