Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Asomafo 20:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Na Beroiani Sopater, Piro ba, ne Tesalonikafoɔ Aristarko ne Sekundo ne Derbeni Gaio ne Timoteo ne Asiafoɔ Tihiko ne Trofimo ka ne ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Na Beroiani Sopater, Piro ba, ne Tesalonikafoɔ Aristarko ne Sekundo ne Derbeni Gaio ne Timoteo ne Asiafoɔ Tihiko ne Trofimo ka ne ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Piro a ofi Beroia no ba Sopater ne Paulo na wɔkɔe. Wɔn a wɔka ne ho kɔe no nso bi ne Aristarko ne Sekundo a wofi Tesalonika ne Gaio a ofi Derbe ne Timoteo ne Tihiko ne Trofimo a wofi Asiaman mu no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Piro a ɔfiri Beroia no ba Sopater ne Paulo na ɛkɔeɛ. Wɔn a wɔka ne ho kɔeɛ no nso bi ne Aristarko ne Sekundo a wɔfiri Tesalonika ne Gaio a ɔfiri Derbe ne Timoteo ne Tihiko ne Trofimo a wɔfiri Asiaman mu no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Na Beroiani Sopater, Piro ba, ne Tesalonikafo Aristarko ne Sekundo ne Derbeni Gaio ne Timoteo ne Asiafo Tikiko ne Trofimo ka ne ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Asomafo 20:4
29 Iomraidhean Croise  

Na asuafoɔ no bɛtwaa ne ho hyiaeɛ no, ɔsɔre kɔɔ kuro no mu. Na adeɛ kyeeɛ no, ɔne Barnaba firii hɔ kɔɔ Derbe.


wɔhunui, na wɔdwane kɔɔ Likaonia nkuro Listra ne Derbe ne asase a ɛda ho no so;


Na Paulo kɔduruu Derbe ne Listra nso, baabi a na osuani bi wɔ hɔ a ne din de Timoteo a ɔyɛ Yudani baa bi a ɔyɛ gyidini ba, nanso n’agya yɛ Helani.


Na wɔtwaa mu Frigia ne Galatia asase so, ɛfiri sɛ Honhom Kronkron sii wɔn kwan sɛ wɔnnka asɛm no Asia.


Na wɔtwaa mu wɔ Amfipoli ne Apolonia baa Tesalonika; ɛhɔ na Yudafoɔ hyiadan wɔ.


Na Yudafoɔ a wɔfiri Tesalonika no tee sɛ Paulo akɔka Nyankopɔn asɛm Beroia nso no, wɔbaa hɔ bɛhwanyanee ɛhɔfoɔ no nso.


Na basabasa hyɛɛ kuro no ma, na wɔde adwenkorɔ bɔɔ kirididi kɔɔ ahwɛeɛ kɔkyeree Makedoniafoɔ Gaio ne Aristarko a wɔne Paulo nam no.


Partifoɔ ne Mediafoɔ ne Elamfoɔ ne wɔn a wɔte Mesopotamia ne Yudea ne Kapadokia, Ponto ne Asia,


Na Paulo aka sɛ ɔbɛsiane Efeso ho, na wankɔkyɛre Asia; ɛfiri sɛ na ɔrepɛ ntɛm, na sɛ ɔbɛtumi a, wakɔduru Yerusalem Pentekoste da.


Na wɔbaa ne nkyɛn no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monim sɛdeɛ ɛfiri da a ɛdi kan a mebaa Asia no, me ne mo tenaa berɛ no nyinaa mu,


Nso wɔhunuu ɔne Efesoni Trofimo wɔ kuro mu hɔ kane, enti wɔdwenee sɛ gyama Paulo de no akɔ asɔrefie hɔ.


Na yɛkɔɔ Adramitio suhyɛn bi a ɛrebɛkɔ Asia fam mu no, yɛtui, na Makedoniani Aristarko a ɔfiri Tesalonika ka yɛn ho.


Me yɔnko dwumayɛfoɔ Timoteo ne m’abusuafoɔ Lukio, Yason ne Sosipatro kyea mo.


Gaio a ɔyɛ me ne asafo no nyinaa fiewura kyea mo. Erasto a ɔyɛ kurom ha sikakorafoɔ ne onua Kwarto kyea mo.


Paulo a ɔnam Nyankopɔn pɛ so yɛ Yesu Kristo somafoɔ ne onua Timoteo de kɔma Nyankopɔn asafo a ɛwɔ Korinto ne ahotefoɔ nyinaa a wɔwɔ Akaia man nyinaa mu.


Na Nyankopɔn ba Kristo Yesu a me ne Silwano ne Timoteo kaa ne ho asɛm mo mu no, anyɛ aane ne dabi, na aane mmom na ɛwɔ ne mu.


Na deɛ ɛbɛyɛ na mo nso moate me ho asɛm sɛdeɛ meteɛ no, onua dɔfo ne Awurade mu somfo nokwafoɔ Tihiko bɛma moahunu ne nyinaa.


Nanso m’ani da so, Awurade Yesu mu, sɛ ɛrenkyɛre koraa mɛsoma Timoteo ama no aba mo nkyɛn, na sɛ mete mo nka a, me ho nso atɔ me.


Aristarko, me yɔnko dommum ne Barnaba wɔfase Marko a monyaa ne ho nkra no, (sɛ ɔba mo nkyɛn a, monnye no fɛ so).


Tihiko, onua dɔfo a ɔyɛ ɔsomfoɔ nokwafoɔ ne m’awurakwaa Awurade mu no bɛba abɛka me ho nsɛm nyinaa akyerɛ mo.


Paulo, Kristo Yesu somafoɔ, sɛdeɛ yɛn Agyenkwa Nyankopɔn ne Awurade Kristo Yesu a ɔno ne yɛn anidasoɔ no hyɛeɛ no,


de kɔma ne dɔba Timoteo: Adom, mmɔborɔhunu, asomdwoeɛ mfiri Agya Nyankopɔn ne yɛn Awurade Kristo Yesu hɔ nka wo!


Tihiko deɛ, masoma no Efeso.


Erasto kaa Korinto, na megyaa Trofimo wɔ Mileto a na ɔyare.


Sɛ mesoma Artema anaa Tihiko wɔ wo nkyɛn a, bɔ mmɔden bra me nkyɛn wɔ Nikopoli, na ɛhɔ na mabɔ me tirim sɛ merekɔdi awɔ berɛ.


Marko, Aristarko, Dema ne Luka, me yɔnkonom adwumayɛfoɔ, kyeakyea wo.


Me, ɔpanin no twerɛ kɔma ɔdɔfo Gaio a medɔ no nokorɛ mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan