Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Asomafo 22:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Anuanom ne agyanom, montie m’ano a mereyi makyerɛ mo yi!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Anuanom ne agyanom, montie m’ano a mereyi makyerɛ mo yi!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 “Anuanom ne agyanom, muntie mʼanoyi yi.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 “Anuanom ne agyanom, montie mʼanoyie yi.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Anuanom ne agyanom, muntie m’ano a mereyi makyerɛ mo yi!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Asomafo 22:1
21 Iomraidhean Croise  

Na sɛ wɔde mo kɔ hyia adan mu ne mpanimfoɔ ne atumfoɔ anim a, monnwennwene deɛ mode bɛyi mo ano anaasɛ deɛ mobɛka ho,


Enti momfa nto mo tirim na moannwene deɛ mode bɛyi mo ho ano ansa.


Anuanom, Abraham asefoɔ ne mo mu nnipa a mosuro Onyankopɔn no, yɛn na wɔasoma nkwagyeɛ asɛm yi abrɛ yɛn.


Afei nnipa bi pempemm Aleksandro sɛ ɔnkasa, ɛfiri sɛ ɔno na Yudafoɔ no de no adi wɔn anim. Na Aleksandro nyamm nkurɔfokuo no pɛɛ sɛ anka oyi n’ano kyerɛ nkurɔfoɔ no.


Na Paulo gyenee n’ani hwɛɛ abadwafoɔ no kaa sɛ: Anuanom, me deɛ, ahonim pa nyinaa na mede mabɔ me bra mama Onyankopɔn de abɛsi ɛnnɛ da yi.


Na Paulo hunuu sɛ nnipa no fa yɛ Sadukifoɔ, na ɔfa nso yɛ Farisifoɔ no, ɔteaa mu badwa mu hɔ sɛ: Anuanom, meyɛ Farisini ne Farisifoɔ ba; awufoɔ sɔreɛ ne ɛho anidasoɔ nti na wɔrebu me atɛn yi.


Na amrado no nyamm Paulo sɛ ɔnkasa no, ɔbuaa sɛ: Ɛsiane sɛ menim sɛ wofiri yɛɛ ɔman yi temmufoɔ adi mfirinhyia pii nti, mede akoma pa mereyi m’ano.


Na mebuaa wɔn sɛ ɛnyɛ Romafoɔ amanneɛ sɛ wɔbɛyi onipa bi ama, gye sɛ nkurobɔfoɔ no ne deɛ wɔne no wɔ nkuro no hyia, na ɔnya kwan yi deɛ wɔde ato no soɔ no ano ansa.


Na Paulo yii ano sɛ: Menyɛɛ Yudafoɔ mmara anaa asɔrefie anaa Kaesare ho bɔne biara.


Na ɔyii n’ano saa no, Festo de nne kɛseɛ kaa sɛ: Paulo, woabɔ dam, nwomanim bebrebe abɔ wo dam.


Na ɛbaa sɛ nnansa akyiri no, Paulo frɛfrɛɛ Yudafoɔ atitire no hyiae; na wɔbaeɛ no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Anuanom, manyɛ biribi mantia ɔman anaa yɛn agyanom amanneɛ deɛ, nanso wɔkyeree me Yerusalem de me hyɛɛ Romafoɔ nsa.


Na Stefano buaa sɛ: Anuanom ne agyanom, monyɛ aso! Animuonyam Nyankopɔn yii ne ho kyerɛɛ yɛn agya Abraham berɛ a ɔwɔ Mesopotamia ansa na ɔrebɛtena Haran no,


Wɔde yei kyerɛ sɛ, wɔatwerɛ mmara adwuma no wɔ wɔn akoma mu, na wɔn ahonim nso di wɔn adanseɛ, na wɔn nsusuiɛ toto wɔn ano, anaasɛ nso ɛtwitwa gye wɔn,


M’anoyie a meyi mekyerɛ wɔn a wɔhwehwɛ me dwumadie mu nie.


Ɛyɛ mo sɛ yɛreyi yɛn ho ano akyerɛ mo anaa? Nyankopɔn anim na yɛkasa Kristo mu; adɔfo, yei nyinaa yɛka ma mo nkɔsoɔ.


Na mo werɛ a ɛhoo Nyankopɔn kwan soɔ no ara, monhwɛ nsiyɛ korɔ a ɛmaa mo, ɛne anoyie ne ahi ne ehu ne anigyina ne mmɔdemmɔ ne aweretɔ! Na biribiara mu no moyii mo ho kyerɛɛ sɛ mo ho te, asɛm no mu.


nanso ebinom firi ntɔkwapɛ mu na wɔbɔ Kristo din, ɛfiri sɛ ɛnyɛ ne nokorɛ so, na mmom wɔsusu sɛ wɔde ahohia bɛka me mpokyerɛ ho.


Ɛyɛ ma me sɛ medwene saa fa mo ho, ɛfiri sɛ moda m’akoma so pa ara, na mo nyinaa ne me wɔ kyɛfa wɔ Nyankopɔn adom no mu, me mpokyerɛ mu ne ɛberɛ a megyinaa pintinn twitwa gyee asɛmpa no na mepae mu kae no.


Me nyiano a ɛdi kan no mu, obiara ammɛgyina m’akyi, na wɔn nyinaa gyaa me hɔ; wɔmmmu nngu wɔn so.


Na mommu Awurade Kristo kronkron wɔ mo akoma mu. Nso monsiesie mo ho daa, sɛ mobɛkyerɛ obiara a ɔbisa mo anidasoɔ a ɛwɔ mo mu no aseɛ,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan