Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Asomafo 22:6 - New Revised Asante Twi Bible

6 Na ɛbaa sɛ menam kwan so na mebɛnee Damasko no, ɛbɛyɛ awigyina no, mpofirim, hann kɛseɛ bi firi soro hyerɛn bɛtwaa me ho hyiae.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

6 Na ɛbaa sɛ menam kwan so na mebɛnee Damasko no, ɛbɛyɛ awigyina no, mpofirim, hann kɛseɛ bi firi soro hyerɛn bɛtwaa me ho hyiae.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 “Owigyinae a mereyɛ adu Damasko no, mpofirim na hann bi twa faa me ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 “Owigyinaeɛ a mereyɛ maduru Damasko no, prɛko pɛ, hann bi twa faa me ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

6 Na ɛbae sɛ menam ɔkwan no so na mebɛn Damasko no, ɛbɛyɛ sɛ owigyinae no, mpofirim hann kɛse bi fi soro hyerɛn betwaa me ho hyiae.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Asomafo 22:6
11 Iomraidhean Croise  

Na ɔne ne nkoa kyɛɛ wɔn ho mu baa wɔn so anadwo, na wɔbobɔɔ wɔn, na wɔtaa wɔn kɔduruu Hoba a ɛda Damasko benkum no.


Na Abram bisaa sɛ: AWURADE Nyankopɔn, ɛdeɛn na wode bɛma me? Menni ba na menam, na deɛ ɔbɛdi m’adeɛ ne Damaskoni Eliesa anaa?


Ɛnna Dawid de bansifoɔ kɔtenaa Damasko a ɛwɔ Siria, na Siria yɛɛ Dawid nkoa a wɔtua apeatoɔ. Na AWURADE boaa Dawid maa no dii nim wɔ baabiara a ɔkɔeɛ nyinaa.


Na ɔsrane ani bɛwu, na owia anim bɛgu ase, ɛfiri sɛ asafo AWURADE bɛdi hene wɔ Sion bepɔ so ne Yerusalem, na wayi n’animuonyam wɔ ne mpanimfoɔ anim.


Na ɔsakyeraa wɔ wɔn anim, na n’anim hyerɛnee sɛ owia, na ne ntadeɛ yɛɛ fitaa sɛ hann.


Na mehwee fam, na metee nne bi a ɛsee me sɛ: Saulo, Saulo, adɛn na wotaa me?


Na wɔteateaa mu kɛseɛ, na Atwerɛfoɔ a wɔwɔ Farisifoɔ afa no sɔre kasakasaa sɛ: Yɛnhunu bɔne biara wɔ onipa yi mu; na sɛ honhom anaa ɔbɔfoɔ akasa akyerɛ no ɛ?


Wɔn nyinaa akyiri na ɔmaa me a mete sɛ deɛ wɔapatu awo no nso hunuu no.


na ɔkura nsoromma nson wɔ ne nifa mu, na afena anofanu nnamnnam firi n’anomu, na n’anim te sɛ owia rehyerɛn n’ahoɔden mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan