Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Asomafo 21:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Na yɛkɔhunuu asuafoɔ no no, yɛtenaa hɔ nnanson, na wɔnam Honhom no so ka kyerɛɛ Paulo sɛ ɔnnkɔ Yerusalem.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Na yɛkɔhunuu asuafoɔ no no, yɛtenaa hɔ nnanson, na wɔnam Honhom no so ka kyerɛɛ Paulo sɛ ɔnnkɔ Yerusalem.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Yehuu asuafo bi wɔ hɔ tenaa wɔn nkyɛn dii nnaawɔtwe. Asuafo no nam Honhom Kronkron adiyi so bɔɔ Paulo kɔkɔ sɛ ɔnkɔ Yerusalem.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Yɛhunuu asuafoɔ bi wɔ hɔ tenaa wɔn nkyɛn dii nnawɔtwe. Asuafoɔ no nam Honhom Kronkron adiyie so bɔɔ Paulo kɔkɔ sɛ ɔnnkɔ Yerusalem.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Na yekohuu asuafo no no, yɛtenaa hɔ nnansɔn, na wɔnam Honhom no so ka kyerɛɛ Paulo sɛ ɔnnkɔ Yerusalem.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Asomafo 21:4
11 Iomraidhean Croise  

Na kuro anaa akuraa biara a mobɛhyɛne mu no, mommisa deɛ ɔfata wɔ hɔ, na ɛhɔ na montena nkɔsi sɛ mobɛfiri hɔ akorɔ.


na ɔhunuu no no, ɔde no baa Antiokia. Na wɔne asafo no bɛtenae afirinhyia mu, na wɔkyerɛkyerɛɛ nkurɔfoɔ bebree. Antiokia na wɔdii kan too asuafoɔ no din Kristofoɔ.


Na ɛbaa sɛ berɛ a Apolo wɔ Korinto no, Paulo kyinii amantifi asase so, na ɔbɛduruu Efeso; na ɔbɛtoo asuafoɔ bi no,


Na Kaesarea asuafoɔ no mu bi nso ne yɛn kɔe, na wɔde yɛn baa Mnason, Kiproni bi a ɔyɛ osuani dada, nkyɛn sɛ yɛnkɔtena hɔ.


Ɛhɔ na yɛhunuu anuanom bie, na wɔsrɛɛ yɛn sɛ yɛntena wɔn nkyɛn nnanson. Na yɛfiri hɔ kɔduruu Roma.


Na me na mɛkyerɛ no amaneɛ pii a me din nti ɛsɛ sɛ ɔhunu.


Na ɔbaa Roma no, ɔbɔɔ mmɔden hwehwɛɛ me, na ɔhunuu me.


Mewɔ honhom mu, Awurade da no, na metee nne kɛseɛ bi wɔ m’akyiri sɛ totorobɛnto


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan