Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Asomafo 24:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 Na amrado no nyamm Paulo sɛ ɔnkasa no, ɔbuaa sɛ: Ɛsiane sɛ menim sɛ wofiri yɛɛ ɔman yi temmufoɔ adi mfirinhyia pii nti, mede akoma pa mereyi m’ano.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

10 Na amrado no nyamm Paulo sɛ ɔnkasa no, ɔbuaa sɛ: Ɛsiane sɛ menim sɛ wofiri yɛɛ ɔman yi temmufoɔ adi mfirinhyia pii nti, mede akoma pa mereyi m’ano.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Amrado no maa Paulo kwan sɛ onyi ne ho ano no, Paulo buae se, “Minim sɛ woyɛɛ ɔman yi so otemmufo akyɛ, ɛno nti sɛ migyina wʼanim reyi me ho ano a, minsuro.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Afei, Amrado no maa Paulo kwan sɛ ɔnyi ne ho ano. Paulo yii ne ho ano sɛ, “Menim sɛ woyɛɛ ɔman yi so ɔtemmufoɔ akyɛre, ɛno enti, sɛ megyina wʼanim reyi me ho ano a, mensuro.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

10 Na amrado no nyamaa Paulo sɛ ɔnkasa no, obuae sɛ: Esiane sɛ minim sɛ wufi yɛɛ ɔman yi temmufo adi mfirihyia pii nti, mede koma pa mereyi m’ano.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Asomafo 24:10
12 Iomraidhean Croise  

Na sɛ wɔde mo kɔ hyia adan mu ne mpanimfoɔ ne atumfoɔ anim a, monnwennwene deɛ mode bɛyi mo ano anaasɛ deɛ mobɛka ho,


Na ɔbisaa no sɛ: Onipa, hwan na ɔde me sii mo so sɛnnifoɔ anaa ɔdekyɛfoɔ?


Ɔtemmufoɔ bi tenaa kuro bi mu a ɔnsuro Onyankopɔn, nanso ɔmfɛre nnipa.


Na ɔde ne nsa nyamm wɔn sɛ wɔmmua wɔn ano, na ɔkaa sɛdeɛ Awurade yii no firii afiase hɔ no kyerɛɛ wɔn. Na ɔse: Monkɔka nsɛm yi nkyerɛ Yakobo ne anuanom no. Na ɔfirii hɔ kɔɔ baabi foforɔ.


Na Paulo sɔre gyinae, na ɔde ne nsa nyamm kaa sɛ: Israel mmarima ne mo a mosuro Onyankopɔn, montie!


na sɛ ɛyɛ asɛm ne din ne mo mmara ho asɛmmisa bi deɛ a, ɛnneɛ mo ara monhwɛ! Na me deɛ, merenyɛ saa nsɛm yi temmufoɔ.


Afei nnipa bi pempemm Aleksandro sɛ ɔnkasa, ɛfiri sɛ ɔno na Yudafoɔ no de no adi wɔn anim. Na Aleksandro nyamm nkurɔfokuo no pɛɛ sɛ anka oyi n’ano kyerɛ nkurɔfoɔ no.


Na ɔmaa no kwan no, Paulo gyinaa ntwedeɛ no so de ne nsa nyamm nkurɔfoɔ no; na wɔyɛɛ komm no, ɔde Hebri kasa ne wɔn kasaa sɛ:


Na wɔnsiesie mmoa nso, na wɔmfa Paulo ntena so, mfa no dwoodwoo nkɔma Amrado Felike.


Na Agripa ka kyerɛɛ Paulo sɛ: Wɔama wo kwan sɛ ka w’asɛm. Ɛnna Paulo tenee ne nsa yii ano sɛ:


Na mommu Awurade Kristo kronkron wɔ mo akoma mu. Nso monsiesie mo ho daa, sɛ mobɛkyerɛ obiara a ɔbisa mo anidasoɔ a ɛwɔ mo mu no aseɛ,


Sɛ obi yɛ onipa bi bɔne a, Onyankopɔn bɛpata ama no; na sɛ obi yɛ AWURADE bɔne a, hwan na ɔbɛpa kyɛw ama no? Nanso wɔantie wɔn agya nne, ɛfiri sɛ na AWURADE repɛ aku wɔn.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan