Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Asomafo 23:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Na Paulo gyenee n’ani hwɛɛ abadwafoɔ no kaa sɛ: Anuanom, me deɛ, ahonim pa nyinaa na mede mabɔ me bra mama Onyankopɔn de abɛsi ɛnnɛ da yi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Na Paulo gyenee n’ani hwɛɛ abadwafoɔ no kaa sɛ: Anuanom, me deɛ, ahonim pa nyinaa na mede mabɔ me bra mama Onyankopɔn de abɛsi ɛnnɛ da yi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Paulo hwɛɛ agyinatufo no dinn kae se, “Anuanom, ahonim pa na mede ayɛ Onyankopɔn adwuma de abesi nnɛ da yi.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Paulo hwɛɛ agyinatufoɔ no dinn, kaa sɛ, “Anuanom, ahonim pa na mede mayɛ Onyankopɔn adwuma de abɛsi ɛnnɛ da yi.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Na Paulo gyen n’ani hwɛɛ baguafo no kae sɛ: Anuanom, me de, ahonim pa nyinaa na mede mabɔ me bra mama Onyankopɔn mede mabesi nnɛ yi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Asomafo 23:1
17 Iomraidhean Croise  

Abɔnefoɔ dwane berɛ a obi mpamo wɔn, na teneneefoɔ deɛ, wɔyɛ nnam sɛ gyataburuwa.


Na me deɛ, mese mo sɛ, obiara a ne bo fu ne nua no bɛdi atemmuo mu fɔ; na obiara a ɔbɛse ne nua sɛ: Raka no bɛdi fɔ mpanimfoɔ atitire no asɛnniiɛ. Na obiara a ɔbɛka sɛ: Ɔkwasea! no bɛdi fɔ akɔ ogya amanehunu kurom.


Anuanom ne agyanom, montie m’ano a mereyi makyerɛ mo yi!


Na adeɛ kyeeɛ no, na ɔpɛɛ sɛ ɔhunu adekodeɛ a enti Yudafoɔ totoo n’ano no mu nokorɛ nti, ɔsanee no firii ne nkyehoma mu, na ɔhyɛɛ sɛ asɔfoɔ mpanimfoɔ ne wɔn badwafoɔ nyinaa mmra, na ɔmaa wɔde Paulo ba bɛgyinaa wɔn anim.


sɛdeɛ ɔsɔfo panin nso ne mpanimfoɔ nyinaa di me adanseɛ no. Wɔn nkyɛn nso na mekɔgyee nwoma sɛ mede merekɔma anuanom no, na mekɔɔ Damasko sɛ merekɔfa wɔn a wɔwɔ hɔ no nso nkyehoma mu maba Yerusalem, na wɔatwe wɔn aso.


Enti afei mo ne badwafoɔ nkɔbɔ din nkyerɛ ɔsafohene no, na ɔmfa no mmrɛ mo, sɛdeɛ morebɛbisa ne ho asɛm no mu yie; na yɛn deɛ, ansa na ɔbɛduru ha no, yɛbɛku no.


Na ɔse: Yudafoɔ apam sɛ wɔbɛsrɛ wo, na ɔkyena wode Paulo asiane aba edwam sɛdeɛ wɔrebɛbisa ne ho asɛm mu yie.


Na mepɛɛ sɛ anka mehunu adekodeɛ a wɔde reto ne soɔ no, mede no mekɔɔ wɔn dwa mu;


Na Paulo hunuu sɛ nnipa no fa yɛ Sadukifoɔ, na ɔfa nso yɛ Farisifoɔ no, ɔteaa mu badwa mu hɔ sɛ: Anuanom, meyɛ Farisini ne Farisifoɔ ba; awufoɔ sɔreɛ ne ɛho anidasoɔ nti na wɔrebu me atɛn yi.


Na yei mu na mesɔ me ho mehwɛ, sɛ mɛnya ahonim a ɛnni fɔ Nyankopɔn ne nnipa fam daa.


Na wɔn a wɔte dwa mu hɔ no nyinaa hwɛɛ no dinn, na wɔhunuu sɛ n’anim te sɛ ɔsoro bɔfoɔ bi anim.


Ɛfiri sɛ me deɛ menhunu biribiara wɔ me ho, nanso ɛnyɛ yei ho na medi bem; na deɛ ɔbu me atɛn ne Awurade.


Na yɛn ahohoahoa ne sɛ, yɛn ahonim di yɛn adanseɛ, sɛ yɛnam Nyankopɔn kronkronyɛ ne n’ahoteɛ mu, na ɛnyɛ honam mu nyansa mu, na mmom Nyankopɔn adom mu na yɛnam bɔɔ yɛn bra wiase, ne titire no, mo ntam.


na mmom yɛapo aniwudeɛ a ɛhunta no, na yɛnnante anifire mu, anaasɛ yɛmfra Nyankopɔn asɛm no mu, na mmom yɛda nokorɛ no adi, de yi yɛn ho kyerɛ nnipa nyinaa, Nyankopɔn anim.


Meda Onyankopɔn a mefiri ahonim pa mu mesom no sɛ m’agyanom no ase sɛ mekae mo daa wɔ me mpaebɔ mu awia ne anadwo,


Mommɔ mpaeɛ mma yɛn; ɛfiri sɛ yɛnim pefee sɛ yɛwɔ ahonim pa, pɛ sɛ yɛbɔ yɛn bra yie nnoɔma nyinaa mu.


ɔdwoɔ ne suro mu, na monnya ahonim pa, na deɛ wɔdi mo ho nsekuro wɔ mu no, wɔn a wɔgu mo abrabɔ pa a ɛwɔ Kristo mu no ho fi no ani awu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan