Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Asomafo 22:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 sɛdeɛ ɔsɔfo panin nso ne mpanimfoɔ nyinaa di me adanseɛ no. Wɔn nkyɛn nso na mekɔgyee nwoma sɛ mede merekɔma anuanom no, na mekɔɔ Damasko sɛ merekɔfa wɔn a wɔwɔ hɔ no nso nkyehoma mu maba Yerusalem, na wɔatwe wɔn aso.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 sɛdeɛ ɔsɔfo panin nso ne mpanimfoɔ nyinaa di me adanseɛ no. Wɔn nkyɛn nso na mekɔgyee nwoma sɛ mede merekɔma anuanom no, na mekɔɔ Damasko sɛ merekɔfa wɔn a wɔwɔ hɔ no nso nkyehoma mu maba Yerusalem, na wɔatwe wɔn aso.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Ɔsɔfopanyin ne agyinatufo no nyinaa di me adanse sɛ, asɛm a mereka yi yɛ nokware. Wɔn nkyɛn mpo na migyee tumi nhoma sɛ mede rekɔma anuanom Yudafo a wɔwɔ Damasko no. Saa nhoma no na anka megyina so makyekyere nnipa a wodi Awurade asɛm so no agu wɔn nkɔnsɔnkɔnsɔn, de wɔn aba Yerusalem na wɔatwe wɔn aso.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Ɔsɔfopanin ne agyinatufoɔ no nyinaa di me adanseɛ sɛ, asɛm a mereka yi yɛ nokorɛ. Wɔn nkyɛn mpo na megyee tumi nwoma sɛ mede rekɔma anuanom Yudafoɔ a wɔwɔ Damasko no. Saa nwoma no na anka mɛgyina so makyekyere nnipa a wɔdi Awurade asɛm so no agu wɔn nkɔnsɔnkɔnsɔn, de wɔn aba Yerusalem na wɔatwe wɔn aso.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 sɛnea ɔsɔfo panyin nso ne mpanyimfo nyinaa di me adanse. Wɔn nkyɛn nso na mikogyee nhoma sɛ mede mekɔma anuanom no, na mekɔɔ Damasko sɛ mekɔfa wɔn a wɔwɔ hɔ no nso nkyehama mu maba Yerusalem, na wɔatwe wɔn aso.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Asomafo 22:5
21 Iomraidhean Croise  

Na adeɛ kyeeɛ no, ɔman mpanimfoɔ ne asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Atwerɛfoɔ no bɛhyiaeɛ, na wɔde no kɔɔ wɔn asɛnniiɛ


Na nna yi mu Petro sɔre gyinaa anuanom no mfimfini (na nkurɔfokuo a wɔahyia faako no bɛyɛ nnipa ɔha aduonu) na ɔkaa sɛ:


Anuanom, Abraham asefoɔ ne mo mu nnipa a mosuro Onyankopɔn no, yɛn na wɔasoma nkwagyeɛ asɛm yi abrɛ yɛn.


Anuanom, momma me kwan na menka agya panin Dawid ho asɛm pefee menkyerɛ mo, sɛ wawu, na wɔasie no, na ne da wɔ yɛn nkyɛn ha de bɛsi nnɛ.


Anuanom ne agyanom, montie m’ano a mereyi makyerɛ mo yi!


Na Paulo gyenee n’ani hwɛɛ abadwafoɔ no kaa sɛ: Anuanom, me deɛ, ahonim pa nyinaa na mede mabɔ me bra mama Onyankopɔn de abɛsi ɛnnɛ da yi.


Na Paulo hunuu sɛ nnipa no fa yɛ Sadukifoɔ, na ɔfa nso yɛ Farisifoɔ no, ɔteaa mu badwa mu hɔ sɛ: Anuanom, meyɛ Farisini ne Farisifoɔ ba; awufoɔ sɔreɛ ne ɛho anidasoɔ nti na wɔrebu me atɛn yi.


ɛno nso na meyɛɛ no Yerusalem, na menyaa asɔfoɔ mpanimfoɔ nkyɛn tumi no, mede ahotefoɔ bebree meguu afiase. Na wɔrekum wɔn a, mede m’ano meto mu bi.


Na metaa metwee wɔn aso hyia adan nyinaa mu, na mehyɛɛ wɔn maa wɔkaa abususɛm, na m’ani beree wɔn so papaapa nti, metaa wɔn kɔduruu ananafoɔ nkuro so.


Ɛno mu na menam sɛ merekɔ Damasko, na asɔfoɔ mpanimfoɔ ama me tumi ne ɛho kwan.


Na ɛbaa sɛ nnansa akyiri no, Paulo frɛfrɛɛ Yudafoɔ atitire no hyiae; na wɔbaeɛ no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Anuanom, manyɛ biribi mantia ɔman anaa yɛn agyanom amanneɛ deɛ, nanso wɔkyeree me Yerusalem de me hyɛɛ Romafoɔ nsa.


Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Yɛn deɛ, yɛnnyaa wo ho nwoma bi mfirii Yudea, nanso anuanom no mu biara mma mmɛbɔɔ kaseɛ, anaasɛ ɔmmɛkaa wo ho asɛmmɔne bi.


Na afei, anuanom, menim sɛ nim a monnim nti na moyɛeɛ, sɛ mo mpanimfoɔ ara.


Na ɛbaa sɛ adeɛ kyeeɛ no, wɔn atitire ne mpanimfoɔ ne Atwerɛfoɔ bɛhyiaa Yerusalem,


Na wɔteeɛ no, wɔkɔɔ asɔrefie ahemadakye kɔkyerɛkyerɛe. Na ɔsɔfo panin ne wɔn a wɔka ne ho no bae, na wɔfrɛɛ badwafoɔ ne Israel mma mpanimfoɔ nyinaa hyiae, na wɔsoma maa wɔkɔɔ afiase hɔ sɛ wɔnkɔfa wɔn mmra.


na ɛha yi nso wanya tumi afiri asɔfoɔ mpanimfoɔ no nsam sɛ ɔnkyere wɔn a wɔbɔ wo din nyinaa.


Na moate abrabɔ a akane no na mebɔ no wɔ Yudafoɔ som mu, sɛdeɛ metaataa Nyankopɔn asafo maa no boroo soɔ, na mesɛee wɔn,


mmɔdemmɔ fam, metaa asafo no, mmara mu tenenee fam, wɔannya me ho asɛm.


Mma wo mu adom akyɛdeɛ a wɔnam nkɔmhyɛ ne mpanimfoɔ nsa a wɔde guu wo soɔ no so de maa woɔ no nnna hɔ kwa.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan