Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Asomafo 24:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Na ne nnannum soɔ no, Ɔsɔfopanin Anania ne mpanimfoɔ bi ne mmaranimfoɔ bi a ɔde Tertulo bae, na wɔbɛbɔɔ Paulo kwaadu kyerɛɛ amrado no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Na ne nnannum soɔ no, Ɔsɔfopanin Anania ne mpanimfoɔ bi ne mmaranimfoɔ bi a ɔde Tertulo bae, na wɔbɛbɔɔ Paulo kwaadu kyerɛɛ amrado no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Nnaanum akyi no, Ɔsɔfopanyin Anania ne mpanyimfo bi ne mmaranimfo bi a ne din de Tertulo kɔɔ Kaesarea. Woduu hɔ no, wɔkɔɔ Amrado Felike nkyɛn de nsɛm a wɔwɔ tia Paulo no too nʼanim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Nnanum akyi no, Ɔsɔfopanin Anania ne mpanimfoɔ bi ne mmaranimfoɔ bi a ne din de Tertulo kɔɔ Kaesarea. Wɔduruu hɔ no, wɔkɔɔ Amrado Felike nkyɛn de nsɛm a wɔwɔ tia Paulo no too nʼanim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Na ne nnannum so no, ɔsɔfo panyin Anania ne mpanyimfo no ne ɔkyeame bi a ɔde Tertulo bae, na wɔbɛbɔɔ Paulo ho nkuro kyerɛɛ amrado no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Asomafo 24:1
15 Iomraidhean Croise  

Na hwɛ, abɔnefoɔ kuntunu wɔn tadua mu, wɔde wɔn mmɛmma asi homa so sɛ wɔde bɛto abɔ akoma mu tenefoɔ esum mu.


aduonum so asafohene ne onimuonyamfoɔ ne dwasemni ne adwumfoɔ mu nyansafoɔ ne deɛ ɔnim ntafowayie.


Na da a wɔhyɛeɛ duruiɛ no, Herode hyɛɛ n’ahentadeɛ, na ɔtenaa asɛnnie adwa so, na ɔkaa asɛm kyerɛɛ wɔn.


Na nnanson no reyɛ aduru no, Yudafoɔ a wɔfiri Asia hunuu no asɔrefie no, wɔhwanyanee nnipa a ahyia hɔ no nyinaa maa wɔsɔɔ no mu teaa mu sɛ:


Na Ɔsɔfopanin Anania hyɛɛ wɔn a wɔgyina ne ho sɛ wɔmmɔ n’ano so.


Na wɔnsiesie mmoa nso, na wɔmfa Paulo ntena so, mfa no dwoodwoo nkɔma Amrado Felike.


Nanso wɔayi me asotire sɛ, nnipa bi retɛ ɔbarima no nti, merema wɔde no abrɛ wo, na mahyɛ ne nkurobɔfoɔ no nso sɛ wɔmmɛka deɛ wɔwɔ wɔ ne ho no wɔ w’anim.


Na wɔn deɛ, wɔduruu Kaesarea na wɔyii nwoma no maa amrado no, wɔde Paulo nso kɔgyinaa n’anim.


ɔkaa sɛ: Wo nkurobɔfoɔ no ba a, na mɛtie woɔ. Na ɔhyɛɛ sɛ wɔmfa no nsie Herode aban mu.


Wobɛtumi ahunu sɛ ɛmmoroo dadu nnammienu na mekɔɔ Yerusalem sɛ merekɔsɔre.


Na wɔfrɛɛ no no, Tertulo firii aseɛ bɔɔ nkuro sɛ: Ɛsiane sɛ wo nti yɛanya asomdwoeɛ bebree ne ntotoeɛ a ɛnam wo nimdeɛ so aba ɔman yi mu nti,


na mekɔɔ Yerusalem no, asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Yudafoɔ mpanimfoɔ bɛbɔɔ no kwaadu kyerɛɛ me, srɛɛ me sɛ memmu no atɛn.


Na asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Yudafoɔ no bɛbɔɔ Paulo ho kwaadu kyerɛɛ no,


Na me nso, anuanom, mebaa mo nkyɛn no, mamfa asɛm anaa nyansa a ɛtra soɔ mammɛka Nyankopɔn adansesɛm no.


Na me kasa ne m’asɛnka amfa nnipa nyansa adɛfɛdɛfɛ kwan so, na mmom ɛnam honhom ne tumi yikyerɛ mu,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan