Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Asomafo 2:42 - New Revised Asante Twi Bible

42 Na wɔkura asomafoɔ no nkyerɛkyerɛ ne ayɔnkofa ne paanoobubuo ne mpaebɔ mu ara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

42 Na wɔkura asomafoɔ no nkyerɛkyerɛ ne ayɔnkofa ne paanoobubuo ne mpaebɔ mu ara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

42 Daa na wɔde wɔn adagyew nyinaa sua asomafo no nkyerɛkyerɛ. Wɔne wɔn nyaa ayɔnkofa, hyia didi bɔɔ mu ne wɔn bɔɔ mpae.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

42 Daa na wɔde wɔn adagyeɛ nyinaa sua asomafoɔ no nkyerɛkyerɛ. Wɔne wɔn nyaa ayɔnkofa, hyia didi bɔɔ mu ne wɔn bɔɔ mpaeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

42 Na wokura asomafo no nkyerɛkyerɛ ne ayɔnkofa ne abodoo bubu ne mpaebɔ mu ara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Asomafo 2:42
35 Iomraidhean Croise  

Na ɛbaa sɛ ɔne wɔn te adidiiɛ no, ɔfaa paanoo hyiraa so, na ɔbubu de maa wɔn.


Na baanu no nso kaa deɛ ɛsii kwan mu ne sɛdeɛ wɔhunuu no paanoobubuo mu no kyerɛɛ wɔn.


Na yeinom nyinaa de akoma korɔ kura mpaebɔ mu ara, wɔne mmaa no ne Maria, Yesu ne na ne ne nuanom.


Na ɔbaeɛ na ɔbɛhunuu Nyankopɔn adom no, n’ani gyee, na ɔtuu wɔn nyinaa fo sɛ wɔnsi wɔn adwene pi mmata Awurade ho.


hyehyɛɛ asuafoɔ no akra den, tutuu wɔn fo sɛ wɔntena gyidie mu, kaa nso sɛ ɛtwa sɛ yɛnam amanehunu pii mu kɔ Nyankopɔn ahennie mu.


Na daa wɔde akoma korɔ hyiaa mu wɔ asɔrefie, na wɔbubuu paanoo afie mu de ahosan ne akoma kronn dii wɔn aduane,


Na ɔforo bae, na ɔbubuu paanoo, na ɔdiiɛ no, ɔtoaa so kasae ara kɔsii adekyeeɛ, na ɔfirii hɔ kɔeɛ.


Na nnawɔtwe mu da a ɛdi kan no a yɛhyiaa sɛ yɛrebubu paanoo no, Paulo kasa kyerɛɛ wɔn, ɛfiri sɛ adeɛ kye a, ɔbɛkɔ, na ɔtoaa asɛm no so ara kɔsii ɔdasuo mu.


Na wɔgyaa wɔn no, wɔbaa wɔn ara wɔn fekuo mu, na wɔbɛkaa deɛ asɔfoɔ mpanimfoɔ ne mpanimfoɔ no ka kyerɛɛ wɔn no nyinaa.


Na wɔwiee mpaebɔ no, faako a wɔhyiaeɛ hɔ wosoee, na Honhom Kronkron hyɛɛ wɔn nyinaa ma, na wɔde akokoɔduro kaa Nyankopɔn asɛm.


na yɛn deɛ, yɛbɛkɔ so ara akura mpaebɔ ne anyamesɛm no som mu.


Momma mo ani nnye anidasoɔ mu, ahohia mu monto mo bo ase, monkura mpaebɔ mu ara!


Montumi nnom Awurade kuruwa ano ne ahonhommɔne kuruwa ano; montumi nnidi Awurade pono so ne ahonhommɔne pono so.


Na meyi mo ayɛ sɛ mokae me adeɛ nyinaa mu, na mokura atetesɛm a mede mehyɛɛ mo nsa no mu.


Na afei, anuanom, sɛ meba mo nkyɛn mebɛkasa kasa ahodoɔ, na me ne mo ankasa adiyie anaa nimdeɛ anaa nkɔmhyɛ anaa nkyerɛkyerɛ mu a, mfasoɔ bɛn na mobɛnya no me ho?


Ɛyɛ me nwanwa sɛ moatwe mo ho ntɛm saa afiri deɛ wafrɛ mo Kristo adom mu no ho kɔ asɛmpa foforɔ bi mu


Wɔde mo asi asomafoɔ ne adiyifoɔ fapem a Kristo Yesu no ara ne tweaso tiboɔ titire no so.


na momfa mpaebɔ ne nkotosrɛ nyinaa mmɔ mpaeɛ daa honhom mu, na ɛno ara nti monwɛn, na montoa so ara nsrɛ mma ahotefoɔ nyinaa,


mo ayɔnkofa a mowɔ no asɛmpa no fam firi da a ɛdi kan de abɛduru nnɛ yi nti;


nanso gye sɛ mokɔ so ara tena gyidie no mu, gyina mo fapem no so pintinn a momma wɔntwe mo mfiri asɛmpa no anidasoɔ a moteeɛ a wɔaka no wiase abɔdeɛ nyinaa mu, a me Paulo mayɛ ho somfoɔ no ho.


Monkura mpaebɔ mu ara, na momfa aseda nwɛn wɔ mu.


Na wo deɛ, tena deɛ woasua no na woahunu afiri nokorɛ no mu. Wonim onii ko a wosua firii ne nkyɛn no,


Na mommma yɛnnnyae yɛn ho yɛn ho nhyiamu, sɛdeɛ ebinom yɛ no, na mmom momma yɛntutu yɛn ho yɛn ho fo, berɛ dodoɔ a mohunu sɛ Ɛda no rebɛn.


Na yɛn deɛ, yɛmfra wɔn a wɔtwe wɔn ho kɔ ɔsɛeɛ mu mu, na mmom yɛfra wɔn a wɔgye die na wɔkɔ nkwagyeɛ mu mu.


deɛ yɛahunu na yɛateɛ no na yɛka kyerɛ mo nso, na mo nso ne yɛn anya ayɔnkofa; na yɛn ayɔnkofa no, yɛne Agya no ne ne Ba Yesu Kristo na ɛwɔ.


Na sɛ yɛnam hann mu sɛ ɔno wɔ hann mu no a, na yɛwowɔ ayɔnkofa wɔ yɛn ntɛm, na ne Ba Yesu mogya te yɛn ho firi bɔne nyinaa mu.


Wɔfiri yɛn mu na ɛkɔeɛ deɛ, nanso wɔnka yɛn ho, na sɛ wɔka yɛn ho a, anka wɔne yɛn tenaa hɔ. Na ɛyɛɛ saa na wɔada adi sɛ wɔn nyinaa nka yɛn ho.


Na mo, adɔfo deɛ, momfa mo ho nsi mo gyidie kronkron no so mmɔ mpaeɛ Honhom Kronkron tumi mu;


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan