Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Asomafo 23:6 - New Revised Asante Twi Bible

6 Na Paulo hunuu sɛ nnipa no fa yɛ Sadukifoɔ, na ɔfa nso yɛ Farisifoɔ no, ɔteaa mu badwa mu hɔ sɛ: Anuanom, meyɛ Farisini ne Farisifoɔ ba; awufoɔ sɔreɛ ne ɛho anidasoɔ nti na wɔrebu me atɛn yi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

6 Na Paulo hunuu sɛ nnipa no fa yɛ Sadukifoɔ, na ɔfa nso yɛ Farisifoɔ no, ɔteaa mu badwa mu hɔ sɛ: Anuanom, meyɛ Farisini ne Farisifoɔ ba; awufoɔ sɔreɛ ne ɛho anidasoɔ nti na wɔrebu me atɛn yi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Bere a Paulo huu sɛ nnipa no bi yɛ Sadukifo na bi yɛ Farisifo no, ɔteɛɛ mu wɔ agyinatufo no anim se, “Me nuanom, meyɛ Farisini. Mʼawofo yɛ Farisifo. Gyidi a mewɔ wɔ awufosɔre mu no nti na migyina ha ama wɔredi mʼasɛm yi.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Ɛberɛ a Paulo hunuu sɛ nnipa no bi yɛ Sadukifoɔ na ebi yɛ Farisifoɔ no, ɔteaam wɔ agyinatufoɔ no anim sɛ, “Me nuanom, meyɛ Farisini. Mʼawofoɔ yɛ Farisifoɔ. Gyidie a mewɔ wɔ awufosɔreɛ mu no enti na megyina ha ama wɔredi mʼasɛm yi.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

6 Na Paulo hui sɛ ɔfa yɛ Sadukifo, na ɔfa nso yɛ Farisifo no, ɔteɛɛm gua mu hɔ sɛ: Anuanom, meyɛ Farisini ne Farisifo ba; awufo sɔre ne ɛho anidaso nti na wɔrebu me ntɛn yi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Asomafo 23:6
17 Iomraidhean Croise  

Hwɛ, meresoma mo sɛ nnwan akɔ mpataku mfimfini; enti monyɛ aniteɛ sɛ awɔ, na monyɛ bɔkɔɔ sɛ mmuruburo.


Da no ara na Sadukifoɔ a wɔka sɛ owusɔreɛ nni hɔ no baa ne nkyɛn bɛbisaa no


Na Yohane hunuu Farisifoɔ ne Sadukifoɔ no mu bebree sɛ wɔreba asubɔ no ho no, ɔsee wɔn sɛ: Nhuritia mma! Hwan na ɔkyerɛɛ mo sɛ monnwane mfiri abufuo a ɛreba no ho?


Meyɛ Yudani a wɔwoo me Tarso wɔ Kilikia, na wɔtetee me kuro yi mu wɔ Gamaliel nan ase, na wɔkyerɛkyerɛɛ me agyanom mmara no mu pɛ, na mebɔɔ Nyankopɔn som ho mmɔden, sɛdeɛ mo nyinaa moyɛ nnɛ yi.


Na adeɛ kyeeɛ no, na ɔpɛɛ sɛ ɔhunu adekodeɛ a enti Yudafoɔ totoo n’ano no mu nokorɛ nti, ɔsanee no firii ne nkyehoma mu, na ɔhyɛɛ sɛ asɔfoɔ mpanimfoɔ ne wɔn badwafoɔ nyinaa mmra, na ɔmaa wɔde Paulo ba bɛgyinaa wɔn anim.


sɛdeɛ ɔsɔfo panin nso ne mpanimfoɔ nyinaa di me adanseɛ no. Wɔn nkyɛn nso na mekɔgyee nwoma sɛ mede merekɔma anuanom no, na mekɔɔ Damasko sɛ merekɔfa wɔn a wɔwɔ hɔ no nso nkyehoma mu maba Yerusalem, na wɔatwe wɔn aso.


Na Paulo gyenee n’ani hwɛɛ abadwafoɔ no kaa sɛ: Anuanom, me deɛ, ahonim pa nyinaa na mede mabɔ me bra mama Onyankopɔn de abɛsi ɛnnɛ da yi.


Enti afei mo ne badwafoɔ nkɔbɔ din nkyerɛ ɔsafohene no, na ɔmfa no mmrɛ mo, sɛdeɛ morebɛbisa ne ho asɛm no mu yie; na yɛn deɛ, ansa na ɔbɛduru ha no, yɛbɛku no.


Na ɔse: Yudafoɔ apam sɛ wɔbɛsrɛ wo, na ɔkyena wode Paulo asiane aba edwam sɛdeɛ wɔrebɛbisa ne ho asɛm mu yie.


Na ɔkaa saa no, akasakasa baa Farisifoɔ ne Sadukifoɔ no ntam, na nnipakuo no mu paee.


Na mewɔ Nyankopɔn ho anidasoɔ a wɔn ara nso wɔhwɛ no kwan, sɛ owusɔreɛ a wɔn a wɔtene ne wɔn a wɔntene bɛsɔre no bɛba.


gye asɛm baako yi a megyina wɔn mu no, meteaa mu mekaa sɛ: Awufoɔ sɔreɛ ho na morebu me atɛn nnɛ yi.


Afei yei nti na mefrɛɛ mo, sɛ mɛhu mo, na makasa makyerɛ mo; ɛfiri sɛ Israel anidasoɔ nti na wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn yi agu me yi.


Hwɛ, wɔtwaa me twetia da a ɛtɔ so nwɔtwe, mefiri Israel asefoɔ mu, Benyamin abusuakuo mu, Hebrifoɔ mu Hebrini, mmara fam, meyɛ Farisini,


ɛsiane anidasoɔ a ɛda hɔ ma mo wɔ ɔsoro, ɛno na monam asɛmpa nokwasɛm so dii kan teɛ.


Ɛno na yɛwɔ sɛ ɔkra sɛkyɛ a ɛnteɛ, na ɛtim hɔ a ɛhyɛne mu de kɔsi ntwamutam no mu,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan