Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Asomafo 21:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 Na yɛwiee nna no die no, yɛfirii hɔ tuu yɛn kwan, na wɔn nyinaa ne wɔn yerenom ne wɔn mma bɛgyaa yɛn kwan de kɔsii sɛ yɛfirii kuro no mu, na yɛkotoo mpoano hɔ bɔɔ mpaeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 Na yɛwiee nna no die no, yɛfirii hɔ tuu yɛn kwan, na wɔn nyinaa ne wɔn yerenom ne wɔn mma bɛgyaa yɛn kwan de kɔsii sɛ yɛfirii kuro no mu, na yɛkotoo mpoano hɔ bɔɔ mpaeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Nanso bere duu sɛ ɛsɛ sɛ yefi hɔ no, yegyaw wɔn hɔ kɔe. Asuafo no nyinaa ne wɔn yerenom ne wɔn mma kogyaa yɛn kwan koduu mpoano. Yeduu hɔ no yɛn nyinaa buu nkotodwe bɔɔ mpae.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Nanso, ɛberɛ duruu sɛ ɛsɛ sɛ yɛfiri hɔ no, yɛgyaa wɔn hɔ kɔeɛ. Asuafoɔ no nyinaa ne wɔn yerenom ne wɔn mma kɔgyaa yɛn kwan kɔduruu mpoano. Yɛduruu hɔ no, yɛn nyinaa buu nkotodwe bɔɔ mpaeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 Na yewiee nna no di no, yefii hɔ tuu yɛn kwan, na wɔn nyinaa ne wɔn yerenom ne wɔn mma begyaa yɛn kwan de kosii sɛ yefii kurow no mu, na yɛkotow mpoano hɔ bɔɔ mpae.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Asomafo 21:5
15 Iomraidhean Croise  

Na Salomo wiee mpaeɛ a ɔbɔɔ AWURADE ne nkotosrɛ yi nyinaa no, ɔsɔre firii afɔrebukyia no anim, na ɔgyaee ne nankoroma anim kotoɔ ne ne nsam trɛ a ɔtrɛ kyerɛɛ ɔsoro no.


Na Yudafoɔ nyinaa gyinagyina AWURADE anim, wɔn ne wɔn mma nketewa, wɔn yerenom ne wɔn mma.


Na wɔbobɔɔ afɔdeɛ akɛseɛ da no, na wɔn ani gyee, ɛfiri sɛ Onyankopɔn de anigyeɛ kɛseɛ agye wɔn ani; na mmaa ne mmɔfra nso ani gyee, na wɔtee Yerusalem anigyeɛ no nka akyirikyiri.


Mommra mma yɛmmutu nkoto nsɔre AWURADE, yɛn yɛfoɔ anim.


Na wɔn a wɔdiiɛ no bɛyɛ mmarima mpemnum, mmaa ne mmɔfra nka ho.


Na ɔkwatani bi baa ne nkyɛn bɛsrɛɛ no, na ɔkotoo no, see no sɛ: Sɛ wopɛ a, wobɛtumi ama me ho afi.


Na ɔtwee ne ho firii wɔn nkyɛn bɛyɛ sɛ deɛ wɔto ɔboɔ a, ɛbɛtɔ no, ɔkotoo ne nan anim bɔɔ mpaeɛ


Na asafo no gyaa wɔn kwan no, wɔkɔfaa Foinike ne Samaria kaa amanaman no adwensakyera ho asɛm, na wɔmaa anuanom no nyinaa ani gyee kɛseɛ.


Na ntɛm ara anuanom no gyaa Paulo ne Silas kwan anadwo kɔɔ Beroia; na wɔduruu hɔ no, wɔkɔɔ Yudafoɔ hyiadan mu.


Na ɔkaa saa no, ɔkotoo ne nankoroma anim ne wɔn nyinaa bɔɔ mpaeɛ.


Na deɛ ɛyɛɛ wɔn ya bebrebe ne asɛm a ɔkaa sɛ wɔrenhunu n’anim bio no. Na wɔkɔgyaa no kwan wɔ suhyɛn no mu.


Na Petro pamoo wɔn nyinaa firii adie no, ɔkotoo ne nan anim bɔɔ mpaeɛ, na ɔdanee n’ani kyerɛɛ amu no, na ɔse: Tabita, sɔre! Na ɔtee n’ani, na ɔhunuu Petro no, ɔsɔre tenaa ase.


Na sɛ ɛnyɛ wɔ mo ani so sɛ mobɛsom AWURADE a, ɛnneɛ ɛnnɛ monyi deɛ mobɛsom no mfa, sɛ anyame a mo agyanom someeɛ a wɔwɔ asuogya no oo, sɛ Amorifoɔ a mote wɔn asase soɔ yi anyame oo, na me ne me fie deɛ, yɛbɛsom AWURADE.


Deɛ Mose hyɛeɛ no nyinaa mu asɛm biara nni hɔ a Yosua ankenkan no Israel dwabɔ nyinaa ne mmaa ne mmɔfra ne ɔhɔhoɔ a ɔnam wɔn mu no anim.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan