Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Asomafo 21:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 Na ɔwɔ mma, mmaabunu baanan a wɔhyɛ nkɔm.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 Na ɔwɔ mma, mmaabunu baanan a wɔhyɛ nkɔm.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Na Filipo wɔ mmabea baanan a wɔnwaree ɛ, na wɔhyɛ nkɔm.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Na Filipo wɔ mma mmaabunu baanan bi a na wɔhyɛ nkɔm.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 Na ɔwɔ mma, mmaabun baanan, a wɔhyɛ nkɔm.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Asomafo 21:9
13 Iomraidhean Croise  

Na Ɔsɔfoɔ Hilkia ne Ahikam ne Akbor ne Safan ne Asaia kɔɔ Odiyifoɔ baa Hulda a ɔyɛ Harhas ba Tikwa ba, ntadeɛ sohwɛfoɔ Salum yere nkyɛn, (nso na ɔte Yerusalem Fa a ɛtɔ so Mmienu mu), na wɔne no kasae.


Me Nyankopɔn, kae Tobia ne Sanbalat sɛdeɛ wɔn nnwuma yi teɛ, ne Odiyifoɔ baa Noadia nso ne adiyifoɔ no a anka wɔrepɛ ayi me hu no.


Na odiyifoɔ baa Miriam a ɔyɛ Aaron nua no faa akasae kurae, na mmaa no nyinaa de akasae ne asa firi dii n’akyi.


Na wo, onipa ba yi w’ani sa wo man mmaa a wɔfiri wɔn adwene mu hyehyɛ nkɔm no, na hyɛ wɔn ho nkɔm sɛ:


Na yei akyiri no, mɛhwie me honhom agu honam nyinaa so, na mo mmabanin ne mo mmammaa ahyɛ nkɔm, na mo mpanimfoɔ asoso daeɛ, na mo mmeranteɛ ahuhunu anisoadeɛ,


Na odiyifoɔ baa bi a wɔfrɛ no Hana wɔ hɔ. Ɔyɛ Fanuel ba a ɔfiri Aser abusuakuo mu. Wanyini, na ɔwaree ne mmabaaberɛ mu ne ne kunu tenaa mfirinhyia nson.


Nso asafo a ɛwɔ Antiokia no, na adiyifoɔ ne akyerɛkyerɛfoɔ bi wɔ mu, wɔne Barnaba ne Simeon a wɔfrɛ no Niger, ne Kireneni Lukio, ne Manaen a wɔtetee no ne Ɔmansinihene Herode, ne Saulo.


sɛ Onyankopɔn se: Na ɛbɛba sɛ nna a ɛdi akyire no mu no, mɛhwie me Honhom no magu honam nyinaa so, na mo mmammarima ne mo mmammaa ahyɛ nkɔm, na mo mmeranteɛ ahunhunu anisoadeɛ, na mo mpanimfoɔ asoso daeɛ;


Enti deɛ ɔware n’asiwa no yɛ no yie, na deɛ ɔnwareɛ no yɛ no yie kɛseɛ.


Nanso mewɔ wo ho asɛm, sɛ woma ɔbaa Isebel a ɔfrɛ ne ho sɛ odiyifoɔ no kwan sɛ ɔnkyerɛkyerɛ na ɔnnaadaa me nkoa na wɔmmɔ adwaman na wɔnni nam a wɔakum ama abosom.


Nso Odiyifoɔbaa Debora a ɔyɛ Lapidot yere na na ɔbu Israel atɛn saa berɛ no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan