Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Asomafo 21:7 - New Revised Asante Twi Bible

7 Na yɛfiri Tiro faa nsuo ani bɛduruu Ptolemai; na yɛkɔkyeaa anuanom no, yɛtenaa wɔn nkyɛn da koro.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

7 Na yɛfiri Tiro faa nsuo ani bɛduruu Ptolemai; na yɛkɔkyeaa anuanom no, yɛtenaa wɔn nkyɛn da koro.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Yefi Tiro no, yɛtoaa yɛn akwantu no so faa nsu ani koduu Ptolemai. Yeduu hɔ no yekokyiaa asuafo a wɔwɔ hɔ no dii wɔn nkyɛn da koro.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Yɛfiri Tiro no, yɛtoaa yɛn akwantuo no so faa nsuo ani kɔduruu Ptolemai. Yɛduruu hɔ no, yɛkɔkyeaa asuafoɔ a wɔwɔ hɔ no dii wɔn nkyɛn da koro.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 Na yefi Tiro faa nsu ani beduu Ptolemai; na yekokyiaa anuanom no, yɛtenaa wɔn nkyɛn da koro.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Asomafo 21:7
13 Iomraidhean Croise  

Na sɛ mokyea mo nuanom nko ara a, ɛdeɛn na na moayɛ aboro soɔ? Togyefoɔ nso nyɛ saa anaa?


Na nna yi mu Petro sɔre gyinaa anuanom no mfimfini (na nkurɔfokuo a wɔahyia faako no bɛyɛ nnipa ɔha aduonu) na ɔkaa sɛ:


Afei na Herode afa Tirofoɔ ne Sidonfoɔ ho abufuo; enti wɔyɛɛ nokorɔ baa ne nkyɛn, na wɔde bɛbɔɔ ɔhene dabehene Blasto so sɛ ɔnsrɛ amannwoeɛ mma wɔn, ɛfiri sɛ ɔhene no asase so na wɔnya nnuane.


Na ɔsii fam wɔ Kaesarea no, ɔkɔɔ Yerusalem kɔkyeaa asafo no, na ɔsane kɔɔ Antiokia.


Na yɛdii hɔ nna kakra no, odiyifoɔ bi a ne din de Agabo firi Yudea bae;


Na yɛduruu Yerusalem no, anuanom no gyee yɛn fɛ so.


Na ɔkyeaa wɔn no, ɔkaa deɛ Onyankopɔn nam ne som so ayɛ amanaman no mu no mmaako mmaako kyerɛɛ wɔn.


Na yɛn ani tua Kipro no, yɛgya too benkum kɔɔ Siria, na yɛkɔsii fam Tiro; ɛfiri sɛ ɛhɔ na na suhyɛn no rekɔyi n’adesoa aguo.


Na nna bi twaa mu no, Ɔhene Agripa ne Berenike baa Kaesarea bɛkyeaa Festo.


Na yɛkɔgyinaa Sirakuse no, yɛdii hɔ nnansa.


Monkyea mo mpanimfoɔ nyinaa ne ahotefoɔ nyinaa. Wɔn a wɔfiri Italia kyea mo.


Na wɔbɛkyea wo, na wɔama wo paanoo mmienu na woagye wɔ wɔn nsam.


Na hwɛ, ɔwiee ɔhyeɛ afɔdeɛ no bɔ ara pɛ, na Samuel baeɛ; na Saulo firii adi sɛ ɔrekɔhyia no akyea no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan