Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Asomafo 22:16 - New Revised Asante Twi Bible

16 Na afei, adɛn na worekyinkyim wo ho? Sɔre ma wɔmmɔ wo asu nhohoro wo bɔne, na bɔ Awurade din!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

16 Na afei, adɛn na worekyinkyim wo ho? Sɔre ma wɔmmɔ wo asu nhohoro wo bɔne, na bɔ Awurade din!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Afei, dɛn na woretwɛn bio? Sɔre na ma wɔmmɔ wo asu nhohoro wo bɔne wɔ Yesu din mu.’

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Afei, ɛdeɛn na woretwɛn bio? Sɔre na ma wɔmmɔ wo asu nhohoro wo bɔne wɔ Yesu din mu.’

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

16 Na afei, adɛn na wotwentwɛn wo nan ase? Sɔre ma wɔmmɔ wo asu nhohoro wo bɔne, na bɔ Awurade din!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Asomafo 22:16
19 Iomraidhean Croise  

Meyɛ ntɛm, na mentwentwɛn me nan ase, sɛ mɛdi wo mmara nsɛm soɔ.


Hohoro me ho firi m’amumuyɛ mu koraa, na prapra me ho firi me bɔne mu.


Yɛda so tete hɔ reyɛ dɛn? Mommoaboa mo ho ano, na yɛnhyɛne nkuro a ɛyɛ den mu, na yɛnkɔwuwu wɔ hɔ, na AWURADE yɛn Nyankopɔn adome yɛn ama owuo, na wama yɛn nsuo a borɔ wɔ mu anom, ɛfiri sɛ yɛayɛ AWURADE bɔne.


Petro see no sɛ: Meremma wo nhohoro me nan ho da! Yesu buaa no sɛ: Sɛ manhohoro wo ho a, wonni m’afa.


Na ɛbɛba sɛ obiara a ɔbɛbɔ Awurade din no, wɔbɛgye no nkwa.


Na Petro see wɔn sɛ: Monsakyera mo adwene, na mo nyinaa mma wɔmmɔ mo asu Yesu Kristo din mu, mma mo bɔne fakyɛ, na mobɛnya Honhom Kronkron akyɛdeɛ no.


Na wɔresi Stefano aboɔ no, ɔsrɛɛ sɛ: Awurade Yesu, gye me honhom!


na ɛha yi nso wanya tumi afiri asɔfoɔ mpanimfoɔ no nsam sɛ ɔnkyere wɔn a wɔbɔ wo din nyinaa.


Na ntɛm ara na biribi a ɛte sɛ abon firii n’ani so guu fam, na amonom hɔ ara ɔhunuu adeɛ, na ɔsɔre maa wɔbɔɔ no asu.


de kɔma Nyankopɔn asafo a ɛwɔ Korinto, wɔn a wɔate wɔn ho wɔ Kristo Yesu mu afrɛ wɔn sɛ wɔmmɛyɛ ahotefoɔ, ne wɔn a wɔbɔ yɛne wɔn nyinaa Wura Yesu Kristo din wɔ mmaa nyinaa no;


Na yɛn nyinaa nso, Yudafoɔ oo, Helafoɔ oo, nkoa oo, adehyeɛ oo, wɔbɔɔ yɛn asu Honhom baako mu maa yɛbɛyɛɛ nipadua baako, na wɔmaa yɛn nyinaa nomm honhom baako.


Saa na anka mo mu bi teɛ; na afei wɔadware mo, na wɔate mo ho, na wɔabu mo bem Awurade Yesu Kristo din ne yɛn Nyankopɔn honhom mu.


Ɛfiri sɛ, mo mu dodoɔ a wɔabɔ mo asu kɔ Kristo mu no, moahyɛ Kristo.


sɛ ɔde nsuo adwareɛ bɛte ne ho wɔ asɛm no mu, ayɛ no kronkron,


ɛmfiri tenenee mu nnwuma a yɛayɛ mu, na mmom ɔno ara ne mmɔborɔhunu nti, na ɛmaa no faa awo foforɔ adwareɛ ne Honhom Kronkron foforɔyɛ so gyee yɛn nkwa.


momma yɛmfa nokorɛ akoma wɔ gyidie a akyinnyeɛ nni mu koraa mmɛn sɛ nnipa a wɔapete wɔn akoma ho afiri ahonim bɔne mu, na wɔde nsuo korɔgyenn adware wɔn nipadua.


Ɛno na afei ne nsɛsoɔ a ɛno ne asubɔ no, gye mo nso nkwa, a ɛnyɛ honam ho fi yi mu, na mmom ɛyɛ ahonim pa ho adebisa a Yesu Kristo wusɔreɛ nti yɛnam so yɛ Nyankopɔn deɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan