Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Asomafo 20:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Na gyegyeegye no gyaeeɛ no, Paulo frɛɛ asuafoɔ no baa ne nkyɛn, na ɔtuu wɔn fo kraa wɔn firii hɔ sɛ, ɔrekɔ Makedonia.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Na gyegyeegye no gyaeeɛ no, Paulo frɛɛ asuafoɔ no baa ne nkyɛn, na ɔtuu wɔn fo kraa wɔn firii hɔ sɛ, ɔrekɔ Makedonia.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Basabasayɛ yi akyi no, Paulo frɛɛ asuafo no kaa nsɛm de hyɛɛ wɔn nkuran, kraa wɔn fii hɔ kɔɔ Makedonia.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Basabasayɛ yi akyi no, Paulo frɛɛ asuafoɔ no kaa nsɛm de hyɛɛ wɔn nkuran, kraa wɔn firii hɔ kɔɔ Makedonia.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Na gyegyeegye no gyaee no, Paulo frɛɛ asuafo no baa ne nkyɛn, na otuu wɔn fo kraa wɔn fii hɔ sɛ ɔrekɔ Makedonia.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Asomafo 20:1
20 Iomraidhean Croise  

Na enyini nti, na Israel ani so ayɛ no kusukusu a ɔnhunu adeɛ yie. Na ɔde wɔn pinii ne nkyɛn; na ɔfee wɔn ano yɛɛ wɔn atuu.


na ɔhunuu no no, ɔde no baa Antiokia. Na wɔne asafo no bɛtenae afirinhyia mu, na wɔkyerɛkyerɛɛ nkurɔfoɔ bebree. Antiokia na wɔdii kan too asuafoɔ no din Kristofoɔ.


Na yɛfirii hɔ kɔɔ Filipi a ɛyɛ Makedonia mansini kuropɔn mu. Na yɛdii kuro yi mu nna kakra.


Na anadwo no, Paulo hunuu anisoadeɛ sɛ ɔbarima bi a ɔfiri Makedonia gyina hɔ resrɛ no sɛ: Twa mu bra Makedonia bɛboa yɛn!


Na wɔwiee yeinom no, Paulo bɔɔ ne tiri mu sɛ ɔbɛfa Makedonia ne Akaia akɔ Yerusalem, na ɔse: Meduru hɔ a, akyire yi ɛtwa sɛ mekɔhunu Roma nso.


Na Paulo siane kɔbutuu ne so, na ɔyɛɛ no atuu kaa sɛ: Monnha mo ho, na nkwa da so ara wɔ ne mu.


Na ɔtwaa mu hɔnom de nsɛm pii tuu wɔn fo, na ɔbaa Hela.


Na ɔdii hɔ abosome mmiɛnsa; na ɔreyɛ atu akɔ Siria no, na Yudafoɔ retɛ no nti, ɔpatu sane bɛfaa Makedonia.


Na wɔn nyinaa suu pii, na wɔsosɔɔ Paulo kɔn fee n’ano.


nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ tumi so, Honhom tumi so; na maka Kristo asɛmpa no awie firi Yerusalem ne nkuro a atwa ho ahyia so akɔduru Iliriko.


Momfa mfeano kronkron nkyeakyea mo ho. Kristo asafo nyinaa kyeakyea mo.


Anuanom nyinaa kyea mo. Momfa mfeano kronkron nkyeakyea mo ho.


Na metwa mu Makedonia a, mɛba mo nkyɛn; ɛfiri sɛ Makedonia na merekɔfa.


Momfa mfeano kronkron nkyeakyea mo ho.


Na yɛbaa Makedonia no nso, yɛn honam annya ahome biara, na mmom yɛn ho hiahiaa yɛn afa nyinaa: Ɔko atwa yɛn ho ahyia, na ehu ahyɛ yɛn mu ma;


Momfa mfeano kronkron nkyeakyea anuanom nyinaa.


Sɛdeɛ merekɔ Makedonia mesrɛɛ wo sɛ tena Efeso na woatu nnipa bi fo, sɛ wɔnnkyerɛ nkyerɛkyerɛ foforɔ,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan