Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Asomafo 23:11 - New Revised Asante Twi Bible

11 Na anadwo no, Awurade bɛgyinaa ne nkyɛn kaa sɛ: Ma wo bo nyɛ duru; na sɛdeɛ woadi me ho adanseɛ Yerusalem ha yi no, saa ara nso na ɛsɛ sɛ wokɔdi adanseɛ wɔ Roma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

11 Na anadwo no, Awurade bɛgyinaa ne nkyɛn kaa sɛ: Ma wo bo nyɛ duru; na sɛdeɛ woadi me ho adanseɛ Yerusalem ha yi no, saa ara nso na ɛsɛ sɛ wokɔdi adanseɛ wɔ Roma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Anadwo no, Awurade begyinaa Paulo nkyɛn ka kyerɛɛ no se, “Nsuro! Sɛnea woadi me ho adanse wɔ Yerusalem ha no, saa ara nso na kodi me ho adanse wɔ Roma.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Anadwo no, Awurade bɛgyinaa Paulo nkyɛn ka kyerɛɛ no sɛ, “Nsuro! Sɛdeɛ woadi me ho adanseɛ wɔ Yerusalem ha no, saa ara nso na kɔdi me ho adanseɛ wɔ Roma.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

11 Na anadwo no, Awurade begyinaa ne nkyɛn kae sɛ: Ma wo bo nyɛ duru; na sɛnea woadi me ho adanse Yerusalem ha yi no, saa nso na ɛsɛ sɛ wukodi adanse Roma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Asomafo 23:11
27 Iomraidhean Croise  

sɛ ɔgyina ohiani nifa, na ɔregye no afiri wɔn a wɔbu ne kra atɛn nsam.


Nsuro, na me ne wo wɔ hɔ, mma w’akoma nntu, na mene wo Nyankopɔn. Mehyɛ wo den, nso meboa wo, nso mede me tenenee nifa mekura wo mu.


Nsuro, aboawa Yakob, ne mo Israel mma! Me ara mɛboa wo, AWURADE na ɔkaeɛ, na wo Gyefoɔ ne Israel Kronkronni no.


Sɛ woretwa nsuo a, me ne wo na ɛwɔ hɔ, na sɛ worefa nsubɔntene mu a, ɛremfa wo nkɔ. Sɛ wonam ogya mu a, ɛrenhye wo, na ogyaframa renhye wo.


Me a mefiri mfitiaseɛ meka awieeɛ asɛm, na mefiri tete mmerɛ no meka deɛ wɔnyɛeɛ no, meka sɛ: Me tirimbɔ bɛgyina, na deɛ ɛsɔ m’ani nyinaa mɛyɛ.


Na ntɛm ara Yesu kasa kyerɛɛ wɔn sɛ: Momma mo bo ntɔ mo yam, ɛyɛ me, monnsuro!


na monkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wɔnni deɛ mahyɛ mo nyinaa so. Na hwɛ, me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa de kɔsi wiase awieeɛ.


Na hwɛ, wɔde onipa bi a ɔyare mmubuo a ɔda kɛtɛ so brɛɛ no. Na Yesu hunuu wɔn gyidie no, ɔka kyerɛɛ obubuani no sɛ: Ɔba, ma wo bo ntɔ wo yam; wɔde wo bɔne akyɛ wo.


na mewɔ nuammarimanom baanum, na ɔnkɔdi wɔn adanseɛ, na wɔn nso amma aninyanneɛ mu ha yi bi.


Merennya mo nnyanka, mɛba mo nkyɛn.


Yeinom na maka mo, na moanya me mu asomdwoeɛ. Mo ho bɛhiahia mo wiase deɛ, nanso momma mo bo ntɔ mo yam! Madi wiase so nkonim.


Na Awurade ka kyerɛɛ Paulo anisoadehunu mu anadwo sɛ: Nsuro, kasa, na mmua w’ano!


Na wɔwiee yeinom no, Paulo bɔɔ ne tiri mu sɛ ɔbɛfa Makedonia ne Akaia akɔ Yerusalem, na ɔse: Meduru hɔ a, akyire yi ɛtwa sɛ mekɔhunu Roma nso.


Na Dawid kaa ne ho asɛm sɛ: Mehunuu Awurade m’anim daa, ɛfiri sɛ ɔwɔ me nifa na manhinhim.


Na afei, hwɛ, Honhom no hyɛ me nti, merekɔ Yerusalem, na mennim deɛ ɛbɛto me wɔ hɔ,


Na wobɛyɛ ne danseni, na woadi deɛ woahunu, na woateɛ ho adanseɛ akyerɛ nnipa nyinaa.


na mehunuu no, na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Ma wo ho nyɛ hare na firi Yerusalem ntɛm, ɛfiri sɛ wɔrennye w’adanseɛ a wobɛdi no me ho no.


Menne me ho anaa? Menyɛ ɔsomafoɔ anaa? Menhunuu yɛn Awurade Yesu anaa? Ɛnyɛ m’adwuma Awurade mu ne mo anaa?


ama me mpokyerɛ abɛda adi Kristo mu, amrado aban mufoɔ nyinaa ne wɔn a aka no nyinaa mu,


Na Awurade gyinaa m’akyi, na ɔhyɛɛ me den, na wɔafa me so awie asɛnka no, na amanaman mufoɔ nyinaa ate; na wɔyii me firii gyata anomu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan